Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Joseph Ne Polisifo Bi Kɔɔ Asɛnka

Joseph Ne Polisifo Bi Kɔɔ Asɛnka

 Sɛ woyɛ Yehowa Dansefo a, fa no sɛ da koro a woreyɛ afie afie asɛnka adwuma no, na polisifo ka wo ho, anka wobɛte nka sɛn? Saa na ɛtoo Joseph a ɔwɔ Micronesia. Afe 2017 mu no, ɔne Adansefo mmiɛnsa bi kɔyɛɛ ɔsatu titiriw wɔ supɔw ahorow bi a atew ne ho so.

 Bɛyɛ awia 12 no, Adansefo nnan yi koduu supɔw ketewa bi so. Nnipa bɛyɛ 600 na ɛtete hɔ. Woduu hɔ no, polisifo panyin a ɔwɔ supɔw no so no maa wɔn akwaaba. Joseph ka sɛ: “Polisifo panyin no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, wobetumi de wɔn kar afa yɛn akɔ afie ahorow no mu. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa, nanso yefi obu mu daa no ase na yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yɛbɛfa fam akɔ. Ná yɛpɛ sɛ yɛnantew srasra nkurɔfo sɛnea yɛtaa yɛ no.”

 Adawurubɔfo yi siim. Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ, obiara a wobehyia no kwan so no, wobedi no adanse. Wɔkaa sɛ, “Ná kurom hɔfo no pɛ nnipa, na na wɔn ani gye asɛmpa no ho. Wei nti, efie biara a yɛkɔɔ mu no, yɛtenaa hɔ kyɛe.”

 Akyiri yi, polisifo kar no besian Joseph ho mprenu. Nea ɛto so mmiɛnsa no de, egyinae. Polisifo no ka kyerɛɛ Joseph sɛ, ɔpɛ a, wɔde wɔn kar no bɛfa no akɔ afie a onnya nkɔɔ mu no mu. Joseph ka sɛ, “Mesan ka kyerɛɛ wɔn sɛ eye, nanso saa bere yi de, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔde wɔn kar no bɛfa me. Wɔkaa sɛ, ‘Ade reyɛ asa, na ɛrenkyɛ na moafi ha, enti ma yɛmfa wo nkɔ afie a aka no mu.’ Ná meyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye. Ampa ara nso, na aka afie kakra a ɛsɛ sɛ mekɔ mu, enti mepenee so. Nea esii ne sɛ, sɛ yɛrebɛn ofie bi a, apolisifo no bɔ wɔn a wɔte hɔ no din kyerɛ me. Afei wɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mebɔ pon no mu na obiara ampue a, wɔbɛbɔ abɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ofiewura no bɛte sɛ obi aba hɔ.”

 “Nea wɔyɛe no boaa yɛn ma yetumi kɔɔ fie biara mu kɔkaa asɛmpa no. Yɛmaa nhoma pii, na yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ, yɛbɛsan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no.”

 Apolisifo no ka kyerɛɛ Joseph sɛ, wɔn “ani agye paa sɛ wɔboa ma wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo.” Adansefo no fii supɔw no so no, na ade asa ara ne sa. Ansa na wɔrefi hɔ no, wɔmaa apolisifo no nhoma; na polisifo no ani agye, na wɔyɛɛ wɔn baabae.