Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛɛ Dɛn na Yɛbae?

Ɛyɛɛ Dɛn na Yɛbae?

Ɛyɛɛ Dɛn na Yɛbae?

DƐN NTI NA MMUAE NO HO HIA? Wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ yɛn. Wɔaka akyerɛ wɔn sɛ nnipa nyinaa fi adannandi mu na ɛbae, na ɛnam so na wonyaa nkate, nyansa, ne adwene a wɔde susuw asetra ho kɔ akyiri no.

Nanso susuw ho hwɛ: Sɛ yɛnam adannandi so na ɛbae, na Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ a, ɛnde na ɔkwan bi so no, nnipa yɛ nnyanka. Anka nnipa rennya obiara a onim nyansa sen wɔn a wobetumi agye afotu afi ne hɔ—kyerɛ sɛ, obiara nni hɔ a ɔbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn haw ano aduru. Anka gye sɛ yɛde yɛn ho to nnipa so ma wosiw nneɛma a ɛresɛe wɔ asase yi so ano, wosiesie amanyɔsɛm mu basabasayɛ, na wɔakyerɛ yɛn sɛnea yebedi yɛn haw ahorow ho dwuma.

Sɛ nnipa so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to a, so anka wubetumi anya asomdwoe ankasa? Sɛ ɛnte saa a, susuw obi a ɔwɔ nyansa sen yɛn a yɛde yɛn ho bɛto no so nso ho hwɛ. Ɛnyɛ anigye nko na saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya, na mmom ntease wom nso.

Nea Bible Ka

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa. Yemfi adannandi a ntease biara nnim no mu na ɛbae. Mmom no, yɛyɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ na onim nyansa bi mma. Hyɛ Bible mu nsɛm a emu da hɔ yi nsow:

Genesis 1:27. “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no, ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.”

Dwom 139:14. “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”

Mateo 19:4-6. “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na onipa begyaw ne papa ne ne maame na wakɔbata ne yere ho, na baanu no ayɛ honam biako’? Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam biako. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”

Asomafo Nnwuma 17:24, 25. “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no, Ɔno ne ɔsoro ne asase Wura, enti ɔnte asɔrefie a wɔde nnipa nsa ayɛ mu, na saa ara nso na wɔmfa nnipa nsa nsom no te sɛ nea biribi hia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa.”

Adiyisɛm 4:11. “Wofata, Yehowa, yɛn Nyankopɔn, sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wɔbɔe.”

Sɛnea Mmuae a Bible De Ma ma Yenya Asomdwoe Ankasa

Esiane sɛ yenim sɛ “abusua biara a ɛwɔ . . . asase so nya ne din” fi Onyankopɔn nkyɛn nti, ɛma yenya nkurɔfo ho adwene a ɛfata. (Efesofo 3:15) Adwene a ɛte saa a yɛwɔ no nso ka sɛnea yebu yɛn ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ yɛn haw ho. Ɛbɛma yɛasusuw nneɛma ho wɔ akwan a edidi so yi so.

Sɛ ɛsɛ sɛ yesisi gyinae bi a ɛyɛ den a, yɛremma adwene horow a afoforo wɔ no nhaw yɛn pii. Mmom no, yɛde yɛn ho bɛto Bible mu afotu so. Dɛn ntia? Efisɛ “Kyerɛwnsɛm nyinaa fi Nyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso, na Onyankopɔn nipa afata koraa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.”—2 Timoteo 3:16, 17.

Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ ne ahohyɛso na yɛatumi de Bible mu afotu adi dwuma. Ɛtɔ da bi a, ebia emu afotu bɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ biribi a sɛ ɛkaa yɛn nko a, anka yɛrenyɛ. (Genesis 8:21) Nanso sɛ yegye tom sɛ Agya bi a ɔwɔ ɔdɔ a ɔte soro na ɔbɔɔ yɛn a, ɛnde ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ onim nea eye ma yɛn. (Yesaia 55:9) Enti n’Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Sɛ yɛde afotu yi yɛ adwuma a, ɛma ɔhaw a yɛfa mu bere a yɛrehyia nsɛnnennen ne bere a yɛresisi gyinae no so tew.

Sɛ nkurɔfo bu yɛn animtiaa a, yɛrente nka sɛ yɛba fam, na yɛrennya adwene sɛ nnipa a wofi ɔman foforo so anaa abusua foforo mu som bo sen yɛn. Mmom no, yɛbɛte nka sɛ yɛn nso yɛfata. Dɛn ntia? Efisɛ yɛn Agya, Yehowa Nyankopɔn, “nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Sɛ yehu saa a, ɛremma yemmu afoforo animtiaa na amma yɛannya wɔn ho adwene a ɛmfata. Yebehu sɛ biribi papa biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yegyina so bu yɛn ho sɛ yɛsen afoforo, efisɛ Onyankopɔn yɛɛ “nnipa aman nyinaa fii nipa baako mu sɛ wɔntra asase nyinaa so.”—Asomafo Nnwuma 17:26.

Nokwarem no, esiane sɛ yenim sɛ wɔbɔɔ yɛn, na yɛn Bɔfo no dwen yɛn ho nti, yebetumi anya asomdwoe ankasa. Nanso sɛ yɛbɛkɔ so anya asomdwoe a, pii ho hia.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

So nnipa nam adannandi so na ɛbae?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Esiane sɛ yenim sɛ yɛn Bɔfo no dwene yɛn ho nti, yebetumi anya asomdwoe