Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TETE WƆ BI KA

“Wɔn a Wɔde Adwuma no Ahyɛ Wɔn Nsa”

“Wɔn a Wɔde Adwuma no Ahyɛ Wɔn Nsa”

BERE a mframa fae na osu tɔe nna pii akyi no, Dwoda, September 1, 1919, owia bɔe ma ewim yɛɛ hyew. Saa da no awia, wofii ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Wofii ase no, ná nhyiamfo a wɔwɔ asa a ɛfa nnipa 2,500 so no nnu 1,000. Nanso eduu anwummere no na nhyiamfo 2,000 abɛka ho. Ebinom de nhyɛmma ne kar bae, na ebinom nso hyɛɛ da yɛɛ nhyehyɛe de keteke bae. Eduu Benada no, na nnipa no adɔɔso araa ma wɔantumi antoa nhyiam no so wɔ asa no so. Enti wɔyɛɛ nea aka no wɔ abɔnten wɔ nnua akɛse bi ase.

Sɛ owia no hann fa nnua no nhaban a ayɛ kusuu no mu tɔ mmarima no ntade so a, na wɔn ntade no ayɛ te sɛ nea wɔadi adwini agu mu. Na mmea no hyehyɛ kyɛw a ntakra tuatua ho. Mframa bi bɔɔ brɛoo fii Ɔtare Erie so, na ɛmaa ntakra no wosowosowee. Onua bi kae sɛ: “Ɛte sɛ nea yɛwɔ turo fɛfɛ bi mu. Wohwɛ benkum na wohwɛ nifa a, wonte dede biara. Ná ɛte sɛ nea yɛafi wiase dedaw yi mu na yɛwɔ paradise.”

Baabi a wɔyɛɛ nhyiam no na ɛhɔ yɛ fɛ de, nanso nea ɛmaa ɛhɔ yɛɛ fɛ paa ne anuanom anim a na ayɛ sereserew no. Atesɛm krataa bi kae sɛ: “Wuhu sɛ wɔn nyinaa yɛ nkurɔfo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ koraa, nanso na wɔn ho yɛ anika, na na wɔn ani gye wɔn ho paa.” Mfe kakra a na atwam no, na Bible Asuafo no afa ɔhaw pii mu. Enti na wɔn ani agye paa sɛ wɔne wɔn nuanom Kristofo ahyiam. Ɔhaw a wohyiae no bi ni: wohyiaa ɔsɔretia wɔ ɔko mu; akasakasa a emu yɛ den kɔɔ so wɔ asafo ahorow mu; wɔtoo Brooklyn Betel mu; Ahenni no nti, wɔde anuanom pii koguu afiase. Wɔn mu bi ne anuanom baawɔtwe a na wodi asafo no anim no. Atumfoɔ no kae sɛ wɔnkɔda afiase mfe 20. *

Bible Asuafo no binom abam bui, na wɔn adwene tu frae ma wogyaee adansedi adwuma no. Nanso wɔn mu dodow no ara yɛɛ nea wobetumi biara de animia gyinaa atumfoɔ no ateetee ano. Bere bi, obi a ɔhwehwɛ nsɛm mu bisabisaa Bible Asuafo no nsɛm. Ɔkae sɛ, kɔkɔbɔ a emu yɛ den a yɛde ama Bible Asuafo no nyinaa akyi no, wɔn nyinaa kae sɛ “wɔbɛkɔ so aka Onyankopɔn asɛm no akosi awiei.”

Sɔhwɛ bere no nyinaa mu no, na Bible Asuafo a wodi nokware no “rehwɛ Awurade anim, . . . wɔbɔɔ mpae bere nyinaa de hwehwɛɛ Agya no akwankyerɛ.” Afei de, na wɔasan ahyiam wɔ Cedar Point nhyiam ase ama wɔn ani agye paa. Onuawa baako kaa asɛm a na ɛda anuanom dodow no ara koma so. Nea na wɔredwinnwen ho ne sɛnea na “wɔbɛsan abom ayɛ asɛnka adwuma no denneennen.” Ade a na ɛho hia wɔn paa ne asɛnka adwuma no a na wɔbɛsan afi ase no!

“GA”—ADWINNADE FOFORO!

Nnawɔtwe no nyinaa, na nhyiamfo no rebisabisa wɔn ho nea nkyerɛwde “GA” no kyerɛ. Ná wɔakyerɛw “GA” no agu nhyiam no program so, nkratasin a wɔde ma akwaaba, ne nkyerɛwee a ɛbobɔ nhyiam no ase baabiara so. Awiei koraa no, Fida a na ɛyɛ “Mfɛfo Adwumayɛfo Da” no, Joseph F. Rutherford maa nhyiamfo 6,000 no huu nea “GA” no kyerɛ. Ná egyina hɔ ma The Golden Age. Ɛyɛ nsɛmma nhoma foforo a na wɔde rebɛyɛ asɛnka adwuma no. *

Onua Rutherford kaa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm sɛ: “Gyidi a wɔwɔ nti, ɛmfa ho ɔhaw a wɔahyia nyinaa no, wɔhwɛ bere a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa befi hɔ wɔ Mesia nniso ase no kwan. . . . Wobu asɛnka adwuma no sɛ wɔn adwuma titiriw, na ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛka bere a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa befi hɔ no ho asɛm akyerɛ wiase nnipa nyinaa. Wei ka adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no ho.”

