Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnyɛ Yɛn Ho Akumaa

Momma Yɛnyɛ Yɛn Ho Akumaa

“Nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.”—LUKA 9:48.

1, 2. Afotu bɛn na Yesu de maa n’asomafo no, na dɛn nti na ɔyɛɛ saa?

NÁ ƐYƐ afe 32 Y.B. Saa bere no, na Yesu ne n’asomafo no wɔ Galilea mantam mu. Wɔwɔ hɔ no, asomafo no bi fii ase gyee akyinnye; na obiara pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔyɛ kɛse. Asɛmpa kyerɛwfo Luka kae sɛ: “Asɛm bi sɔree wɔn mu a ɛfa nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho. Bere a Yesu huu wɔn koma mu nsusuwii no, ɔfaa abofra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obiara a obegye abofra yi me din mu no, na wagye me nso, na obiara a obegye me no, na wagye nea ɔsomaa me no nso. Na nea ɔyɛ ne ho akumaa wɔ mo nyinaa mu no, ɔno na ɔyɛ ɔkɛse.’” (Luka 9:46-48) Yesu tɔɔ ne bo ase boaa asomafo no ma wohuu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase.

2 Sɛ yɛde afotu a Yesu de maa n’asomafo sɛ wɔnyɛ wɔn ho akumaa no toto adwene a na Yudafo kura saa bere no ho a, dɛn na yebetumi aka? Ná ehyia anaa ɛbɔ abira? Nhoma bi ka sɛ ade biako a na ehia Yudafo paa ne dibea, enti na obiara hwɛ yiye sɛ ɔntew ne yɔnko dibea so wɔ biribiara mu. (Theological Dictionary of the New Testament) Ná Yesu mpɛ sɛ n’asuafo no suasua saa suban no.

3. (a) Sɛ yɛka sɛ obi yɛ ne ho akumaa a, ɛkyerɛ dɛn? Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho akumaa? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “akumaa” no kyerɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase anaa ɔba fam, obi a onni tumi anaa dibea biara. Yesu faa abofra kumaa de no yɛɛ asuade maa n’asomafo no huu  nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sua biribi fi afotu a Yesu de maa n’asomafo no mu. Ɛtɔ da bi a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho akumaa. Ɛyɛ nnipa su sɛ yɛbɛma yɛn ho so asen afoforo na yɛapɛ anuonyam ama yɛn ho. Obiara pɛ sɛ odi ne yɔnko anim wɔ wiase yi mu, na yɛanhwɛ yiye a yebenya saa su no bi na yɛayɛ pɛsɛmenkominya na yɛahyɛ afoforo so mpo. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase? Bere a Yesu kae sɛ ‘nea ɔyɛ akumaa na ɔyɛ ɔkɛse’ no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Tebea bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da ahobrɛase adi?

“O HWƐ SƐNEA ONYANKOPƆN AHONYA NE NYANSA NE NIMDEƐ MU DƆ FA!”

4, 5. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase? Ma nhwɛso.

4 Sɛ yɛhwɛ Yehowa kɛseyɛ a, yehu sɛ nnipa nsɛ hwee. Eyi yɛ ade biako a ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase. Yehowa sõ, na nokwasɛm ne sɛ “obiara ntumi nhwehwɛ ne ntease mu nwie.” (Yes. 40:28) Na ɔsomafo Paulo nim sɛ Yehowa yɛ kɛse, enti ɔkyerɛwee sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa! Hwɛ, wɔrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Rom. 11:33) Bɛyɛ mfe 2,000 ni na Paulo kaa saa asɛm no, na efi saa bere no de besi nnɛ nnipa nimdeɛ adɔɔso, nanso asɛm a ɔkae no da so ara yɛ nokware. Sɛ yɛasua ade akosi he mpo a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ yɛrentumi nsua Yehowa ho ade nwie da, na ne nnwuma ne n’akwan nso, yɛrentumi mpɛɛpɛɛ mu nwie.

