ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM August 2019

Adesua nsɛm a yebesua September 30 kosi October 27, 2019.

“Yɛmpa Abaw”!

Daakye ho anidaso a yɛwɔ no, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo sɛ yebetu mmirika no awie?

Momma Mo Dɔ Mmoro So

Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi mpo a, krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi ama yɛn dɔ akɔ so aboro so.

“Wɔn a Wotie Wo No” Benya Nkwa

Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn abusuafo ama wɔasua Yehowa ho ade?

Wo Som Adwuma Sesa a, Ɛbɛyɛ Dɛn Na W’ani Akɔ So Agye?

Ebetumi ayɛ den ama anuanom pii sɛ wobegyaw ɔsom adwuma a ɛda wɔn koma so saa no ato hɔ. Dɛn na ebetumi aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ nsakrae a aba no ho?

Gyidi—Ɛyɛ Suban a Ɛhyɛ Yɛn Den

Gyidi wɔ tumi kɛse pa ara. Sɛ yɛwɔ gyidi a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw akɛse a ɛte sɛ mmepɔw ano.

Yohane Suboni—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye

Yehyia tebea ahorow a ebu abam mpo a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya anigye?