Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnianim Nsɛm Ne Emu Nsɛntitiriw

Nnianim Nsɛm Ne Emu Nsɛntitiriw

Yesu maa ɔkasa bi wɔ bepɔw bi a ɛbɛn Kapernaum so. Ná Kapernaum yɛ kurow bi a ɛwɔ Galilea mpoano. Ɔkasa a Yesu mae no, yɛtaa frɛ no Bepɔw So Asɛnka. Sɛ wohwɛ Bible mu a, wubehu saa ɔkasa no wɔ Mateo ti 5 kosi ti 7. Nsɛm a ɔkaa wɔ saa ɔkasa no mu no, ebi ka ne nkyerɛkyerɛ a agye din paa no ho. Saa nkyerɛkyerɛ yi na nhomawa yi rebɛka ho asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Yesu afotusɛm a nyansa wom no so mfaso.

  • TI 5

    • Yesu fii ase kyerɛkyerɛe wɔ bepɔw so (1, 2)

    • Nneɛma akron a ɛde anigye ba (3-12)

    • Nkyene ne hann (13-16)

    • Yesu bae sɛ ɔrebɛma mmara no aba mu (17-20)

    • Afotu a ɛfa abufuw (21-26), awaresɛe (27-30), awaregyae (31, 32), ntanka (33-37), ne aweredi ho (38-42); monnɔ mo atamfo (43-48)

  • TI 6

    • Nyɛ wo ho ɔtreneeni wɔ nnipa ani so (1-4)

    • Sɛnea yɛbɔ mpae (5-15)

      • Mpaebɔ ho nhwɛso (9-13)

    • Akɔnkyen (16-18)

    • Asaase so agyapade ne ɔsoro agyapade (19-24)

    • Munnyae sɛ mudwinnwen (25-34)

      • Monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no kan (33)

  • TI 7

    • Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn (1-6)

    • Monkɔ so mmisa, monkɔ so nhwehwɛ, monkɔ so mmom (7-11)

    • Mmara titiriw a ɛma yɛne nkurɔfo tena asomdwoe mu (12)

    • Ɔpon teateaa no (13, 14)

    • Wɔn aba na wɔde behu wɔn (15-23)

    • Ɔdan a esi ɔbotan so, ɔdan a esi anwea so (24-27)

    • Yesu nkyerɛkyerɛ maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn (28, 29)