Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Treneefo Beyi Onyankopɔn Ayɛ Daa

Treneefo Beyi Onyankopɔn Ayɛ Daa

 Treneefo Beyi Onyankopɔn Ayɛ Daa

“Ɔtreneeni de, wɔbɛkae no . . . Ne trenee wɔ hɔ daa.”—DW. 112:6, 9.

1. (a) Anigye bɛn na wɔn a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo nyinaa benya daakye? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

HWƐ anigye ara a nnipa a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo nyinaa benya daakye! Wɔde anigye besua Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho ade pii daa. Bere a wɔbɛkɔ so asua nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho ade pii no, wobefi wɔn komam ayi no ayɛ. Nneɛma titiriw a wɔyɛ a ɛbɛma wɔanya anigye a ɛte saa daakye no mu biako ne ‘adetrenee’ a wɔasi so dua wɔ Dwom 112 no. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron ne ɔtreneeni no atumi abu nnipa abɔnefo sɛ wɔyɛ treneefo? Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ adetrenee no, yedi mfomso, na ɛtɔ mmere bi a yedi mfomso a anibere wom mpo.—Rom. 3:23; Yak. 3:2.

2. Anwonwade abien bɛn na Yehowa fi ɔdɔ mu yɛe?

2 Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ nhyehyɛe a ɔnam so bu nnipa abɔnefo sɛ wɔyɛ treneefo. Dɛn na ɔyɛe? Nea edi kan no, ɔnam anwonwakwan so yii ne Ba a ɔdɔ no a ɔwɔ soro no nkwa bɛhyɛɛ ɔbaabun bi awotwaa mu ma wotumi woo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ. (Luka 1:30-35) Afei bere a Yesu atamfo kum no no, Yehowa yɛɛ anwonwade foforo a na ɛno nso yɛ soronko. Onyankopɔn nyan Yesu baa nkwa mu bio sɛ honhom abɔde a ɔwɔ anuonyam.—1 Pet. 3:18.

3. Dɛn nti na na Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛma ne Ba no nkwa wɔ soro sɛ akatua?

 3 Yehowa de biribi a na ne Ba Yesu nni bi ansa na ɔreba asase so no maa no sɛ akatua, na ɛno ne nkwa a owu nnim a ɔde maa no wɔ soro no. (Heb. 7:15-17, 28) Ná Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ eyi ama Yesu, efisɛ na Yesu akɔ so akura ne mudi mu wɔ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mu. Yesu nam saa a ɔyɛe so maa n’Agya nyaa mmuae a edi mũ koraa wɔ atoro a Satan twa too nnipa so sɛ ɛnyɛ ɔdɔ a emu yɛ den na wɔde som Onyankopɔn na mmom pɛsɛmenkominya adwene na wɔde som no no ho.—Mmeb. 27:11.

4. (a) Bere a Yesu san kɔɔ soro no, dɛn na ɔyɛ maa yɛn, na dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho? (b) Wote nka dɛn wɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no ho?

4 Bere a Yesu kɔɔ soro no, ɔyɛɛ nneɛma pii. Ɔde “n’ankasa mogya” so mfaso kɔe ‘koyii ne ho adi Onyankopɔn anim maa yɛn.’ Yɛn soro Agya no fi ayamye mu gyee Yesu afɔrebɔde a ɛsom bo no sɛ “yɛn bɔne ho mpata afɔre.” Enti yebetumi de ‘ahonim a wɔatew ho’ ‘asom Onyankopɔn teasefo no.’ Eyi ma yetumi gye Dwom 112 mu asɛm a edi kan a ɛka sɛ, “Munyi Yah ayɛ” no tom!—Heb. 9:12-14, 24; 1 Yoh. 2:2.

5. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn akɔ so abu yɛn treneefo? (b) Akwan bɛn na wɔafa so ahyehyɛ Dwom 111 ne Dwom 112?

