Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐTUMI ASUA BIBLE ATE ASE

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosua Bible Te Ase?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosua Bible Te Ase?

“Bible yɛ nyamesom nwoma a agye din paa. Nanso yɛn Chinafo deɛ yɛbu no sɛ ananafo nwoma, na ɛrentumi mmoa yɛn.”—LIN, CHINA.

“Meyɛ Hinduni; yɛn nwoma kronkron no mpo mente ase na kampɛsɛ Bible.”—AMIT, INDIA.

“Megye tom sɛ Bible yɛ nwoma a akyɛ paa na menim sɛ nnipa pii wɔ bi nanso me deɛ, memfaa m’ani kosua nhuu bi da.”—YUMIKO, JAPAN.

Wokɔ wiase baabiara a, wobɛhu sɛ nnipa pii ntoto Bible no ase koraa. Nanso wobɛhwɛ no, na Bible no mu nsɛm kakraa bi na ebia wɔnim. Wokɔ Asia sei a, wobɛhu sɛ nnipa ɔpepem pii nnim Bible no mu nsɛm. Nanso ɛnyɛ Asiafo nko ara; aman a Bible nnyɛ na wɔ hɔ mpo no, nnipa pii wɔ hɔ a, wɔnnim Bible mu.

Ebia wobɛbisa sɛ, ‘Adɛn koraa na ɛsɛ sɛ mesua Bible no te ase?’ Sɛ wosua Bible te ase a, mfaso a wobɛnya no bi ni:

  • W’ani bɛgye na wo koma atɔ wo yam

  • Nsɛmnsɛm ba w’abusua mu a, wobɛtumi asiesie

  • Ɛbɛte wo dadwene so

  • Ɛbɛma wo ne nkurɔfo ntam ayɛ kama

  • Ɛbɛma woatumi atoto wo sikasɛm yie

Yɛnhwɛ Yoshiko a ɔfiri Japan. Ná ɔpɛ sɛ ɔhu nea ɛwɔ Bible mu, enti ɔno ara gyee bere kenkanee. Dɛn na ɔhui? Ɔkaa sɛ: “Bible no aboa me ma manya anidaso na mahu nea enti a mewɔ wiase. Seesei manya akomatɔyam.” Amit a yɛaka ne ho asɛm dada no nso yɛɛ sɛ ɔbɛhwehwɛ Bible mu ahu nea ɛwɔ mu. Ɔkaa sɛ: “Nea mehui no maa me ho dwirii me. Nsɛm a mfaso wɔ so wɔ Bible mu, na ɛyɛ ma obiara.”

Bible no asesa nnipa ɔpepem pii abrabɔ. Adɛn nti na wo ara wonnye bere nhwehwɛ Bible mu nhu nea ɛwɔ mu ne sɛnea ɛbɛtumi aboa wo?