KRISTOFO ABRABƆ
Sɛ Afoforo Kamfo Wo Mpo a, Brɛ Wo Ho Ase
Ɛtɔ da a, afoforo tumi kamfo yɛn. Sɛ nkamfo a wɔde rema yɛn no fi wɔn komam a, etumi hyɛ yɛn nkuran paa. (Mme 15:23; 31:10, 28) Sɛ obi kamfo yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ahantan anaa yɛante nka sɛ yɛkyɛn afoforo.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ WƆKAMFO WO MPO A, DI NOKWARE TE SƐ YESU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
-
Nneɛma bɛn na yɛyɛ a, ɛma afoforo kamfo yɛn?
-
Sɛn na anuanom kamfoo Sergei?
-
Ɔkwan bɛn so na nkamfo a wɔde maa Sergei no, na ɛboro so?
-
Sɛnea Sergei de ahobrɛase yii wɔn ano no, dɛn na wusua fi mu?