Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Wode JW Library Reyɛ Adwuma?

Wode JW Library Reyɛ Adwuma?

JW Library yɛ Intanɛt dwumadi anaa app bi a wɔayɛ ama smatfon, tablɛt, ne kɔmputa. Sɛ wotwe bi a, wuntua hwee. JW Library ma wutumi twe Bible ne ɛho nhoma, video, ne nneɛma a yɛbɔ tie wɔ saa mfiri no so.

SƐNEA WUBETUMI ANYA BI: Wɔayɛ JW Library no bi ama fon anaa tablɛt mfiri ahorow. Enti kɔ Intanɛt so, na bue w’afiri no app store. Hwehwɛ JW Library app na twe gu w’afiri no so. Wuwie a, bue JW Library a aba w’afiri no so na twe nhoma ne nneɛma foforo a wopɛ. Sɛ wunni Intanɛt wɔ fie na mowɔ bi wɔ mo Ahenni Asa so a, wubetumi de w’afiri no akɔ hɔ akɔtwe. Wubetumi nso akɔ baabi a wubenya Intanɛt, te sɛ ɔmanfo nhomakorabea, anaa Intanɛt café. Sɛ wotwe nneɛma a wuhia no wie a, worenhia Intanɛt ansa na wode ayɛ adwuma. Yɛtaa de nneɛma foforo ka JW Library no ho. Enti ɛwom ara a, kɔ Intanɛt no so na twe nneɛma foforo no bi anaa update JW Library app no.

MFASO BƐN NA ƐWƆ SO? JW Library ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ kokoam adesua, na ɛsan ma wunya asafo nhyiam so mfaso kɛse. Wode kɔ asɛnka nso a ɛboa paa, ne titiriw bere a woredi adanse wɔ bɔnnɔ so no.