Mo Ntam Nkɔmmɔbɔ Te Dɛn?
Mo Ntam Nkɔmmɔbɔ Te Dɛn?
“ƆDƆ krataa a obi a wadi mfe 60 akyerɛw.” Mfe kakra a atwam no, wɔde asɛmti yi dii dwuma bere a sikakorabea bi a ɛwɔ Japan yɛɛ krataakyerɛw ho akansi bi no. Ɛhyɛɛ Japanfo a wɔadi mfe 50 ne 60 no nkuran sɛ wɔnka “wɔn komam asɛm” nkyerɛ wɔn ahokafo. Akansifo no mu biako kyerɛw ne yere sɛ: “Ebia wobɛserew, nanso sɛ manka a ɛbɛhaw me. Me komam asɛm nyinaa ne sɛ: Meda wo ase sɛ wowaree me.”
Wɔ aman pii a Asia Apuei fam ka ho mu no, wɔmma nkurɔfo kwan mma wɔnnna wɔn nkate adi. Nanso nnipa bɛboro 15,000 na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔdɔ ho nkrataakyerɛw akansi no mu. Ɔmanfo ani gyee ho araa ma wɔyɛɛ akansi no bio, na wɔkyerɛw ho nhoma ahorow. Eyi kyerɛ sɛ wɔ nnipa pii komam no, wonyae a anka wɔaka sɛnea wɔte nka akyerɛ wɔn adɔfo. Nanso afoforo ani nnye ho saa. Dɛn ntia? Nea ama aba saa ne sɛ egye animia ne mmɔdenbɔ na wɔama afoforo—te sɛ wɔn ahokafo—ahu sɛnea wɔte nka.
Hitoshi Kato, a ɔkyerɛw nhoma a ɛfa wɔn a onyin ama wɔagyae adwumayɛ ho no kae sɛ, wɔ wɔn a wɔaware akyɛ wɔ Japan no fam no, mmea a wɔde nsɛm ahyɛ wɔn mu mfe pii no na wɔtaa hwehwɛ awaregyae. Ɔka sɛ: “Nea ama aba saa nso ne sɛ, sɛ awarefo no hyia nsɛnnennen a, wɔntaa mmɔ ho nkɔmmɔ.”
Ɛtɔ mmere bi a mmea awarefo no taa hwehwɛ awaregyae bere a onyin ama wɔn kununom agyae adwumayɛ no. Eyi tumi ma wɔn kununom ho dwiriw wɔn. Awarefo no tumi tra ase mfe pii a wɔnka sɛnea wɔte nka ma wɔn ho no ho asɛm. Ebia awarefo no bɛbɔ
mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn nkate adi nanso wɔde abufuw na ɛyɛ saa. Sɛ́ anka wɔbɛhyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den no, wɔtaa kasa tia wɔn ho mmom.Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi asiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm wɔ asomdwoe mu na wɔde anigye ada wɔn nkate adi? W’ani begye sɛ wobehu sɛ ɛnyɛ nhoma bi a aware ho ɔfotufo bi ayɛ nnansa yi ara mu na afotu pa a awarefo betumi de abɔ wɔn bra no wɔ na mmom ɛwɔ nhoma a nnipa akyerɛ ho anigye mfe pii—Bible no mu.