5 Sɛ Onyankopɔn bɛkɔ so abu yɛn treneefo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Yesu mogya a wohwie gui no mu gyidi. Ɛnsɛ sɛ yɛma da koro mpo twam a yɛnna Yehowa ase wɔ ɔdɔ kɛse a wada no adi akyerɛ yɛn no ho. (Yoh. 3:16) Ɛho hia nso sɛ yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm, na yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so nya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim nyinaa betumi anya afotu pa afi Dwom 112 mu. Dwom 112 boa ma yɛte Dwom 111 ase yiye. Wɔde nteɛm a ɛne “Munyi Yah ayɛ!” anaa “Haleluia!” na efi nnwom abien no nyinaa ase, na kasamu 22 di emu biara akyi, na wɔde Hebri nkyerɛwee 22 no mu biako na efi kasamu no mu biara ase. *

Nea Ɛde Anigye Ba

6. Ɔkwan bɛn so na wohyira “onipa” a osuro Onyankopɔn a wɔaka ne ho asɛm wɔ Dwom 112 mu no?

6 “Anigye ne onipa a osuro Yehowa, na ne mmara nsɛm da ne koma so. N’asefo bɛyɛ kɛse asase so. Wobehyira teefo awo ntoatoaso.” (Dw. 112:1, 2) Hyɛ no nsow sɛ odwontofo no dii kan kaa “onipa” biako ho asɛm, ɛnna afei ɔkaa “teefo” a ɛwɔ dodow kabea mu ho asɛm wɔ nkyekyɛm 2 no fã a etwa to no mu. Eyi kyerɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 112 no betumi afa nnipakuw bi a emu nnipa dɔɔso ho. Nea ɛne eyi hyia no, Onyankopɔn honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔfaa Dwom 112:9 mu asɛm de kaa Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu ho asɛm. (Monkenkan 2 Korintofo 9:8, 9.) Hwɛ sɛnea saa dwom yi kyerɛkyerɛ sɛnea Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so nnɛ no ani betumi agye no mu yiye!

7. Dɛn nti na ehia sɛ Onyankopɔn asomfo nya ne ho osuro pa, na ɛsɛ sɛ wubu Onyankopɔn ahyɛde ahorow no dɛn?

 7 Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 112:1 no, saa nokware Kristofo yi nya anigye kɛse bere a wɔnantew ‘Yehowa suro’ mu no. Saa osuro pa yi a ɛremma wɔnyɛ nea Yehowa ani nnye ho no boa wɔn ma wɔko tia Satan wiase no. Ná Onyankopɔn Asɛm a wobesua na wɔadi n’ahyɛde so no ne ade a ‘ɛda wɔn koma so.’ Saa ahyɛde no bi ne Ahenni no ho asɛmpa a ɛsɛ sɛ wɔka wɔ asase so nyinaa no. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu asuafo, na bere koro no ara nso wɔbɔ nnipa abɔnefo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu da a ɛreba no ho.—Hes. 3:17, 18; Mat. 28:19, 20.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔahyira Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nsi a wɔde som no nnɛ no ho? (b) Nhyira bɛn na wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no benya daakye?

8 Esiane sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so nnɛ di saa ahyɛde no so nti, seesei wɔn dodow aboro ɔpepem ason. Hena na obetumi agye kyim sɛ Yehowa nkurɔfo nyɛɛ “kɛse asase so”? (Yoh. 10:16; Adi. 7:9, 14) Na hwɛ sɛnea sɛ Onyankopɔn ma n’atirimpɔw ba mu a, “wobehyira” wɔn afa! Wobegye wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu sɛ kuw, na wɔn na wɔde wɔn bɛkyekye “asase foforo” a “trenee bɛtena mu” no. Bere rekɔ so no, “wobehyira” wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Harmagedon mu no kɛse mpo. Wɔn na wɔbɛma nnipa ɔpepem pii a wobenyan wɔn afi awufo mu no akwaaba. Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Awiei koraa no, wɔn a Onyankopɔn mmara nsɛm ‘da wɔn koma so’ no bɛyɛ pɛ na wɔanya “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” daa.—2 Pet. 3:13; Rom. 8:21.

Ahonyade a Wɔde Di Dwuma Nyansam

9, 10. Dɛn na nokware Kristofo de Onyankopɔn nyansa ne nimdeɛ pii a wɔwɔ no ayɛ, na ɔkwan bɛn so na wɔn trenee bɛtena hɔ daa?

