ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM March 2020

Adesua nsɛm a yebesua May 4-31, 2020.

Obi Dɔ Yehowa Na N’ani Sɔ Nea Wayɛ Ama No a, Ɔbɛbɔ Asu

Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa betumi akanyan wo ama woabɔ asu. Nanso, dɛn na anhwɛ a ɛremma wonyɛ saa?

Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?

Sɛnea wubebua nsɛmmisa a ɛwɔ adesua yi mu no bɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ.

ASETENAM NSƐM

“Yɛn Ni! Monsoma Yɛn!”

Jack ne Marie-Line kyerɛ nea ɛkaa wɔn ma wofii bere nyinaa som adwuma no ase ne nea ɛboaa wɔn ma wotumi tenaa mmeae ahorow a wɔma wɔkɔyɛɛ ɔsom adwuma no.

Bere Bɛn Na Ɛfata Sɛ Yɛkasa?

Hwɛ nnipa bi a Bible ka wɔn ho asɛma ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm.

Monnodɔ Mo Ho Mo Ho Denneennen

Yesu kaa sɛ, sɛ n’asuafo dodɔ wɔn ho a, ɛno na ɛbɛma nkurɔfo ahu sɛ wɔyɛ nokware Kristofo. Sɛn na ɔdɔ boa yɛn ma yɛhwehwɛ asomdwoe, yɛsom afoforo hɔho, na yɛrenyɛ animhwɛ?

So Wunim?

Sɛ nea Bible aka da nkyɛn a, adanse foforo bɛn na ɛkyerɛ sɛ na Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom na na wɔyɛ polisifo wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yuda no?