Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Elias Hutter ne Hebri Bible Ahorow a Ɔyɛe a Ɛda Nsow No

Elias Hutter ne Hebri Bible Ahorow a Ɔyɛe a Ɛda Nsow No

WUBETUMI akenkan Hebri kasa a wɔde kyerɛw Bible no anaa? Ebia worentumi nkenkan. Ebi mpo a, wunhuu Hebri Bible da. Ɔbenfo Elias Hutter tenaa ase bɛyɛ mfe 500 a atwam ni. Ɔyɛɛ Hebri Bible nkyerɛase mmienu. Sɛ wusua ne ho asɛm a, ɛbɛma woanya anisɔ kɛse ama wo Bible a wukura no.

Wɔwoo Elias Hutter afe 1553 wɔ Görlitz. Ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Germany ne Poland ne Czech Republic hye so. Ɔkɔɔ Luther Suapɔn a ɛwɔ Jena kosuaa kasa ahorow a wɔka wɔ Middle East. Aka kakra ama wadi mfe 24 no, wɔbɔɔ n’aba so sɛ Hebri kasa ho ɔbenfo wɔ Leipzig. Ná Hutter pɛ sɛ nhomasua kɔ nkan, enti akyiri yi, ɔtew sukuu bi wɔ Nuremberg. Wɔn a wɔkɔɔ sukuu wɔ hɔ no, na wotumi de mfe nnan sua Hebri, Greek, Latin, ne German kasa. Saa bere no, na sukuu anaa suapɔn foforo biara nni hɔ a obi betumi de mfe nnan ayɛ saa.

“SAA NKYERƐASE YI YƐ SORONKO”

Hutter Hebri Bible a ɔyɛɛ no afe 1587; kratafa a nhoma no din wɔ

Nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no, afe 1587 mu no, Hutter kyerɛɛ ase kɔɔ Hebri kasa mu. Ɔtoo saa nkyerɛase yi din Derekh ha-Kodesh. Ɔfaa saa din no fii Yesaia 35:8. Edin no nkyerɛase ne “Ɔkwan Kronkron.” Saa nkyerɛase no mu nkyerɛwee yɛ fɛ. Enti sɛ nkurɔfo kaa sɛ “biribiara di adanse sɛ saa nkyerɛase yi yɛ soronko” a, na wodi ka. Nanso nea ɛma Bible yi di mu paa ne sɛnea na ɛboa sukuufo ma wotumi sua Hebri kasa no.

Obi a na ɔpɛ sɛ osua Hebri kasa no, sɛ ɔrekenkan Bible wɔ Hebri mu a, ohyia nsɛnnennen bi. Ma yɛnhwɛ emu mmienu. Ɛbɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a na mfaso wɔ Hebri Bible a Hutter yɛe no so. Nea edi kan, emu nkyerɛwde no yɛ soronko koraa. Nea ɛto so mmienu, na nkyerɛwde a wɔde di nsɛmfua anim ne nkyerɛwde a wɔde di nsɛmfua akyi no, ɛma ɛyɛ den sɛ wobɛte asɛmfua no ase. Yɛnhwɛ Hebri asɛmfua נפשׁ (sɛ wɔkyerɛw no sɛnea yɛbɔ no a, ɛyɛ ne’phesh); ase ne “ɔkra.” Wohwɛ Hesekiel 18:4 a, wubehu asɛmfua yi wɔ hɔ. Wɔde nkyerɛwde ה (ha), a ɛkyerɛ “no,” adi asɛmfua no anim ama ayɛ הנפשׁ (han·ne’phesh), a ɛkyerɛ “ɔkra no.” Enti obi a onnim Hebri kasa no, sɛ ohu הנפשׁ (han·ne’phesh) a, obesusuw sɛ ɛyɛ asɛmfua foforo koraa.

Nea ɛbɛyɛ na Hutter aboa ne sukuufo no, ɔfaa kwan bi a na eye paa so tintim Hebri nkyerɛwde no. Nkyerɛwde bi wɔ hɔ a, wohwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ nea ntokuru deda mu. Ebi nso deɛ, ntokuru nnim. Sɛ ɔrekyerɛw asɛmfua bi na ɛwɔ nsianim ne nsiakyiri a, ɔma tokuru deda nsianim ne nsiakyiri no mu. Nanso asɛmfua no ankasa deɛ, ɔmma tokuru nneda mu. Saa ɔkwantiaa a ɔfaa so yɛɛ ne nkyerɛase no ma ɛyɛɛ mmerɛw maa adesuafo no sɛ wobehu nsɛmfua a ɛyɛ Hebri ankasa. Ɛboaa adesuafo no ma wotumi suaa kasa no. New World Translation of the Holy Scriptures—With References no, wɔfaa saa kwan yi so na ɛyɛɛ ase hɔ nsɛm a ɛwɔ mu no. * Asɛmfua a ɛwɔ nsianim ne nsiakyiri no, wɔde nkyerɛwde tuntum na akyerɛw nsianim ne nsiakyiri no. Nanso asɛmfua no ankasa deɛ, wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse na akyerɛw. Nkyerɛwde a ɛwɔ mfonini no mu no, ne fã bi yɛ Hesekiel 18:4. Ɛma yehu nkyerɛwde soronko a Hutter de yɛɛ Hebri Bible nkyerɛase no, ne nea wɔde yɛɛ Hesekiel 18:4 ase hɔ asɛm a ɛwɔ Reference Bible no mu no.