9 “Ahonyade ne ade dodow wɔ ne fie; ne trenee wɔ hɔ daa. Wahyerɛn wɔ esum mu sɛ kanea  ama teefo. Ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo ne ɔtreneeni.” (Dw. 112:3, 4) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na wonim Onyankopɔn asomfo bi sɛ wɔwɔ ahonyade pii. Sɛ wɔn a wonya Onyankopɔn anim dom no nni ahonyade mpo a, wɔbɛyɛ adefo ankasa wɔ ɔkwan foforo so. Nokwasɛm ne sɛ ebetumi aba sɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase no mu dodow no ara yɛ ahiafo na wobu wɔn animtiaa sɛnea na ɛte wɔ Yesu bere so no. (Luka 4:18; 7:22; Yoh. 7:49) Nanso, sɛ́ obi wɔ ahonyade pii anaasɛ onni bi no, obetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ne nyansa pii.—Mat. 6:20; 1 Tim. 6:18, 19; monkenkan Yakobo 2:5.

10 Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo no mmfa Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ne nyansa pii a wɔwɔ no nnkame afoforo. Mmom no “wahyerɛn” wɔ Satan wiase a emu yɛ sum no mu “sɛ kanea ama teefo.” Nea wɔyɛ de yɛ saa ne sɛ wɔboa afoforo ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ ne ne nyansa pii. Wɔn a wɔsɔre tia wɔn no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔagyae Ahenni asɛnka adwuma no, nanso wontumi nyɛɛ saa. Mmom no, aba a adwuma pa yi sow no bɛtena ‘hɔ daa.’ Sɛ Onyankopɔn asomfo kɔ so yɛ adetrenee a, wobetumi anya awerɛhyem sɛ wɔbɛtena ase “daa.”

11, 12. Nneɛma a Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn ahonyade yɛ no bi dɛn?

11 Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn ne wɔn a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo nyinaa abue wɔn nsam de wɔn ahonyade ama. Dwom 112:9 ka sɛ: “Wakyɛ ade pii; wama ahiafo ade.” Ɛnnɛ nokware Kristofo taa de wɔn ahonyade boa wɔn mfɛfo Kristofo ne nnipa a wɔne wɔn te mpɔtam a wohia mmoa no mpo. Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, wɔde wɔn ahonyade nso boa wɔn a wɔn nneɛma asɛe. Sɛnea Yesu kae no, ɛno nso de anigye ba.—Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:35; 2 Korintofo 9:7.

12 Bio nso, susuw sika a wɔde tintim nsɛmma nhoma yi wɔ kasa 172 mu a nnipa a wɔka saa kasa horow no mu pii yɛ ahiafo no ho hwɛ. San susuw ho hwɛ sɛ wɔyɛ nsɛmma nhoma yi wɔ mum kasa ahorow mu ne Anifuraefo Nkyerɛwee mu nso.

Adom ne Atɛntrenee

13. Henanom na wɔdom nnipa sen biara, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua wɔn?

13 “Ɔbarima a ɔyɛ ɔdomfo na ɔde fɛm no yɛ onipa pa.” (Dw. 112:5) Ebia woahyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔn a wɔboa afoforo no yɛ adomfo. Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔboa afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo behu sɛ wɔwɔ pii, na ebinom wɔ hɔ nso a wɔde amemenemfe na ɛyɛ saa. Sɛ obi reboa wo na obu wo abomfiaa anaasɛ ɔma wote nka sɛ wohaw adwene anaa woyɛ adesoa a, ɛnyɛ ade a w’ani begye ne mmoa no ho. Nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ obi a ɔyɛ ɔdomfo bɛboa wo. Yehowa ne obi a ɔyɛ ɔdomfo na ɔde anigye ma ade sen obiara. (1 Tim. 1:11; Yak. 1:5, 17) Yesu Kristo suasuaa adom a n’Agya da no adi no bi pɛpɛɛpɛ. (Mar. 1:40-42) Enti sɛ Onyankopɔn bebu yɛn sɛ treneefo a, ɛsɛ sɛ yɛtew yɛn anim ma ade na yɛdom afoforo, titiriw bere a yɛreboa nkurɔfo ma wɔahu Yehowa wɔ asɛnka mu no.

