Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 5-6

Fa Adwempa Di Yesu Akyi

Fa Adwempa Di Yesu Akyi

6:9-11, 25-27, 54, 66-69

Bere bi, Yesu maa mfatoho bi a na ɛyɛ den sɛ n’akyidifo no bɛte ase. Wei too wɔn mu bi hintidua maa wɔne no annantew bio. Nanso ade rebɛkye ama saa asɛm yi asi no, Yesu maa saa nnipa yi aduan anwonwakwan so, na na wei di adanse sɛ tumi a ɔwɔ no fi Onyankopɔn hɔ. Ɛnde, adɛn nti na Yesu asɛm no too wɔn hintidua? Ɛda adi sɛ, na adwene a wɔde di Yesu akyi no yɛ pɛsɛmenkominya adwene. Nea na wobenya afi Yesu hɔ nti na na wodi n’akyi.

Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Adɛn nti na midi Yesu akyi? Nhyira a merenya no seesei ne nea menya no daakye nti anaa? Anaa ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsɔ n’ani ntia?’

Sɛ nneɛma a edidi so yi nti na yɛresom Yehowa a, adɛn nti na yɛn abam betumi abu?

  • Yɛn ani gye ho sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo bɛbɔ

  • Yɛpɛ sɛ yɛtena Paradise