5 Ma yɛmfa Leo * asɛm no nyɛ nhwɛso. Ohui sɛ ɔrentumi nsua Onyankopɔn abɔde ho nsɛm nwie da, na eyi boaa no ma ɔbrɛɛ ne ho ase. Bere a Leo yɛ aberante no, na n’ani gye nyansahu ho. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛnea amansan yi te, enti osuaa ho ade wɔ sukuu. Nanso ɔno ankasa kae sɛ: “Nea misuae no ma mihui sɛ nyansahu nkutoo ntumi mmoa adesamma mma wonhu biribiara a ɛwɔ amansan yi mu. Enti migyae kosuaa mmara.” Bere bi akyi no, Leo bɛyɛɛ lɔyani, na edidi mu ara na ɔbɛyɛɛ ɔtemmufo. Akyiri yi Yehowa Adansefo ne Leo ne ne yere suaa Bible ma wohuu nokware no, na wohyiraa wɔn ho so maa Onyankopɔn bɔɔ asu. Ná Leo asua nhoma akɔ akyiri de, nanso dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ  ne ho akumaa? Ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ yɛyɛ dɛn ara a, yɛrentumi nsua Yehowa ne amansan yi ho ade nwie da.”

Ɛyɛ nidi kɛse paa sɛ Yehowa ama yɛreka asɛmpa no

6, 7. (a) Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase paa? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahobrɛase ama obi ayɛ ‘kɛse’?

6 Ade foforo a ɛboa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase ne sɛ Yehowa ankasa brɛ ne ho ase. Anyɛ hwee koraa no, “yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Wo de, susuw ho hwɛ: Yehowa, Onyankopɔn a ne kɛseyɛ nni ano no, di yɛn ni sɛ wama yɛanya hokwan de n’Asɛm Bible reyɛ asɛnka adwuma no! Asɛnka adwuma no te sɛ aba a yedua gugu so nsu. Ɛwom sɛ Yehowa na ɔma enyin de, nanso hokwan a ɔde ama yɛn sɛ yɛne no mmom nyɛ adwuma no yɛ nidi kɛse. (1 Kor. 3:6, 7) Eyi nko ara mpo kyerɛ sɛ Onyankopɔn brɛ ne ho ase paa. Ɛsɛ sɛ Yehowa nhwɛso yi hyɛ yɛn mu biara nkuran na ɔyɛ ne ho akumaa.

7 Biribiara a odwontofo Dawid yɛe biara, Onyankopɔn ahobrɛase na ɛbɔɔ no kyidɔm. Ɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Wode wo nkwagye kyɛm bɛma me, na w’ahobrɛase na ɛma meyɛ kɛse.” (2 Sam. 22:36) Dawid gye toom sɛ Yehowa ahobrɛase na ɛmaa no so ma otumi yɛɛ nneɛma akɛse wɔ Israel. (Dw. 113:5-7) Saa ara na ɔyɛ ma yɛn nso. Wo de, ma yɛnhwɛ, dɛn paa na yɛwɔ a ‘yɛannya’ amfi Yehowa hɔ—nimdeɛ, hokwan, ɔdom akyɛde, anaa dɛn? (1 Kor. 4:7) Obi a ɔyɛ ne ho akumaa yɛ ‘kɛse,’ efisɛ Yehowa bu ne somfo a ɔte saa sɛ ɔsom bo. (Luka 9:48) Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

‘NEA ƆYƐ AKUMAA MO MU YƐ KƐSE’

8. Dɛn nti na ehia sɛ wɔn a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu brɛ wɔn ho ase?

8 Sɛ yɛn ani begye Onyankopɔn ahyehyɛde yi mu na yɛadi asafo no akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a, ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Momma yɛmfa ababaa bi a yɛfrɛ no Petra asɛm no nyɛ nhwɛso. Na n’abusuafo yɛ Adansefo, nanso na ɔpɛ sɛ ɔno ara yɛ nea ɔpɛ, enti ɔne asafo no ammɔ bio. Mfe bi akyi no, ofii ase ne asafo no bɔe bio. Seesei ɛyɛ ne dɛ sɛ ɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi asafo no akwankyerɛ so. Dɛn na ɛkaa no ma ɔsesae? Ɔkae sɛ, sɛ n’ani bɛka Onyankopɔn ahyehyɛde no mu a, su a ehia paa ne ahobrɛase.

9. Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɔyɛ n’ade dɛn wɔ honhom fam aduan ho? Dɛn nti na yebetumi aka sɛ onipa a ɔte saa som bo?

