Bible Ahorow
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no, ne nkyerɛase di mu, na sɛ worekenkan a, emu nyɛ den. Yɛakyerɛ ne nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa 327 mu aprente. Akontaa a yebuu no nnansa yi ara kyerɛ sɛ, yɛaprente Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no mmaako mmaako 256,139,430. Sɛ worepɛ Bible nkyerɛase yi ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yehowa Adansefo Wɔ Wɔn Ankasa Bible Anaa?” ne “Is the New World Translation Accurate?” (Wiase Foforo Nkyerɛase Bible No, Wɔakyerɛ Ase Pɛpɛɛpɛ Anaa?)
Kasa ahorow bi mu nso, wɔama yɛn kwan ama yɛde Bible a wɔayɛ a ɔmanfo taa kenkan no agu yɛn wɛbsaet no so.

