Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

Nhyiamfo Nhyɛ Nsɛm Yi Nsow

ATƐNDANT Atɛndantfo no adwuma ne sɛ wɔbɛboa wo. Wɔn na wɔkyerɛ baabi a yɛde yɛn kar besi, baabi a nnipa bɛfa ne sɛnea yebegyaw kwan ato hɔ ama obi. Enti sɛ wɔde wei ho akwankyerɛ ne akwankyerɛ foforo biara ma wo a, yɛsrɛ wo tie.

ASUBƆ Wobegyaw anim hɔ nkongua no bi ama wɔn a wɔbɛbɔ asu no, gye sɛ wɔakyerɛ baabi foforo. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛbɔ asu no nyinaa tena ase ansa na asubɔ kasa no afi ase Memeneda anɔpa. Ɛsɛ sɛ obiara de n’ankasa mpopaho ne asubɔ atade a ɛfata ba.

NTOBOA Wɔde sika kɛse na ayɛ nhyehyɛe pii na ama yɛanya nkongua dodow a ɛsɛ, akasam, video mfiri, ne nneɛma foforo pii. Wei nyinaa ma nhyiam no yɛ anigye na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa kɛse. Ntoboa a mufi mo pɛ mu yi no, ɛno na ɛboa ma yetua ka yi, na ɛboa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no nso. Yɛde nnaka a yɛakyerɛw ho asisi nhyiam yi ase baabiara na ayɛ mmerɛw ama mo sɛ mubeyi ntoboa. Yɛn ani sɔ mo ntoboa no pa ara. Akwankyerɛ Kuw no da mo ase sɛ mufi mo komam yi ntoboa de boa Ahenni nneɛma.

BAABI A WOGYE ADURU Yɛsrɛ wo, kae sɛ obi a ɔbɛyare MPOFIRIM NKUTOO na wɔbɛhwɛ no wɔ hɔ.

BEAE A WƆDE NNEƐMA A AYERA KƆ Sɛ obi hu biribi a ayera a, ɛsɛ sɛ ɔde kɔ saa dwumadibea yi. Sɛ wo biribi yera a, kɔ hɔ kɔhwehwɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde mmofra a wɔayera kɔ saa dwumadibea yi. Nanso nea ɛbɛyɛ na woanhaw obiara no, yɛsrɛ wo, hwɛ wo mma yiye na wɔamfi wo nkyɛn.

BAABI A YƐBƐTENA Yɛsrɛ wo, dwen afoforo ho. Kae sɛ w’abusuafo ne wɔn a wo ne wɔn bɛfa kar anaasɛ wɔn a wo ne wɔn te fie anaa wo Bible asuafo nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn. Sɛ ɛnyɛ kwan na woregyaw ama obi a, yɛsrɛ wo, mfa nneɛma ngugu nkongua no so.

ATUHOAMA DWUMADIBEA Sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam no ase a, yɛsrɛ wo, kɔ saa dwumadibea yi.

NHYIAM TITIRIW

AHENNI ASƐMPAKAFO SUKUU Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a woadi fi mfe 23 kosi 65, na w’ani gye ho sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma mu a, wubetumi akɔ nhyiam a wɔbɛyɛ no Kwasida awia ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi no. Wɔde bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ nhyiam yi ho amanneɛbɔ bɛma.

Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no na wɔyɛɛ ɛho nhyehyɛe