Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

3 Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Bɔ Mpae?

3 Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa so Bɔ Mpae?

ƐDEFA mpaebɔ ho no, nyamesomfo pii twe adwene si sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade no so, te sɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yegyina hɔ anaa yɛkotow hɔ, nsɛm a ɛsɛ sɛ yɛka, ne amanne a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nanso Bible boa ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nneyɛe a ɛtete saa so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde si asɛmmisa yi fã a ɛho hia kɛse no so, “Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so bɔ mpae?”

Bible ka Onyankopɔn asomfo anokwafo ho asɛm sɛ wɔbɔɔ mpae wɔ akwan pii so. Ná wotumi bɔ mpae wɔ wɔn tirim anaa wɔbɔ no denneennen ma epue sɛnea tebea no bɛma kwan. Ná wotumi pagyaw wɔn ti hwɛ soro anaa wɔbɔ wɔn mu ase bɔ mpae. Sɛ́ anka wɔde ahoni, nhene, anaa mpaebɔ nhoma bedi dwuma wɔ wɔn mpaebɔ mu no, wofi wɔn komam de wɔn ankasa nsɛm bɔɔ mpae. Dɛn na ɛmaa wɔn mpaebɔ no tuu mpɔn?

Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Onyankopɔn biako pɛ na wɔbɔɔ no mpae—Yehowa. Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ɛho hia. Yɛkenkan wɔ 1 Yohane 5:14 sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.” Ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛde hyia. Ɛno kyerɛ dɛn?

Sɛ yɛbɛbɔ mpae ma ɛne Onyankopɔn apɛde ahyia a, ehia sɛ yehu n’apɛde. Ɛnde na ehia paa sɛ yesua Bible no. So eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn rentie yɛn gye sɛ yɛyɛ Bible ho abenfo ansa? Dabi, mmom Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yebesua n’apɛde ho ade, abɔ mmɔden ate ase, na yɛde ayɛ adwuma. (Mateo 7:21-23) Ehia sɛ yɛbɔ mpae ma ɛne nea yesua no hyia.

Mpaebɔ a etu mpɔn no ne Onyankopɔn apɛde hyia, wɔbɔ no gyidi mu, na wɔbɔ wɔ Yesu din mu

Bere a yesua Yehowa ne n’apɛde ho ade no, ɛma yɛn gyidi mu yɛ den—na ɛno nso boa wɔ mpaebɔ mu. Yesu kae sɛ: “Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidi a, mo nsa bɛka.” (Mateo 21:22) Gyidi nkyerɛ sɛ wubegye biribiara atom kɛkɛ. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ wubegye biribi a ɛwɔ adanse a emu yɛ den a wunhui mpo atom. (Hebrifo 11:1) Adanse pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ, Yehowa a yenhu no no wɔ hɔ ankasa, wotumi de ho to no so, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ otie wɔn a wogye no di no mpaebɔ. Bio nso, yebetumi asrɛ Yehowa bere nyinaa sɛ ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia.—Luka 17:5; Yakobo 1:17.

Ade foforo a ehia wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ho nso ni. Yesu kae sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Enti Yesu ne ɔkwan a yebetumi afa so abɛn yɛn Agya Yehowa. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae wɔ ne din mu. (Yohane 14:13; 15:16) Ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yesu mpae. Mmom no, yɛbɔ mpae Yesu din mu bere a yɛkae sɛ Yesu nti na yetumi bɛn yɛn Agya a ɔyɛ pɛ na ɔyɛ kronkron no.

Bere bi, Yesu akyidifo a wɔbɛn no paa no bisaa no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛnea wɔbɔ mpae.” (Luka 11:1) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nneɛma a ehia a yɛasusuw ho seesei no na wɔrebisa. Na wɔpɛ sɛ wohu nea ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm wɔ mpaebɔ mu—enti wobisaa biribi te sɛ, ‘Dɛn ho mpae na yɛmmɔ?’