9 Sɛ obi brɛ ne ho ase a, n’ani sɔ honhom fam aduan ne nneɛma foforo a Yehowa de ma yɛn. Obi a ɔte saa gye bere sua Bible, na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara mpa ne ti so a ɔnkenkan. Yehowa asomfo pii de ayɛ wɔn su sɛ nhoma foforo biara ba a, wɔbɛkenkan ne nyinaa ansa na wɔde ato hɔ. Obi a ɔbrɛ ne ho ase no yɛ saa ara. Sɛ yesua asafo nhoma a, ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛn ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama yɛn. Ɛno bɛma yɛn ho akokwaw na ayɛ mmerɛw ama Yehowa sɛ ɔde yɛn bedi dwuma pii wɔ ne som mu.—Heb. 5:13, 14.

10. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɛn ho akumaa wɔ asafo no mu?

10 Ade foforo nso wɔ hɔ a ɛma obi a ɔyɛ ne ho akumaa yɛ ‘kɛse’ anaa ɔsom bo ma Yehowa. Asafo biara wɔ mpanyimfo a Yehowa de ne honhom  kronkron apaw wɔn. Mpanyimfo no yɛ asafo nhyiam ne asɛnka ho nhyehyɛe, na wɔsrasra anuanom hyɛ wɔn den. Sɛ yɛyɛ yɛn ho akumaa na yeso mpanyimfo no asen ma nhyehyɛe ahorow no kɔ so a, ɛboa ma anigye, asomdwoe, ne biakoyɛ tena asafo no mu. (Monkenkan Hebrifo 13:7, 17.) Sɛ woyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo na wo ara wohwɛ hokwan kɛse a Yehowa de ama wo yi a, so ɛnka wo mma wommrɛ wo ho ase na wonkyerɛ ho anisɔ?

11, 12. Su bɛn na ɛbɛma Yehowa ahyehyɛde no de yɛn adi dwuma pii, na dɛn ntia?

11 Nea ɔyɛ ne ho akumaa yɛ ‘kɛse’ anaa ɔsom bo ma Yehowa ahyehyɛde no, efisɛ n’ahobrɛase nti Onyankopɔn tumi de no di dwuma pii. Yesu tuu n’asuafo fo sɛ wɔnyɛ wɔn ho akumaa efisɛ na wɔn mu binom resuasua wiase no su. Luka 9:46 ka sɛ: “Asɛm bi sɔree wɔn mu a ɛfa nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho.” Ɛtɔ da bi a yɛn nso, ɛyɛ yɛn sɛ yɛkyɛn yɛn nuanom Kristofo anaa yɛsen obiara? Ahantan ne pɛsɛmenkominya adonnɔn wiase mu nnipa dodow no ara, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansuasua wɔn. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde Yehowa apɛde di kan a, yetumi ne yɛn nuanom bɔ ma wɔn ani gye.

12 Sɛ yɛte afotu a Yesu de mae sɛ yɛnyɛ yɛn ho akumaa no ase a, ɛbɛka yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase wɔ tebea biara mu. Momma yensusuw tebea abiɛsa bi ho.

BƆ MMƆDEN YƐ WO HO AKUMAA

13, 14. Dɛn na okunu anaa ɔyere yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔreyɛ ne ho akumaa? Eyi bɛboa wɔn aware dɛn?

13 Aware mu. Ɛnnɛ, nnipa pii dwen wɔn nko ara de ho; sɛ ɛba sɛ wobetiatia afoforo fahodi so na wɔn nsa aka nea wɔpɛ mpo a ɛmfa wɔn ho. Nanso obi a ɔyɛ ne ho akumaa wɔ su a ɔsomafo Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yenya no bi. Ɔkyerɛw Romafo no sɛ: “Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn den akyi.” (Rom. 14:19) Obi a ɔyɛ ne ho akumaa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne obiara ntam, titiriw ɔne ne kunu anaa ne yere ntam.

14 Wo de, ma yɛmfa anigyede nyɛ nhwɛso. Ebetumi aba sɛ ɛsono nea ɔbarima no pɛ sɛ ɔde gyigye n’ani, ɛnna ɛsono nea ɔbea no nso pɛ. Ebia nea ɔbarima no de gyigye n’ani ne sɛ ɔbɛtena fie akenkan nhoma bi. Nanso ɔbea no de, ebia nea ɔpɛ ne sɛ obepue akɔtena baabi adidi anaa wakɔsrasra ne nnamfo. Sɛ ɔbarima no brɛ ne ho ase na wannwen nea ɔno nko ara pɛ ho na odwen ne yere ho a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama ne yere sɛ obebu no. Sɛ ɔbea no nso anhyɛ ne kunu sɛ ɔnyɛ nea ɔpɛ mma no na odwen nea ne kunu pɛ ho a, ne kunu bɛdɔ no paa na wabu no. Sɛ awarefo no biara yɛ ne ho akumaa a, wɔn aware no bɛsɔ.—Monkenkan Filipifo 2:1-4.

