ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM February 2020

Adesua nsɛm a yebesua April 6–May 3, 2020.

Yɛn Agya Yehowa Dɔ Yɛn Paa

Yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn paa, odwen yɛn ho, na ɔrennyaw yɛn da.

Yɛdɔ Yɛn Agya Yehowa Paa

Hwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn Agya Yehowa a odwen yɛn ho no.

Yi Ahoɔyaw Fi Wo Mu Na Hwehwɛ Asomdwoe

Ɛtɔ da a yebetumi ayɛ ahoɔyaw. Hwɛ nea yebetumi ayɛ na ama yɛayi subammɔne te sɛ ahoɔyaw afi yɛn mu na yɛama asomdwoe atena yɛne afoforo ntam.

Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ

Hanah, ɔsomafo Paul, ne Ɔhene Dawid nyinaa, ɛtɔ da a na adwinnwen hyɛ wɔn so. Sɛnea Yehowa kyekyee wɔn mu biara werɛ na ɔma wonyaa ahotɔ no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

ASETENAM NSƐM

Masuasua Wɔn a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa Ama Manya Nhyira Pii

Léonce Crépeault ka sɛnea ebinom nhwɛso pa boaa no ma otumi yii ehu fii ne mu, ne nhyira pii a wanya no mfe 58 a ɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no.

So Wunim?

Dɛn na wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛfoa so sɛ Belsasar a ɔtenaa ase wɔ Babilon no, na ɔyɛ ɔhene?