Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 12

Yakob Nyaa Agyapade No

Yakob Nyaa Agyapade No

Bere a Isak waree Rebeka no, na wadi mfe 40. Ná ɔdɔ Rebeka paa. Akyiri yi, wɔwoo mmabarima mmienu. Ná wɔyɛ ntafo.

Ɔpanyin no din de Esau, na kumaa no de Yakob. Ná Esau ntaa ntena fie koraa, na ɔkɔ wuram kokum nam. Ná ɔtaa de nam ba fie paa. Yakob deɛ, na ɔtaa tena fie.

Saa bere no, sɛ agya bi wu a na ne babarima panyin na wɔde n’asase ne ne sika dodow no ara ma no. Ná yɛfrɛ wei agyapade. Isak abusua mu no, na ɛbɔ a Yehowa ahyɛ Abraham no nso ka saa agyapade yi ho. Ná saa bɔhyɛ no ho nhia Esau pii. Nanso Yakob deɛ, na ɛho hia no paa.

Da bi, Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam. Ɔkɔe no, ɔkyɛe; ɔbae no na wabrɛ paa. Ná Yakob reyɛ aduan, na aduan no hua tu faa Esau so. Enti ɔkaa sɛ: ‘Ɔkɔm rekum me! Ma me ade kɔkɔɔ anaa aduan yi bi nni!’ Yakob kaa sɛ: ‘Mɛma wo bi, nanso di kan hyɛ me bɔ sɛ wode w’agyapade bɛma me.’ Ɛnna Esau kaa sɛ: ‘Mede agyapade reyɛ dɛn? Wopɛ a, fa. Me deɛ aduan na merepɛ adi.’ Wugye di sɛ nyansa wɔ nea Esau yɛe yi mu? Dabi. Esau de biribi a ɛsom bo paa sesaa aduan baako pɛ.

Bere a Isak bɔɔ akwakoraa no, na ɛsɛ sɛ ohyira ne babarima panyin no. Nanso Rebeka boaa ne babarima kumaa Yakob ma ogyee nhyira no. Bere a Esau hui no, ne bo fuwii paa, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum ne nua no. Ná Isak ne Rebeka pɛ sɛ wɔbɔ Yakob ho ban, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Guan! Kɔtena wo wɔfa Laban hɔ kosi sɛ Esau abufuw ano bedwo.’ Yakob tiee n’awofo asɛm, na oguan peree ne nkwa.

“Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa benya wiase nyinaa na wahwere ne kra? Dɛn koraa na obi de bɛsesa ne kra?”—Marko 8:36, 37