2018 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam No Befi Ase May
Ansa na nhyiam no befi ase no, Adansefo a wɔwɔ wiase baabiara bɛto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi a wɔrennye obiara sika.
2018 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam No Befi Ase May
Ansa na nhyiam no befi ase no, Adansefo a wɔwɔ wiase baabiara bɛto nsa afrɛ nkurɔfo ama wɔaba bi a wɔrennye obiara sika.
Yehowa Adansefo Adwumakuw a Ɛwɔ US No Wɔ Dan Bi Wɔ Russia, Na Russia Atumfoɔ Pɛ Sɛ Wogye
Appeal no bɛkɔ so wɔ Saint Petersburg Kuropɔn Kɔɔto hɔ. Wobedi asɛm no ahwɛ sɛ wobegye Yehowa Adansefo kan adwumayɛbea ti a ɛwɔ Russia no anaa.
Russia Aban Mpanyimfo De Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo a Denmarkni a Ɔda Afiase Ka Ho Esiane Adwuma Pa a Wɔyɛ De Boaa Wɔn Mpɔtam Hɔfo Nti
Aban mpanyimfo a wɔwɔ Oryol kuropɔn mu abɔ Yehowa Adansefo bi aba so esiane adwuma pa a wɔyɛ de boaa wɔn mpɔtam hɔfo nti. Dennis Christensen a nnansa yi ara wɔkyeree no bere a na ɔwɔ Kristofo nhyiam ase no ka ho.
Wɔpam Yehowa Adansefo Mmofra Mmienu Bi Fii Sukuu Mu Esiane Wɔn Ahonim Nti, Nanso Wɔasan Agye Wɔn
Esiane sɛ mmofra no anto ɔman dwom nti, wɔpam wɔn fii sukuu. Sukuu mpanyimfo no ama wɔn kwan sɛ wɔnsan mmra sukuu.
Ɔmampanyin Putin De Abatete Ho Abasobɔde Ama Yehowa Adansefo
Russia Mampanyin Vladimir Putin de ‘Abasobɔde a Wɔde Hyɛ Awofo Anuonyam’ maa Valeriy ne Tatiana Novik. Wɔyɛ Yehowa Adansefo a wofi Karelia. Wɔyɛɛ saa dwumadi no wɔ Moscow Abankɛse (Kremlin) mu.
Adansefo a Wɔwɔ Ghana Yɛɛ Ntɛm De Mmoa Mae Bere a Nsu Yiri Sɛee Nneɛma Na Ekunkum Nkurɔfo No
Adansefo a wɔwɔ Ghana paw nkurɔfo ma wɔde mmoa kɔmaa wɔn a asɛm ato wɔn no. Nneɛma a wɔde kɔmaa wɔn no bi ne nsu, na wɔhwɛɛ wɔn a wɔyare no nso.