ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM September 2019

Adesua nsɛm a yebesua October 28–December 1, 2019.

Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No

Suban ahorow a ehia paa sɛ yenya no, baako ne ahobrɛase. Sɛ yɛn asetena sesa a, adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase?

Harmagedon Yɛ Asɛmpa!

Aka bere tiaa bi ama Harmagedon aba a, nsɛntitiriw bɛn na ebesisi? Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so adi nokware bere a awiei no rebɛn no?

Adɛn Nti Na Yeyi Yɛn Yam De Yɛn Ho Hyɛ Yehowa Ase, Na Yɛyɛ No Sɛn?

Asafo mu mpanyimfo, agyanom, ne ɛnanom betumi asua sɛnea wɔde wɔn ho bɛhyɛ Yehowa ase afi Amrado Nehemia; Ɔhene Dawid; ne Yesu maame Maria hɔ.

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Mo Ho Adwo Mo”

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de gye Yesu frɛ no so? Yɛyɛ nneɛma mmiɛnsa bi a, ɛbɛma yɛn ho akɔ so adwo yɛn wɔ Yesu kɔndua ase.

“Hwɛ! Nnipakuw Kɛse Bi”

Yohane nyaa anisoadehu bi; Yehowa ma ohuu wɔn a wɔyɛ ‘nnipakuw kɛse’ a wobetwa ahohiahia kɛse no na wɔatena ase daa wɔ asase so. Ɔma ohui sɛ wɔdɔɔso paa, na wofi aman nyinaa mu.