Nsɛm a Yebetumi Aka

Nsɛm a Yebetumi Aka

ƆWƐN-ABAN

Asɛmmisa: Sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa a, ɛnde biribiara rentumi nsɛe no. Ɛnte saa?

Kyerɛwsɛm: Yes 40:8

Wubetumi Aka Sɛ: Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible no afa mu nanso ansɛe.

ƆWƐN-ABAN (akyi)

Asɛmmisa: Mepɛ sɛ mihu w’adwene wɔ asɛm yi ho. [Bisa asɛm a edi kan a ɛwɔ kratafa 16 no.] Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ nnipa ankasa na ɛde nyamesom bae. Afoforo nso te nka sɛ Onyankopɔn nam nyamesom so twe yɛn bɛn no. Wo nso ɛ?

Kyerɛwsɛm: Yak 1:27

Wubetumi Aka sɛ: Nhoma yi bɛma woahu nea Bible san ka fa asɛm yi ho. M’ani begye sɛ mɛsan aba ma yɛasusuw nsɛm no bi ho.

ASƐMPA A EFI ONYANKOPƆN HƆ!

Asɛmmisa: Sɛ nkurɔfo kenkan nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu a, ɛyɛ a wɔn mu pii te nka te sɛ nea wɔrekenkan atesɛm krataa. Nkɔmhyɛ yi mu nsɛm bɛn na woahu anaa woate pɛn?

Kyerɛwsɛm: 2Ti 3:1-5

Wubetumi Aka Sɛ: Nhoma yi kyerɛ nea enti a tebea a ɛte saa no yɛ asɛmpa ankasa ma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn. [Twe adwene si adesua 1, asɛmmisa 2 no so.]

KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA

Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.