Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Ne Ɔsom Afoforo Mmom Nyɛ Asɔre?
Yehowa Adansefo de, yɛn ani gye ho paa sɛ yɛne nnipa a wɔkɔ asɔre ahorow bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ, nanso yɛne wɔn a wɔne yɛn gyidi nyɛ baako mmom nyɛ asɔre. Bible ka sɛ nokware Kristofo “akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ.” Sɛ ɛno betumi ayɛ yiye a, gye sɛ wɔn gyidi yɛ baako. (Efesofo 4:16; 1 Korintofo 1:10; Filipifo 2:2) Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa gye di sɛ suban bi te sɛ ɔdɔ, ayamhyehye, ne bɔnefakyɛ ho hia. Nanso ɛsɛ sɛ wɔsan hwɛ hu sɛ wɔn gyidi ne wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ nokware, na egyina Bible so. Sɛ ɛnyɛ saa a, wɔn gyidi no bɛyɛ kwa. Enti Yehowa Adansefo de, yɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ wei nyinaa.—Romafo 10:2, 3.
Sɛ ɔsom a ɛsono wɔn mu biara gyidi bom yɛ asɔre a, Bible ma yɛte ase sɛ, ɛte sɛ nea mmoa mmienu a ɛsono wɔn ahoɔden retwe kɔndua. Wei betumi apira mmoa no. Saa ara na sɛ Kristoni bi ne ɔsom a ɛsono wɔn gyidi bom yɛ asɔre a, ebetumi asɛe ne gyidi. (2 Korintofo 6:14-17) Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ obi nni n’afã a, ɛnsɛ sɛ wɔne no bom som. (Mateo 12:30; Yohane 14:6) Saa ara nso na mmara a Onyankopɔn de maa tete Israelfo no baraa wɔn sɛ wɔne nkurow a atwa wɔn ho ahyia no mmmom nnsom. (Exodus 34:11-14) Bere bi sei, na Israelfo no reyɛ adwuma bi, ɛnna nkurɔfo bi a ɛsono wɔn som bae sɛ wɔrebɛboa wɔn. Nanso wɔampene, efisɛ wɔbehui sɛ anhwɛ a, ebewie ase no, na wɔne wɔn abom resom.—Esra 4:1-3.
Wɔn a wɔkɔ asɔre foforo no, Yehowa Adansefo ne wɔn bɔ Bible mu nkɔmmɔ anaa?
Aane. Sɛnea ɔsomafo Paul yɛe no, yɛn nso yɛkɔ asɛnka a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yehu nea nkurɔfo gye di, ne sɛnea wɔsusuw nneɛma ho. (1 Korintofo 9:19-22) Sɛ yɛne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ a, Bible afotu a ɛka sɛ yennya “obu a emu dɔ” mma nnipa nyinaa no, yɛde yɛ adwuma.—1 Petro 3:15.

