Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmhyɛ 2. Aduankɔm

Nkɔmhyɛ 2. Aduankɔm

Nkɔmhyɛ 2. Aduankɔm

“Aduankɔm bɛba.”—MARKO 13:8.

● Owura bi kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ akuraa bi ase wɔ Quaratadji a ɛwɔ Niger. Esiane ɔkɔm no nti, ne maame nua mma, ne nuabarimanom, ne ne nuabeanom nso fi akyirikyiri guan baa saa kuro no so. Nanso, na saa ɔbarima yi nkutoo da kɛtɛ so wɔ fam. Dɛn nti na aka ne nkutoo? Sidi a ɔyɛ akuraa no ase hɔ hene no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “ɔbarima yi nni nea ɔne n’abusua bedi ma enti ontumi nhwɛ wɔn anim mpo.”

DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Wɔ wiase nyinaa no, sɛ woyi nnipa 7 biara si hɔ a, wɔn mu 1 nnya aduan a obedi ma aso no da koro. Wɔ Afrika Sahara anafo fam no, tebea no nye koraa. Nnipa 3 mu 1 na bere nyinaa wonnya aduan a wobedi. Bere a saa akontaabu yi wɔ w’adwenem no, susuw abusua bi a agya, ɛna, ne abofra kumaa wom no ho hwɛ. Sɛ aduan a wɔwɔ no bɛso wɔn mu baanu pɛ a, ɛnde wɔn mu hena na ɔbɛda kɔm? Agya no? ɛna no? anaa abofra kumaa no? Eyi ne gyinae a ɛsɛ sɛ mmusua a wɔte saa no sisi da biara da.

NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Asase no ma nnɔbae a ebetumi aso obiara. Nea ehia ara ne sɛ nnipa de asase so nneɛma bedi dwuma yiye.

SO ƐTƆ ASOM? Nokwarem no, bere biara nni hɔ a akuafo atumi atwa nnɔbae de akɔ mmeae ahorow wɔ abakɔsɛm mu sen saa bere yi. Ɛsɛ sɛ anka aban ahorow no tumi yɛ aduan a wonya fi asase mu no ho nhyehyɛe pa de tu ɔkɔm ase. Nanso bere tenten a wɔde abɔ mmɔden sɛ wobetu ɔkɔm ase no nkosii hwee.

WUSUSUW HO DƐN? So asɛm a ɛwɔ Marko 13:8 no renya ne mmamu? Ɛmfa ho sɛ woanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no, so aduankɔm da so ara yɛ nnipa pii haw wɔ wiase nyinaa?

Mpɛn pii no, asasewosow ne aduankɔm di kan sisi ansa na ɔhaw ahorow a efi nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne ahorow a aka no atoa so.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Sɛ mmofra a wonya mpafe, ayamtu, ne nyarewa ahorow no mu nkyekyɛm abiɛsa nyaa aduan pa dii a, anka worenwu.”—ANN M. VENEMAN, A KAN NA ƆDA AMANAMAN NKABOM MMOFRA FOTO NO ANO.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]

© Paul Lowe/Panos Pictures