Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔhene Solomon rehwɛ sɛnea asɔrefie a wɔresi no rekɔ

BIBLE MU AKORADE

Wofi Wɔn Komam Yɛɛ Adwumaden De Sii Dan No

Wofi Wɔn Komam Yɛɛ Adwumaden De Sii Dan No

Nneɛma a Solomon de sii asɔrefie no, na ɛyɛ papa paa (1Ah 5:6, 17; w11 2/1 15)

Nnipa bebree boaa adwuma no (1Ah 5:13-16; it-1 424; it-2 1077 ¶1)

Solomon ne nkurɔfo no de mfe nson yɛɛ adwumaden sii dan no wiei (1Ah 6:38; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma no anim no)

Nea ɛmaa Solomon ne nkurɔfo no tumi sii asɔrefie fɛfɛɛfɛ de hyɛɛ Yehowa anuonyam ne sɛ, wɔde wɔn koma hyɛɛ adwuma no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn mma ne wɔn mmanana a wɔbaa akyiri yi no de, ahokeka a wɔde som Yehowa no so tewee. Wɔtoo asɔrefie no paahwii, na akyiri yi atamfo bɛsɛee no.

BISA WO HO SƐ, ‘Ahokeka a mede som Yehowa no, dɛn na mereyɛ na ano ammrɛ ase?’