The Golden Age “yɛ Nsɛmma Nhoma a ɛka Nokware, Anidaso, ne Gyidi ho asɛm.” Yɛde nsɛmma nhoma no bɛkɔ afie afie na yɛama nkurɔfo akra bi. Wei yɛ ɔkwan foforo yɛbɛfa so aka asɛmpa no. Bere a Onua Rutherford bisae sɛ henanom na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa adwuma yi bi no, prɛko pɛ na anuanom nyinaa sɔree. Afei anuanom de “ahokeka ne nsi a ɛte sɛ Yesu de no” too dwom a asɛmti ne: “O Awurade, ma wo hann ne wo nokware mmra.” J. M. Norris kae sɛ: “Me werɛ remfi sɛnea yɛtoo dwom no maa asase wosowee no da.”

Bere a yɛpɔn nhyiam no, anuanom de nnɔnhwerew pii too santen sɛ wɔrekɔkra nsɛmma nhoma no bi. Ná wɔpɛ sɛ wɔka wɔn a wobedi kan akra bi no ho. Mabel Philbrick koma kaa no paa ma ɔkae sɛ: “Bere a yehui sɛ yɛrebenya adwuma ayɛ bio no, yɛn ani gyei paa!” Saa ara na anuanom pii nso tee nka.

“WƆN A WƆDE ADWUMA NO AHYƐ WƆN NSA”

Ná Bible Asuafo bɛyɛ 7,000 asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma no bi. Nsaano krataa a wɔtoo din Organization Method ne To Whom the Work Is Entrusted nhomawa no kyerɛkyerɛɛ akwan a yɛbɛfa so ayɛ adwuma no mu. Nea ɛkae ni: Ɔsom Dwumadibea foforo a ɛwɔ adwumayɛbea ti no na ɛde adwuma no ho akwankyerɛ bɛma. Ná ɛsɛ sɛ wɔtew Ɔsom Boayikuw wɔ asafo biara mu, na wɔpaw ɔsom adwuma kwankyerɛfo ma ɔde akwankyerɛ ma. Obiara asasesin a ɔbɛyɛ mu adwuma no bɛyɛ afie 150 kosi 200. Anuanom mmarima a wɔbɛyɛ adwuma no bi no, Yawda anwummere biara wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam ama wɔn. Ná wɔbɛka osuahu a wɔanya wɔ asɛnka mu na wɔde asɛnka akontaabu ama.

Herman Philbrick kae sɛ: “Yefii nhyiam ase duu fie ara pɛ na yɛn nyinaa fii nsɛmma nhoma a yɛbɛma nkurɔfo akra ho ɔsatu no ase.” Baabiara a wɔkɔe no, wonyaa nkurɔfo ma wotiee wɔn. Beulah Covey nso kae sɛ: “Bere a ɔko no baa awiei no, na nnipa pii werɛ ahow. Enti ɛkame ayɛ sɛ asetena a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ biara nnim ho asɛm a na yɛreka no, na obiara ani gye ho.” Arthur Claus kyerɛwee sɛ: “Nsɛmma nhoma no dodow a nkurɔfo krae no yɛɛ asafo no mufo nyinaa nwonwa paa.” Bere a The Golden Age nsɛmma nhoma no bae abosome mmienu akyi no, anuanom maa bɛyɛ mpem ahannum, na nkurɔfo kraa 50,000.

Asɛm bi a wɔato din “Ahenni Ho Asɛmpa” no puee July 1, 1920 Ɔwɛn-Aban no mu. Akyiri yi, A. H. Macmillan kaa ho asɛm sɛ “ɛno ne bere a edi kan a ahyehyɛde no hyɛɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran sɛ wɔnka asɛmpa no. Saa ara na yɛreyɛ no nnɛ.” Wɔhyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa nkuran sɛ “wonni wiase nyinaa adanse sɛ ɔsoro ahenni no abɛn.” Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii a wɔde nsi reka asɛmpa no abɛka Kristo nuanom no ho. Kristo nuanom na “wɔde adwuma no ahyɛ wɔn nsa,” na wɔretwɛn Mesia nniso a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ biara nnim no.

^ nky. 5 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, ti 6, asɛmti “A Time of Testing [Sɔhwɛ Bere] (1914-1918).”

^ nky. 9 Wɔsesaa The Golden Age no din yɛɛ no Consolation afe 1937, na afe 1946 no, wɔbɛfrɛɛ no Nyan!