Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
Nkɔmhyɛ pii wɔ Hesekiel nhoma no mu a ɛfa nokware som a wɔbɛma so bio no ho. Saa nkɔmhyɛ ahorow no fa yɛn ho sɛn?
Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ
Yɛn koma so ade ne sɛ, nhoma yi bɛboa wo ama wode ɔsom a ɛsɛ fata Yehowa no ama no.
Nneɛma Bi a Ɛyɛ Soronko Wɔ Nhoma Yi Ho Mu Nkyerɛkyerɛmu
Nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ nnaka ahorow mu ne bere a nsɛm bi sisii a wɔahyehyɛ no boa yɛn ma yɛte nsɛm ase kɔ akyiri.
TI 1
‘Yehowa Wo Nyankopɔn Na Ɛsɛ Sɛ Wosom No’
Satan nam asoɔden a ɔmaa Adam ne Hawa yɛe wɔ Eden no so sɔre tiaa hokwan a Yehowa wɔ sɛ odi tumi no. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔnam nea ɔyɛe no so sɔre tiaa nokware som. Adɛn nti na yɛreka saa?
TI 2
“Onyankopɔn Ani Sɔɔ” Wɔn Akyɛde No
Sa pa a anokwafo twa too hɔ no ma yehu sɛ nneɛma titiriw nnan bi ho hia na ama Onyankopɔn agye yɛn som atom.
ƆFÃ 1
“Ɔsoro Buei”
TI 3
“Minyaa Anisoadehu Fii Onyankopɔn Hɔ”
Anisoadehu a edi kan a Hesekiel nyae no maa ne ho dwiriw no paa. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi asua nneɛma pii afi nea ohui no mu.
TI 4
Henanom Ne “Ateasefo a Wɔwɔ Anim Anan No”?
Nneɛma a yentumi mfa yɛn ani nhu, na ɛyɛ den sɛ yɛbɛte ase no, Yehowa de mfoni ahorow bi kyerɛɛ Hesekiel a ɛboa yɛn ma yɛte ase.
TI 5
“Kɔhwɛ Akyiwade Paa a Wɔreyɛ”
Hesekiel huu nneɛma nnan a ɛyɛ ahodwiriw a ɛkyerɛ sɛnea na nokware som asɛe koraa wɔ ɔman no mu.
TI 6
“W’awiei Adu”
Hesekiel nkɔmhyɛ ho ɔyɛkyerɛ no kaa sɛnea Yehowa bɛda n’abufuw adi atia Yerusalem no ho asɛm.
TI 7
Amanaman No ‘Behu Sɛ Mene Yehowa’
Aman a wɔsɛee Yehowa din na wɔtaa Israelfo no anaa wɔmaa Israelfo no guu wɔn ho fĩ no, na wɔremfa wɔn ho nni. Nea ɛkɔɔ so wɔ saa aman yi ne Israelfo ntam no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
TI 8
‘Mede Oguanhwɛfo Baako Besi Wɔn So’
Onyankopɔn de ne honhom kaa Hesekiel ma ɔkyerɛw nkɔmhyɛ bi faa Mesia no ho. Ná Mesia no bɛyɛ Ɔhene ne Oguanhwɛfo daakye. Ɔno na na ɔbɛma nokware som so afebɔɔ.
TI 9
“Mɛma Wɔayɛ Baako”
Nkɔmhyɛ a na ɛfa Yudafo anokwafo a na wɔwɔ Babilon ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
TI 10
‘Mubenya Nkwa’
Hesekiel nyaa anisoadehu bi, na ohuu obon bi a nnompe a awo wosee ahyɛ mu ma. Afei nkwa baa nnompe no mu. Dɛn na wei kyerɛ?
TI 14
“Eyi Ne Asɔrefi No Ho Mmara”
Nneɛma bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no sua fii Hesekiel asɔrefi ho anisoadehu no mu? Na dɛn na yebetumi asua afi anisoadehu no mu nnɛ?
TI 15
“Mɛma Woagyae Tuutuu No Si”
Nea Hesekiel nhoma no ne Adiyisɛm nhoma no ka fa tuutuufo bi ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
TI 16
“Hyɛ Wɔn Moma So Agyirae”
Sɛnea wɔhyɛɛ anokwafo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no agyirae maa nkwagye no fa yɛn nso yɛn ho.
TI 18
“M’abufuw Bɛdɛw”
Gog tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, ɛbɛhyɛ Yehowa abufuw, na ɔbɛko agye ne nkurɔfo.
TI 19
“Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
Anisoadehu a ɛfa asubɔnten a ɛresen fi asɔrefi hɔ ho no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ enyaa mmamu tete no, ɛrenya mmamu nnɛ, na ebenya mmamu daakye?
TI 20
‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’
Onyankopɔn maa Hesekiel nyaa anisoadehu bi, na ɔka kyerɛɛ Hesekiel ne Yudafo a wɔka no ho no sɛ, wɔnkyekyɛ Bɔhyɛ Asaase no mma Israel mmusuakuw no.
