Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

HYƐ NKƆMMƆ ASE

ADESUA 4

Brɛ Wo Ho Ase

Brɛ Wo Ho Ase

Nnyinasosɛm: “Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filip. 2:3.

Nea Paul Yɛe

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 26:​2, 3. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1.    Ɔkwan bɛn na Paul faa so ne Ɔhene Agripa kasae a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase?

  2.   Dɛn na Paul kae a ɛmaa nkurɔfo adwene kɔɔ Yehowa ne Kyerɛwnsɛm no so mmom sen sɛ ɛbɛba ɔno Paul so?—Hwɛ Asomafo Nnwuma 26:22.

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkasa obu so a, ɛbɛma nkurɔfo atie asɛmpa a yɛka no.

Suasua Paul

3. Kasa obu so. Mma no nnkɔyɛ sɛ wunim biribiara, na nea wo ne no rekasa no de, onnim hwee. Fa obu kasa kyerɛ no.

4. Ma ɛnna adi sɛ nea wokyerɛkyerɛ no fi Bible mu. Onyankopɔn Asɛm tumi ka nkurɔfo koma. Enti sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛma wɔtumi de wɔn gyidi gyina Bible so, na ɛno nso na ɛbɛma wɔn ase atim.

5. Hyɛ wo ho so. Sɛ obi ne w’adwene nhyia a, ɛnsɛ sɛ wo ne no gye akyinnye. Yɛmpɛ sɛ yɛne obiara begye akyinnye. Wohwɛ na ɛnkɔ yiye a, twa so kɔ. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase. (Mmeb. 17:14; Tito 3:2) Sɛ wohyɛ wo ho so na woamma wo bo amfuw a, ebetumi aba sɛ bere foforo obetie wo.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO