Asɛmpa No—Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Yesu Asetenam

Hwɛ video kamakama yi. Ɛfa Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a ɔne yɛn Agyenkwa no ho. Video yi bɛba ntoatoaso.

Asɛmpa No—Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Yesu Asetenam—Video No Ho Nsɛm

Yesu Kristo ho nsɛm a ɛwɔ Nsɛmpa Nnan no mu na yɛde ayɛ video ahoroɔ a ɛwɔ ha yi. Video no yɛ fɛ paa, na ɛbɛma woate Bible mu nsɛm a esisii no ase yie. Wubetumi ahwɛ bi.

NEA EDI KAN

Ɔyɛ Nokware Hann Ma Wiase

Onyankopɔn de hyɛɛ Yosef ne Maria nsa sɛ wɔntete Yesu. Ná ɛyɛ hokwan soronko, efisɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba.

NEA ƐTƆ SO MMIENU

“Oyi Ne Me Ba”

Yohane Suboni de too dwa sɛ, Mesia no aba. Yesu fii ne som adwuma no ase.

NEA ƐTƆ SO MMIƐNSA

“Mene No”

Yesu kyerɛkyerɛɛ Nikodemo, Samariani baa bi, ɛne Nasaretfoɔ. Ebinom tiee no, nanso ebinom antie.

NEA ƐTƆ SO NNAN

“Eyi Nti Na Mebae”

Yesu saa ayarefoɔ yare, otuu ahonhommɔne, ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ ma wɔbɛyɛɛ n’asuafoɔ, na oyii n’asomafoɔ 12 no.

NEA ƐTƆ SO NNUM

‘Ɔkwan a Ɔfaa So Kyerɛkyerɛe No Maa Wɔn Ho Dwiriw Wɔn’

Yesu saa nnipadɔm kɛse bi yare. Ɛno akyi no, ɔmaa ne kasa a agye din paa a yɛato din, Bepɔ So Asɛnka no.

NEA ƐTƆ SO NSIA

“Wone Nea Ɔreba No?”

Yesu nyanee okunafoɔ bi babarima, ɔde mfatoho a ne nteaseɛ nyɛ den kyerɛkyerɛe, na ɔmaa nea ɛwɔ nkurɔfoɔ komam daa adi.

Asɛmpa No—Nea Ɛkɔɔ So Wɔ Yesu Asetenam—N’apɔ So N’apɔ So

Nsɛmpa Nnan no mu nsɛm na yɛde ayɛ Asɛmpa video no, na ɛyɛ fɛ paa. Hwɛ n’apɔ so n’apɔ so.