Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Buronya?

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Buronya?

Nsɛm a nkurɔfo ka to yɛn so

 Nea nkurɔfo ka: Yehowa Adansefo nnye Yesu nni, ɛno nti na wonni Buronya no.

 Nokwasɛm: Yɛyɛ Kristofo, na yegye di sɛ Yesu Kristo nko ara na yɛnam no so benya nkwa.—Asomafo Nnwuma 4:12.

 Nea nkurɔfo ka: Mokyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ mma wonnni Buronya, enti mode mpaapaemu ba mmusua mu.

 Nokwasɛm: Mmusua ho hia yɛn paa, enti yɛde Bible boa nkurɔfo ma anigye ba wɔn mmusua mu.

 Nea nkurɔfo ka: Buronya yɛ anigye bere. Obiara kyɛ ade, ɛma asomdwoe ba nkurɔfo ntam, na nkurɔfo yɛ afoforo papa. Buronya a munni nti, ne nyinaa bɔ mo.

 Nokwasɛm: Daa yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyɛ ade, na yɛne nkurɔfo tena asomdwoe mu. (Mmebusɛm 11:25; Romafo 12:18) Nhwɛso bi ni. Sɛnea yɛyɛ yɛn asafo nhyiam ne asɛnka adwuma no, ɛne Yesu akwankyerɛ yi hyia. Ɔkaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Bio nso, yɛboa nkurɔfo ma wohu sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi de asomdwoe aba asaase so.—Mateo 10:7.

Adɛn nti na Yehowa Adansefo nni Buronya?

  •   Yesu kaa sɛ ne wu na yɛnkae, ɛnyɛ n’awo.—Luka 22:19, 20.

  •   Yesu asomafo no ne Kristofo a wɔtenaa ase tete no anni Buronya. Nhoma bi ka sɛ, “Afe 243 [Y.B.] akyi na Yesu awo ho afahyɛ no bae.” (New Catholic Encyclopedia) Eyi kyerɛ sɛ ɔsomafo a otwa to no wui no, edi boroo mfe 100 ansa na wɔrefi ase ahyɛ Yesu awo ho fã.

  •   Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu December 25; Bible nka da a wɔwoo Yesu.

  •   Yegye di sɛ Onyankopɔn ani nnye Buronya ho, efisɛ efi abosonsomfo amammerɛ ne wɔn amanne mu.—2 Korintofo 6:17.

Buronya nso, obi di a na ayɛ dɛn?

 Nkurɔfo pii nim sɛ Buronya fi abosonsom mu na enni Bible mu nso, nanso wɔda so di. Ebia saa nkurɔfo no bebisa sɛ: Ade a obiara yɛ bi no, adɛn nti na Kristofo nko ara de wontumi nyɛ bi? Buronya nso, obi di a na ayɛ dɛn?

 Bible tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma obi dwen ma yɛn. Ɛka sɛ yɛmfa yɛn “adwene” nyɛ adwuma. (Romafo 12:1, 2) Ɛka kyerɛ yɛn sɛ yɛmma nokware no nsom bo mma yɛn. (Yohane 4:23, 24) Ɛnyɛ nea yɛpɛ ne sɛ nkurɔfo bɛkeka yɛn ho nsɛm. Nanso sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛyɛ. Sɛ ɛno nti nkurɔfo bɛkeka yɛn ho nsɛm mpo a, ɛnhaw yɛn.

 Ɛwom sɛ yɛn ankasa de, yenni Buronya, nanso sɛ obi bedi oo, sɛ ɔrenni oo, yɛnka ho asɛm. Sɛ nkurɔfo redi Buronya a, yɛnkasa ntia.