TI 21
“Wɔbɛfrɛ Kurow No Yehowa Wɔ Hɔ”
Hesekiel anisoadehu a ɛfa kurow no ne kurow no din ho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?
TI 22
“Som Onyankopɔn”
Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛsom Yehowa Nyankopɔn nko ara. Nea enti a wɔyɛɛ saa nhoma yi ne sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa.
Ntease Foforo a Yɛanya a Yɛabɔ No Mua
Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, adɛn nti na yɛayɛ nsakrae wɔ ntease a na yɛwɔ wɔ emu bi mu?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 1A MU
Dɛn Ne Ɔsom?
Yɛka ɔsom a, dɛn paa na ɛkyerɛ? Dɛn na Hesekiel nhoma no ka fa ɔsom ho? Dɛn na woyɛ a ɛno nso kyerɛ sɛ woresom Onyankopɔn?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 1B MU
Hesekiel Nhoma No Mu Nsɛntitiriw
Wɔahyehyɛ sɛnea nhoma yi mu nsɛm no sisii no nnidiso nnidiso. Saa ara nso na wɔakyekyɛ mu nsɛmti nsɛmti.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 2A MU
Nea Ɛbɛboa Ama Yɛate Hesekiel Nkɔmhyɛ No Ase
Anisoadehu, mfatoho, abebusɛm, ne nsɛm a ebesisi ho ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛwɔ Hesekiel nhoma no mu no, emu pii ma yehu nea ebesi daakye, na efi Onyankopɔn hɔ.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 2B MU
Hesekiel—N’abrabɔ Ne Nsɛm Bi a Esisii Wɔ Ne Bere So
Bere a na Hesekiel rehyɛ nkɔm no, na adiyifo foforo nso wɔ hɔ a wɔhyɛ nkɔm. Nsɛntitiriw a ɛfa ne nkurɔfo ho sisii wɔ n’asetena mu.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 3A MU
Ɔkwantenten a Yudafo No Twa Kɔɔ Babilon
Ɔkwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ wɔde Yudafo no faa so fii Yerusalem kɔɔ Babilon?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 4A MU
“Bere a Migu So Rehwɛ Ateasefo No”
Sɛ wode ahoni akɛse a na ɛwɔ Asiria ne Babilon no toto honhom abɔde baanan a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ho a, nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda ntam?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 5A MU
“Onipa Ba, Woahu Nea Ɛrekɔ So?”
Hesekiel huu akyiwade nnan a ɛrekɔ so wɔ asɔrefi no mu ne adiwo hɔ.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 6A MU
“Yi Wo Ti Nwi Ne W’abogyesɛ”
Yehowa de ne honhom kaa Hesekiel ma ɔyɛɛ nkɔmhyɛ ho ɔyɛkyerɛ ahorow bi. Ná ɛkyerɛ nneɛma a ɛrenkyɛ koraa ebesisi wɔ Yerusalem.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 7A MU
Aman a Na Atwa Yerusalem Ho Ahyia
Yuda ne aman a na atwa wɔn ho ahyia no dii ako mpɛn pii.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 7B MU
Nsɛm Bi a Ɛtaa Pue Wɔ Hesekiel Nhoma No Mu
Nsɛm bi taa pue wɔ saa nkɔmhyɛ nhoma yi mu.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 8A MU
Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho—Sida Dua Kɛse No
Akasabebu a ɛwɔ Hesekiel ti 17 no, dɛn na ɛkyerɛ?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 8B MU
Nkɔmhyɛ Mmiɛnsa a Ɛfa Mesia No Ho
Hesekiel hyɛɛ nkɔm sɛ ɔhene a obedi Onyankopɔn nkurɔfo anim daakye no, yebetumi de yɛn ho ato no so.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9A MU
Yehowa Di Ne Bɔhyɛ Ahorow So—Tete Mmere Mu
Onyankopɔn de ne honhom kaa Hesekiel ma ɔhyɛɛ ɛbɔ ahorow nnum bi. Ná ɛfa sɛnea wobegye Yudafo a na wɔwɔ Babilon ne nokware som a wɔbɛma so bio no ho.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9B MU
Adɛn Nti Na Ɛyɛ Afe 1919?
