Bere a Wiase Ko II rekɔ so no, na Yehowa Adansefo bɛyɛ 35,000 na wɔwɔ Germany ne aman a Nasi aban di so no mu. Wiase Ko II no mu no, wokunkum Adansefo no mu bɛyɛ 1,500. Nea enti a wokumkum wɔn no de, ɛnyɛ ne nyinaa na yebetumi akyerɛ. Wogu so reyɛ nhwehwɛmu, enti bere rekɔ so no yebehu nea enti a ɛbaa saa.

 Ɔkwan bɛn na wɔfaa so wuwui?

  • Afiri a na Nasifo de twitwa nkurɔfo ti

    Wokum ebinom: Wɔ Germany ne aman a na Nasi aban no di so mu no, wokunkum Adansefo bɛyɛ 400. Wɔde wɔn mu pii kɔɔ asɛnnibea, buu wɔn kumfo twaa wɔn ti. Ebinom nso de, wɔbɔɔ wɔn tuo anaa wɔsɛn wɔn a wɔanni wɔn asɛm mpo.

  • Baabi a wɔde ebinom kogui no, na ɛyɛ awerɛhow: Adansefo bɛboro 1,000 wuwui wɔ Nasi nneduaban ne afiase ahorow mu. Wɔde ebinom yɛɛ adwumaden ma wɔfaa mu wui. Ebinom nso de, ɔkɔm, ayakayakade, awɔw ne yare na ekunkum wɔn. Afoforo nso, ayarehwɛ papa a wɔannya nti na wowuwui. Ayakayakade a wɔde yɛɛ ebinom nti, bere a Wiase Ko II baa awiei a woyii wɔn no, ankyɛ biara na wowuwui.

  • Nneɛma afoforo a ekumkum ebinom: Wɔde Adansefo no bi koguu ɔdan a mframa bɔne a wɔde kum nkurɔfo wom mu ma wowui. Ebinom de, adɔkotafo de wɔn yɛɛ nhwehwɛ mu ma wɔfaa mu wui. Wɔwɔɔ ebinom paane bɔne de kunkum wɔn.

 Adɛn nti na wɔtaa wɔn?

Yehowa Adansefo de nea Bible ka bɔ wɔn bra, ɛno nti na wɔtaa wɔn no. Bere a Nasi aban no hyɛe sɛ Adansefo no nyɛ nea Bible kasa tia no, Adansefo no anyɛ. Wosii gyinae sɛ ‘wobetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.’ (Asomafo Nnwuma 5:29). Ɛho nhwɛso mmienu ni:

  1. Wɔamfa wɔn ho anhyɛ amanyɔsɛm mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa nyɛ amanyɔsɛm. Saa ara na Adansefo a na wɔwɔ Nasifo bere so no nso anyɛ amanyɔsɛm. (Yohane 18:36) Wɔampɛ sɛ

  2. Wɔkaa wɔn gyidi ho asɛm. Wɔbaraa Yehowa Adansefo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm, nanso daa Adansefo no

Ɔbenfo Robert Gerwarth kaa sɛ “bere a Hitler di ade no, Yehowa Adansefo ne nnipa a esiane wɔn gyidi nti, wɔtaa wɔn.” * Akokoduru a Yehowa Adansefo de gyinaa ateetee ano nti, nnipa afoforo a na wɔn nso gu nneduaban mu no ani begyee wɔn ho. Deduani bi a ofi Austria kaa sɛ: “Wɔnkɔ ɔko. Wɔpɛ mmom sɛ wokum wɔn sen sɛ wobekum obi.”

 Ɛhefa na wowuwui?

  • Nneduafo afie: Yehowa Adansefo dodow no ara wuwui wɔ nneduafie. Wɔde wɔn koguu afiase ahorow te sɛ: Auschwitz, Buchenwald, Dachau, Flossenbürg, Mauthausen, Neuengamme, Niederhagen, Ravensbrück, ne Sachsenhausen. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ Sachsenhausen nkutoo no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 200 na wowuwui wɔ hɔ.

  • Afiase: Wɔyɛɛ Adansefo binom ayakayakade wɔ afiase ma wowuwui. Afoforo nso wuwui esiane pira a wopirapiraa wɔn bere a wɔrebisabisa wɔn nsɛm no nti.

  • Baabi a wokum nnipa: Wokunkum Yehowa Adansefo dodow no ara wɔ Berlin-Plötzensee, Brandenburg, ne Halle/Saale afiase. Wei akyi no, wɔasan ayɛ mmeae foforo bɛyɛ 70 ho kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ baabi a wokunkum Adansefo no binom nso.

 Wɔn a wokunkum wɔn no bi ni

  • Ne din: Helene Gotthold

    Faako a wokum no: Plötzensee (Berlin)

    Ná Helene yɛ ɔbea warefo a ɔwɔ mmofra mmienu. Wɔkyeree no toom mpɛn pii. Afe 1937 mu no, wɔyɛɛ no ayakayakade ara ma ne nyinsɛn sɛee. Wɔde afiri twaa ne ti kum no December 8, 1944 wɔ Plötzensee afiase wɔ Berlin.

  • Ne din: Gerhard Liebold

  • Faako a wokum no: Brandenburg

    Ná Gerhard adi mfe 20. Wotwaa ne ti kum no May 6, 1943. Na wɔadi kan atwa ne papa ti mfe mmienu a na atwam no wɔ afiase koro no ara. Ɔkyerɛw krataa de kɔmaa n’abusuafo ne ɔbea a anka ɔrebɛware no. Ɔne wɔn dii nkra sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Awurade na ogyinaa m’akyi a, anka merentumi nnyina mu mmedu sesɛɛ.”

  • Ne din: Rudolf Auschner

  • Faako a wokum no: Halle/Saale

    Wotwaa Rudolf ti kum no September 22, 1944. Na wadi mfe 17 pɛ. Ɔkyerɛw krataa de kɔmaa ne maame ne no dii nkra sɛ: “Anuanom bebree atumi agyina mu akodu awiei, enti me nso metumi.”

^ nky. 22 Hitler’s Hangman: The Life of Heydrich, kratafa 105.