14. Akwan a yebetumi afa so de ‘atɛntrenee ayɛ biribiara’ no bi ne dɛn?

14 “Atɛntrenee mu na ɔyɛ ne biribiara.” (Dw. 112:5) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, ofiehwɛfo nokwafo kuw no hwɛ nea ne Wura wɔ so sɛnea Yehowa atɛntrenee hwehwɛ sɛ ɔyɛ. (Monkenkan Luka 12:42-44.) Eyi da adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ a wɔde ama mpanyimfo a ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wodi asafo no mufo a wɔayɛ bɔne a anibere wom asɛm no mu. Sɛnea wodi nsɛm ho dwuma wɔ atɛntrenee kwan so no nso da adi wɔ Bible akwankyerɛ a akoa kuw no de ma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma wɔ asafo ahorow, asɛmpatrɛwfo afie, ne Betel afie nyinaa mu no mu. Ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na wɔhwɛ kwan sɛ wɔde atɛntrenee bɛyɛ adwuma, na mmom ɛsɛ sɛ Kristofo afoforo nso de atɛntrenee yɛ adwuma wɔ wɔne wɔn ho wɔn ho nsɛnni mu, wɔne wɔn a wɔnyɛ gyidifo nsɛnni mu, ne adwuma ho nsɛm mu.—Monkenkan Mika 6:8, 11.

 Treneefo Nhyira

15, 16. (a) Asɛmmɔne a esisi wɔ wiase no mu no ka treneefo dɛn? (b) Dɛn na Onyankopɔn asomfo asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ?

15 “Ɔrenhinhim da biara da. Ɔtreneeni de, wɔbɛkae no daa. Ɔrensuro asɛmmɔne mpo. Ne koma atim, na ɛda Yehowa so. Ne koma renhinhim; ɔrensuro, kosi sɛ obehu nea ɛbɛto n’atamfo.” (Dw. 112:6-8) Yɛntee asɛmmɔne pii saa da wɔ nnipa abakɔsɛm mu sɛ nnɛ. Asɛmmɔne a yɛte no bi ne akodi, amumɔyɛsɛm, nyarewa foforo a aba ne nyarewa a ɛkɔe a ɛresan aba, nsɛmmɔnedi, ohia, mframa bɔne ne efi a ɛsɛe ade. Nneɛma a asɛmmɔne yi de ba no ka wɔn a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo no nso, nanso ɛmmɔ wɔn hu. Mmom no, esiane sɛ wɔde ahotoso hwɛ nea ɛbɛba daakye no kwan, na wonim sɛ Onyankopɔn wiase foforo a trenee wom no abɛn nti, wɔn koma “atim” na ‘enhinhim.’ Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, esiane sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so ma ɔboa wɔn nti, wotumi gyina ɔhaw no ano yiye. Yehowa remma wɔn a obu wɔn treneefo no ‘nhinhim’ da—ɔboa wɔn, na ɔma wɔn ahoɔden ma wotumi gyina ano.—Filip. 4:13.

16 Ɛsɛ sɛ wɔn a Onyankopɔn bu wɔn treneefo no san gyina ɔtan a nnipa a wɔsɔre tia wɔn de ba wɔn so ne atoro a wotwa to wɔn so no ano, nanso eyi remma nokware Kristofo nnyae asɛmpa no ka da. Mmom no, Onyankopɔn asomfo kɔ so gyina pintinn na wonhinhim wɔ adwuma a Yehowa de ama wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛmpa na wɔnyɛ wɔn a wobetie nyinaa asuafo no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ treneefo behyia ɔsɔretia a emu yɛ den bere a awiei no rebɛn no. Ɔtan a ɛte saa no mu bɛyɛ den asen biara wɔ bere a Satan Ɔbonsam bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so wɔ wiase nyinaa sɛ Gog a ofi Magog no. Afei awiei koraa no, ‘yebehu nea ɛbɛto yɛn atamfo’ bere a wodi wɔn so nkonim koraa no. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yebehu sɛ wɔatew Yehowa din ho koraa!—Hes. 38:18, 22, 23.