Adɛn nti na yɛka sɛ woyii Onyankopɔn nkurɔfo fii Babilon Kɛse no mu afe 1919?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9D MU
Yehowa Di Ne Bɔhyɛ Ahorow So—Ɛnnɛ Mmere Mu
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no bi anya mmamu mmienu?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9E MU
Yehowa Nkurɔfo a Wɔde Wɔn Kɔɔ Babilon Ne Nokware Som a Wɔmaa So Bio Ho Nkɔmhyɛ
Yudafo a wɔde wɔn kɔɔ tete Babilon ne wɔn asaase so a wɔsan bae no, na ɛho nkɔmhyɛ no bɛsan anya ne mmamu kɛse. Wei baa mu akyiri yi bere a Babilon Kɛse no bunkam Kristofo asafo no so na wɔsan dee wɔn ho no.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 9Ɛ MU
“Mmere a Wobesiesie Nneɛma Nyinaa”
Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkaa mmere pa bi a ɛbɛba ho asɛm. Saa mmere no fii ase bere a wɔde Kristo sii agua so sɛ Ɔhene no, na ɛbɛtoa so ara akosi Mfirihyia Apem no awiei.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 10A MU
Nokware Som—Nkakrankakra Wɔmaa So Bio
Dɛn na ebuee kwan ma wofii asɛnka adwuma a yɛreyɛ no nnɛ no ase?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 10B MU
“Nnompe a Awo Wosee” Ne ‘Adansefo Baanu’—Nsonsonoe Bɛn Na Ɛwom?
Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ yɛn bere yi so?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 10D MU
Biribi a Ɛbɛboa Yɛn Ama Yɛasan Agyina Yɛn Nan So
Ɛtɔ da a, yetumi botow, na yɛyɛ basaa. Nanso anisoadehu a ɛfa nnompe a awo wosee a enyaa nkwa ho no betumi ama yɛanya ahoɔden de agyina tebea a ɛte saa ano.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 11A MU
Awɛmfo Bi a Wɔyɛɛ Nhwɛso Pa
Wohyiaa ɔsɔretia, wodii Yehowa nokware, na wɔbɔɔ kɔkɔ san kaa asɛmpa no.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 12A MU
Nnua Mmienu a Wɔka Boom
Tete no, na saa nnua yi gyina hɔ ma henanom? Na ɛnnɛ nso ɛ?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 13A MU
Ɛsono Asɔrefi No Mu Biara, Ɛnna Ɛsono Nea Emu Biara Kyerɛ
Nsonsonoe bɛn na ɛda asɔrefi a Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu no ne honhom fam asɔrefi a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no ntam?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 14A MU
Nea Yebetumi Asua Afi Asɔrefi Ho Anisoadehu a Hesekiel Nyae No Mu
Nneɛma bɛn na woasua afi asɔrefi ho anisoadehu a Hesekiel nyae no mu a wubetumi de ayɛ adwuma wɔ wo som mu?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 15A MU
Tuutuufo Mmienu a Wɔyɛ Anuanom
Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wogu ne din kronkron no ho fĩ, na ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no nso, wɔmfa nyɛ hwee. Sɛnea Yehowa kaa Ohola ne Oholiba ho asɛm no boa yɛn ma yehu sɛnea obu saa nkurɔfo no.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 16A MU
Yerusalem Gyina Hɔ Ma Kristoman Anaa?
Adɛn nti na yɛayɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ no mu?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 16B MU
Apinisi Ne Abooboodi, Nkurɔfo a Wɔhyɛ Wɔn Agyirae, Ɔsɛe—Bere Bɛn Ne Ɔkwan Bɛn So?
Anisoadehu a ɛwɔ Hesekiel ti 9 no betumi aboa yɛn ama yɛanya akokoduru de agyina nneɛma a ebesisi wiase bɔne yi awiei no ano.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 18A MU
Yehowa Abɔ Nnipa Kɔkɔ Sɛ Ɔko Kɛse Bi Reba
Bible aka ato hɔ sɛ ɔko kɛse bi reba, na wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn no, ɔnam ɔko no so bɛsɛe wɔn nyinaa.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19A MU
Nsubɔnten a Efi Yehowa Hɔ a Ɛde Nhyira Nam
Bible akyerɛwfo pii de asubɔnten ne nsu agyina hɔ ama Yehowa nhyira.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 19B MU
Nsu a Ɛresen Nkakrankakra No Yiri Bɛyɛɛ Asubɔnten!
Asubɔnten a ɛsen fii Onyankopɔn kronkronbea hɔ no, egyina hɔ ma dɛn?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 20A MU
Asaase No a Wɔkyekyɛe
Hesekiel anisoadehu a ɛfa asaase a wɔkyekyɛe ho no, ɛhyɛɛ Yudafo a na wɔwɔ Babilon no nkuran, na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso, ɛhyɛ wɔn nkuran.
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 21A MU
“Asaase a Mubetwa Ayɛ Ntoboa No”
Asaase a Onyankopɔn yi sii nkyɛn no, na mmeae nnum na ɛwɔ so. Sɛn na wɔfrɛɛ emu biara, na dɛn na na wɔde emu biara bɛyɛ?
NKYERƐKYERƐMU A ƐWƆ ADAKA 22A MU
Sɔhwɛ a Etwa To No
Wɔn a wobetwa sɔhwɛ a etwa to no, nhyira bɛn na wobenya?