“APAM FOFORO” NO NKYERƐASE A ƐWƆ HEBRI MU

Afei nso, nea wɔtaa frɛ no Apam Foforo no, Hutter tintim bi. Ná ɛyɛ nhoma baako nanso kasa 12 na ɛwɔ mu. Saa nkyerɛase no, wɔyɛɛ no afe 1599 mu wɔ Nuremberg. Wɔtaa frɛ saa nkyerɛase no Nuremberg Polyglot. Ná Hutter pɛ sɛ ɔde Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔakyerɛ ase akɔ Hebri mu nso ka ho. Nanso ɔkaa sɛ, sɛ “otuaa wiase sika nyinaa” mpo de gyee saa Hebri nkyerɛase no a, anka nhwehwɛmu a ɔyɛe biara bɛyɛ kwa. * Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔno ankasa bɛkyerɛ Apam Foforo no ase afi Hela kasa mu akɔ Hebri kasa mu. Hutter gyaee nnwuma foforo biara a na ɔreyɛ, na ɔde afe baako pɛ yɛɛ nkyerɛase no nyinaa wiei!

Kristofo Hela Kyerɛwsɛm no a Hutter kyerɛɛ ase kɔɔ Hebri mu no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ eye? Afe 1891 no, Hebri kasa ho ɔbenfo Franz Delitzsch a na wonim no yiye no kyerɛwee sɛ: “Wohwɛ Hebri nkyerɛase a ɔyɛe no mu a, wubehu nsɛmfua bi a wontaa nte wɔ Kristofo mu. Ɛnnɛ koraa wubetumi de ayɛ nhwehwɛmu ma ayɛ yiye. Wohwɛ mu a, wubehu sɛ ɔde nsɛmfua a ɛfata paa na edii dwuma.”

ƐSO DA SO ARA WƆ MFASO

Nkyerɛase a Hutter yɛe no, wannya sika ahe biara amfi mu; ebetumi aba sɛ nkurɔfo antɔ ne nkyerɛase no papa. Nanso nkyerɛase a ɔyɛe no so aba mfaso paa de besi nnɛ. Nhwɛso bi ni: Apam Foforo a Hutter yɛe a ɛwɔ Hebri kasa mu no, William Robertson yɛɛ mu nsakrae, na ɔsan tintimii wɔ afe 1661 mu. Akyiri yi, Richard Caddick nso yɛɛ mu nsakrae tintimii wɔ afe 1798 mu. Bere a Hutter rekyerɛ ase afi Hela kasa mu akɔ Hebri kasa mu no, baabi a ohuu abodin Kyʹri·os (Awurade) ne The·osʹ (Onyankopɔn) no, ɔde “Yehowa” (יהוה, YHWH) hyɛɛ hɔ. Ɔyɛɛ saa wɔ baabiara a asɛm no fi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu tẽẽ anaa baabi a osusuw sɛ abodin no gyina hɔ ma Yehowa no. Ɛsɛ sɛ yɛma wei ho hia yɛn, efisɛ ɛwom sɛ Apam Foforo no nkyerɛase pii mfa Onyankopɔn din nni dwuma deɛ, nanso, Hutter nkyerɛase no yɛɛ saa, na ɛfoa so sɛ ɛfata sɛ yɛde Onyankopɔn din no san hyehyɛ mmeae a ɛfata wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.

Bere foforo a wubehu Onyankopɔn din Yehowa wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu anaa wobɛhwɛ ase hɔ asɛm wɔ Reference Bible mu no, kae Elias Hutter ne Hebri Bible ahorow a ɔyɛe a ɛda nsow no.

^ nky. 7 Hwɛ Hesekiel 18:4 ase hɔ asɛm a ɛto so mmienu ne “Appendix 3B” wɔ Reference Bible no mu.

^ nky. 9 Ɛda adi sɛ na abenfo bi adi kan akyerɛ Apam Foforo no ase akɔ Hebri kasa mu. Wɔn mu baako ne ɔsɔfo bi a ofi Byzantine a ne din de Simon Atoumanos. Simon yɛɛ ne nkyerɛase no bɛyɛ afe 1360. Ɔfoforo nso a ɔyɛɛ nkyerɛase no bi ne Germanni ɔbenfo Oswald Schreckenfuchs. Ɔno nso yɛɛ ne nkyerɛase no bɛyɛ afe 1565. Wɔantintim saa nkyerɛase no da, na seesei ayera.