‘Wɔbɛma so Anuonyam Mu’

17. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔbɛma’ treneefo so “anuonyam mu”?

17 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛbɛbom ayi Yehowa ayɛ a yɛrenhyia ɔsɔretia biara mfi Ɔbonsam ne ne wiase no hɔ! Wɔn a Onyankopɔn kɔ so bu wɔn treneefo no nyinaa benya anigye a ɛte saa daa. Wɔrenni wɔn so nkonim da, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ nso sɛ “wɔbɛma” wɔn a obu wɔn sɛ wɔyɛ treneefo no ‘abɛn so, anuonyam mu.’ (Dw. 112:9) Sɛ wɔn a Yehowa bu wɔn treneefo no hu sɛ wɔasɛe wɔn a wɔsɔre tia Yehowa tumidi no nyinaa a, wobedi ahurusi wɔ nkonimdi no ho.

18. Ɔkwan bɛn so na Dwom 112 nkyekyɛm a etwa to no bɛbam?

18 “Ɔdebɔneyɛfo de, obehu na ama ne bo afuw. Ɔbɛtwɛre ne se na wayera. Nnebɔneyɛfo akɔnnɔde bɛyera.” (Dw. 112:10) Ɛrenkyɛ wɔn a wɔkɔ so sɔre tia Onyankopɔn nkurɔfo no ne wɔn ahoɔyaw ne wɔn tan nyinaa ‘bɛyera.’ Wɔne akɔnnɔ a wɔwɔ sɛ wɔbɛma yɛagyae yɛn asɛnka adwuma no nyinaa bɛyera wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu.—Mat. 24:21.

19. Ahotoso bɛn na yebetumi anya?

19 So wobɛka nnipa a wɔwɔ anigye a wobegye wɔn nkwa wɔ saa nkonimdi kɛse no mu ho? Anaasɛ, sɛ ɛba sɛ yare anaa mpanyinyɛ nti, wo nkwa fi wo nsa ansa na Satan wiase no akɔ awiei a, wobɛka “wɔn a wɔteɛ” a wobenyan wɔn afi awufo mu no ho? (Aso. 24:15) Sɛ wokɔ so nya Yesu agyede afɔre no mu gyidi na wusuasua Yehowa sɛnea wɔn a wogyina hɔ ma “onipa” trenee a wɔka ne ho asɛm wɔ Dwom 112 no yɛ no a, wubetumi abua sɛ yiw. (Monkenkan Efesofo 5:1, 2.) Yehowa bɛhwɛ sɛ “wɔbɛkae” saafo no daa, na saa ara nso na wɔremmu ani ngu nneɛma a ɛteɛ a wɔyɛ no so. Yehowa bɛkae wɔn na wɔadɔ wɔn daa daa.—Dw. 112:3, 6, 9.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Nea ɛma yehu sɛ saa nnwom abien yi boa ma yɛte emu biara ase yiye ne sɛnea wɔahyehyɛ no ne emu nsɛm no. Sɛ yɛde Dwom 111:3, 4 toto Dwom 112:3, 4 ho a, yetumi hu sɛ “onipa” a osuro Onyankopɔn a wɔaka ne ho asɛm wɔ Dwom 112 mu no suasuaa Onyankopɔn su ahorow a wɔakamfo wɔ Dwom 111 mu no.

Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Yedwinnwen Ho

• Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛteɛm ka “Haleluia” no bi ne dɛn?

• Dɛn na ɛrekɔ so nnɛ a ɛma nokware Kristofo ani gye paa?

• Ɔdemafo bɛn na Yehowa dɔ no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn kɔ so bu yɛn treneefo a, ɛsɛ sɛ yenya Yesu mogya a wohwie gui no mu gyidi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ntoboa a yefi yɛn komam yi no betumi aboa wɔn a atoyerɛnkyɛm asɛe wɔn nneɛma, na aboa ma yɛakyekyɛ Bible ho nhoma pii