ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM October 2014

Adesua nsɛm a yɛbɛsua fi December 1 kɔsi December 28, 2014 wɔ nsɛmma nhoma yi mu.

Fa Wo Werɛ Hyɛ Ahenni no Mu Pintinn

Yehowa de apam ahorow nsia sii so dua sɛ n’Ahenni bɛma n’atirimpɔw abam. Ɔkwan bɛn so na apam yi bɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn gyidi den?

“Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman”

Apam nsia na yɛasusuw ho, na mmiɛnsa a ɛtwa to no bɛma yɛde yɛn werɛ ahyɛ Onyankopɔn Ahenni no mu na yɛaka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Ma W’ani Nnye Sɛ Woanya Hokwan ne Yehowa Reyɛ Adwuma!

Dɛn na ɛka Yehowa asomfo ma wɔde wɔn apɛde to nkyɛn na wɔne Yehowa yɛ adwuma?

‘Fa W’adwene Si Nneɛma a Ɛwɔ Soro So’

Adɛn nti na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no de wɔn adwene si nneɛma a ɛwɔ soro so? Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

ASETENAM NSƐM

Nneɛma Titiriw a Akɔ So Wɔ Ahenni Adwuma no Mu

Mildred Olson de bɛboro mfe 75 asom Yehowa; ɔde mfe 29 yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔ El Salvador. Dɛn na ɛboa no ma ɔnya ahoɔden sɛ ababaa?