ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM June 2018

Adesua nsɛm a yebesua August 6 kosi September 2, 2018.

“M’ahenni Mfi Wiase”

Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ nsɛmnsɛm a na ɛrekɔ so wɔ ne bere so ho no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ yɛn ade wɔ amanyɔsɛm ne asetena ho nsɛm ho?

Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No

Dɛn na wubetumi ayɛ ama baakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu ayɛ den?

Ná Anka Obetumi Anya Onyankopɔn Anim Dom

Yuda hene Rehoboam asɛm no boa yɛn ma yehu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn mu biara hɔ.

Ma Onyankopɔn Mmara Ne Ne Nnyinasosɛm Ntete W’ahonim

Onyankopɔn ama yɛn biribi a ɛkyerɛ yɛn kwan, nanso ɛsɛ sɛ yɛtete no na akyerɛ yɛn kwan yiye.

“Momma Mo Kanea Nhyerɛn” Na Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam

Ɛnyɛ asɛmpa no nko ara na ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo, na mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho

ASETENAM NSƐM

Manya Awerɛkyekye Wɔ Me Dadwen Nyinaa Mu

Edward Bazely ahyia nsɛnnennen wɔ abusua mu, ɔsom ho ɔsɔretia, nneɛma a ankɔ yiye wɔ n’asetena mu, ne adwinnwen.

Nkyia Wɔ Tumi

Nkyia, sɛ ɛyɛ tia mpo a, etumi yɛ ade yiye pa ara.

So Wokae?

Woakenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, nsɛmmisa a egyina Bible so no, hwɛ sɛ wubetumi abua anaa.