15, 16. Su bɛn na Dawid kaa ho asɛm wɔ Dwom 131, na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ asafo no mu?

15 Asafo no mu. Wiase no mu de, nnipa dodow no ara pɛ biribi a, wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka no hɔ ara. Wonni abotare a wɔde twɛn biribiara. Sɛ yɛyɛ yɛn ho akumaa a, ɛboa ma yɛtwɛn Yehowa. (Monkenkan Dwom 131:1-3.) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase twɛn Yehowa a, obehyira yɛn. Yebenya ahobammɔ, akomatɔyam ne awerɛkyekye. Enti sɛ Dawid ka kyerɛɛ ne mfɛfo Israelfo sɛ wonnya abotare ntwɛn Onyankopɔn a, na odi ka!

 16 Sɛ wobrɛ wo ho ase twɛn Yehowa a, wo nso wubenya awerɛkyekye te sɛ Dawid. (Dw. 42:5) Ebia wopɛ sɛ ‘wobɛyɛ ahwɛfo adwuma’ no bi. Sɛ saa a, na ‘woapɛ adwuma pa.’ (1 Tim. 3:1-7) Ɛnde yɛ nea wubetumi biara ma honhom kronkron mmoa wo na nya su a obi hia ansa na wɔapaw no panyin. Na sɛ wuhu sɛ worebɔ wo ho mmɔden nanso wɔrepaw afoforo gyaw wo a, dɛn na wobɛyɛ? Obi a ɔyɛ ne ho akumaa twɛn kosi sɛ ne nsa bɛka hokwan wɔ asafo no mu. Bere a ɔretwɛn nyinaa ɔde anigye som Yehowa, na ɔma n’ani sɔ dwumadi biara a ɛhyɛ ne nsa.

17, 18. (a) Sɛ yɛfom na yɛpa kyɛw na yɛde afoforo mfomso kyɛ wɔn a, ɛboa yɛn dɛn? (b) Afotusɛm bɛn na ɛwɔ Mmebusɛm 6:1-5?

17 Yɛne afoforo ntam. Nnipa pii wɔ hɔ a kyɛwpa yɛ wɔn yaw sɛ kuru. Nanso Onyankopɔn asomfo yɛ wɔn ho akumaa, enti wɔfom a, wogye tom pa kyɛw. Afoforo nso fom wɔn a, wɔde kyɛ wɔn. Ahomaso toto nnipa ntam na ɛpaapae wɔn mu, nanso yɛde mfomso kyɛ a, ɛde asomdwoe ba asafo no mu.

18 Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛho behia sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase’ na yɛpa ho kyɛw. Ɛho nhwɛso bi ni: Yɛmfa no sɛ yɛne obi ayɛ nhyehyɛe nanso biribi nti yɛantumi anni so. Ebetumi aba sɛ ɛnyɛ wo nkutoo na womaa nhyehyɛe no sɛee; onipa no nso ka ho bi. Nanso Kristoni a ɔbrɛ ne ho ase begye atom sɛ wafom na wapa kyɛw.—Monkenkan Mmebusɛm 6:1-5.

Hokwan bɛn na wode bɛkyerɛ sɛ woyɛ wo ho akumaa?

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ afotu a Bible de ma sɛ yɛnyɛ yɛn ho akumaa no?

19 Sɛ yɛhwɛ afotu a Bible de ma yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn ho akumaa no a, ɛka yɛn koma paa! Ɛtɔ bere bi a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho akumaa. Nanso sɛ yɛkae sɛ Yehowa sõ sen yɛn koraa na ɛtena yɛn adwenem sɛ Yehowa ankasa brɛ ne ho ase a, ɛbɛka yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Yɛyɛ saa a, Yehowa bebu yɛn sɛ yɛsom bo. Enti momma yɛn mu biara nyɛ ne ho akumaa.

^ nky. 5 Wɔasesa edin no bi.