Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

Onyankopɔn De Bɔne Firi a, Ɔma Ne Werɛ Fi Anaa?

Onyankopɔn De Bɔne Firi a, Ɔma Ne Werɛ Fi Anaa?

YEBETUMI aka sɛ mmuae no yɛ yiw. Yehowa hyɛ wɔn a ɔdom wɔn no bɔ sɛ: “Mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yeremia 31:34) Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ ɔde abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn a, ɔnkae wɔn bɔne no bio. Ɛno kyerɛ sɛ amansan kɛse yi Bɔfo no de bɔne kyɛ a, na afi ne tirim koraa anaa? Asɛm a ɛwɔ Hesekiel nhoma mu no ma yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn de bɔne firi a ɔnkae bio.—Kenkan Hesekiel 18:19-22.

Yehowa de odiyifo Hesekiel yɛɛ kasamafo kaa atemmusɛm tiaa Yudafo atuatewfo ne wɔn kurow Yerusalem. Ná ɔman no nyinaa agyae Yehowa som, na na wɔde awudisɛm ahyɛ asase no so ma. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ Babilonfo na ɛbɛsɛe Yerusalem. Nanso Yehowa rebu Yerusalemfo atɛn no mpo, ɔmaa wɔn anidaso. Ɔde obiara pɛ maa no sɛ nea obiara bɛyɛ no, ɛso akatua na obenya.—Nkyekyɛm 19, 20.

Na sɛ ɔdebɔneyɛfo sakra bɛyɛ adepa nso ɛ? Yehowa kae sɛ: “Sɛ ɔbɔnefo dan fi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho bedi m’ahyɛde nyinaa so, na odi asɛntrenee yɛ nea ɛteɛ a, nkwa na obenya; ɔrenwu.” (Nkyekyɛm 21) Sɛ ɔbɔnefo bi gyae bɔne yɛ na ofi komam nu ne ho a, Yehowa wɔ ‘ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri’ no.—Dwom 86:5.

Bɔne a wayɛ no nso ɛ? Yehowa kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bɔne a wayɛ biara nni hɔ a wɔbɛkae.” (Nkyekyɛm 22) Hyɛ no nsow sɛ, ɔkae sɛ ɔbɔnefo no bɔne “biara nni hɔ a wɔbɛkae.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ saa asɛm no nsow?

Wohwɛ Bible mu a, wubehu sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘kae’ no, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi rekae biribi a atwam. Nhoma bi ka saa asɛmfua no ho asɛm sɛ: “Mpɛn pii no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi [bɛkae biribi] atu ho anammɔn; ɛtɔ da bi nso a wɔde bata adeyɛ nsɛm bi ho.” Enti sɛ Bible ka sɛ “kae” biribi a, ebetumi akyerɛ sɛ “tu biribi ho anammɔn.” Ne saa nti, sɛ Yehowa ka kyerɛ ɔbɔnefo a wanu ne ho sɛ “bɔne a wayɛ biara nni hɔ a wɔbɛkae” a, na ɔreka akyerɛ no sɛ ɔrensan mfa mmɔ no kwaadu anaa ɔrentwe n’aso wɔ ho bio. *

Sɛnea Hesekiel 18:21, 22 ka Onyankopɔn fafiri ho asɛm ma ɛka yɛn koma no ma yehu sɛ edi mu. Sɛ Yehowa de yɛn bɔne firi yɛn a, ɔrensan mfa nnan yɛn ka bio. Mmom no, sɛ obi nu ne ho a, Yehowa tow bɔne no nyinaa gu ɔno Yehowa no akyi. (Yesaia 38:17) Ɛyɛ te sɛ nea wapopa saa bɔne no koraa.—Asomafo Nnwuma 3:19.

Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yehia Onyankopɔn mmɔborɔhunu. Ɛyɛ dɛn ara a yɛbɛyɛ bɔne mpɛn pii. (Romafo 3:23) Nanso Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ, sɛ yenu yɛn ho ampa a, ɔde yɛn bɔne befiri yɛn. Sɛ ɔde yɛn bɔne firi yɛn nso a, ɔnkae bio; kae a ɔnkae no ne sɛ, ɔremfa yɛn bɔne no nnan yɛn ka bio anaa ɔrentwe yɛn aso wɔ ho bio. Eyi nyɛ awerɛkyekyesɛm anaa? Sɛ wohwɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunu a, ɛnka wo mma wommɛn no anaa?

July Bible akenkan:

Hesekiel 6-20

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Saa ara nso na sɛ Bible ka sɛ “wɔbɛkae obi bɔne” a, ebetumi akyerɛ sɛ “wɔbɛyɛ biribi atia ɔbɔnefo no.”—Yeremia 14:10.