Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn

Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn

Abɔfo Sɛnea Wɔn Nneyɛe Ka Yɛn

BERE a odiyifo Daniel reka Onyankopɔn abɔfo a ohuu wɔn wɔ anisoadehu mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “[Abɔfo] mpem mpem som [Nyankopɔn], na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtraa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.” (Daniel 7:10) Bible mu asɛm yi ma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ abɔfo. Sɛ́ wɔbɛsom no na wɔayɛ krado sɛ wobedi n’akwankyerɛ so.

Ɛtɔ mmere bi a, Onyankopɔn de abɔfo di dwuma ma wɔyɛ nneɛma bi ma nnipa. Yebesusuw sɛnea ɔde abɔfo di dwuma ma wɔhyɛ ne nkurɔfo den, bɔ wɔn ho ban, wɔde nkrasɛm kɔma adesamma, na wɔde atemmu ba nnipa abɔnefo so ho.

Abɔfo Hyɛ Yɛn Den San Bɔ Yɛn Ho Ban

Efi bere a ahonhom abɔde yi huu sɛ wɔabɔ asase ne nnipa a wodi kan no, wɔakɔ so akyerɛ adesamma ho anigye yiye. Bere a Yesu Kristo a ɔwɔ soro reka ne ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ nyansa no, ɔkae sɛ: “Na m’ani ka nnipa mma mu.” (Mmebusɛm 8:31) Bible nso ka kyerɛ yɛn sɛ “abɔfo no pɛ sɛ wɔpɛɛpɛe” Kristo ne nea ɛbɛba daakye a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ n’adiyifo no mu.—1 Petro 1:11, 12.

Bere rekɔ so no, abɔfo no hui sɛ na nnipa dodow no ara nsom wɔn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi maa abɔfo no werɛ howee! Nanso, bere biara a ɔdebɔneyɛfo baako bɛsakra aba Yehowa nkyɛn no, “anigye ba Onyankopɔn abɔfo mu.” (Luka 15:10) Abɔfo dwen wɔn a wɔsom Onyankopɔn no yiyedi ho yiye, na Yehowa de wɔn adi adwuma mpɛn pii ma wɔahyɛ n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so no den na wɔabɔ wɔn ho ban. (Hebrifo 1:14) Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.

Abɔfo baanu boaa ɔtreneeni Lot ne ne mmabea no ma wonyaa wɔn ti didii mu bere woyii wɔn fii Sodom ne Gomora nkurow a na abɔnefosɛm ahyɛ mu ma a na wɔrebɛsɛe no no mu. * (Genesis 19:1, 15-26) Mfeha bi akyi no, wɔtoo odiyifo Daniel too gyata amoa mu nanso hwee anyɛ no. Dɛn ntia? Daniel kae sɛ: “Me Nyankopɔn asoma ne bɔfo ma wabemuamua agyata no ano.” (Daniel 6:22) Bere a Yesu fii n’asase so som adwuma ase no, abɔfo boaa no. (Marko 1:13) Na aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no “hyɛɛ no den.” (Luka 22:43) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ mmoa a ɔbɔfo no de maa Yesu no hyɛɛ no den wɔ n’asetram mmere titiriw yi mu! Ɔbɔfo bi nso yii ɔsomafo Petro fii afiase.—Asomafo Nnwuma 12:6-11.

So abɔfo bɔ yɛn ho ban nnɛ? Sɛ yɛsom Yehowa sɛnea N’asɛm se a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ n’abɔfo a wɔwɔ tumi kɛse na yenhu wɔn no bɛbɔ yɛn ho ban. Bible hyɛ bɔ sɛ: “[Yehowa] bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia, na ogye wɔn.”—Dwom 34:7.

Nanso yɛnhyɛ no nsow sɛ, abɔfo no adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛsom Nyankopɔn na mmom ɛnyɛ nnipa. (Dwom 103:20, 21) Nea Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn na wɔyɛ na ɛnyɛ nea onipa srɛ wɔn. Enti Yehowa Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ ne hɔ mmoa na ɛnyɛ abɔfo. (Mateo 26:53) Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yenhu abɔfo nti, yɛrentumi nkyerɛ sɛnea Onyankopɔn de wɔn di dwuma ma wɔboa nnipa wɔ nsɛm horow mu. Nanso yenim sɛ Yehowa de ne “denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9; Dwom 91:11) Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ‘biribiara a yebisa sɛnea Onyankopɔn apɛde te no, otie yɛn.’—1 Yohane 5:14.

Kyerɛwnsɛm no nso ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae na yɛsom no. (Exodus 20:3-5; Dwom 5:1, 2; Mateo 6:9) Abɔfo anokwafo hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔsomafo Yohane yɛe sɛ ɔresom ɔbɔfo bi no, saa honhom abɔde no kaa n’anim, na ɔkae sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa! . . . Som Onyankopɔn.”—Adiyisɛm 19:10.

Abɔfo Yɛ Onyankopɔn Asomafo

Asɛmfua “ɔbɔfo” kyerɛ “ɔsomafo” na eyi ne ɔkwan foforo a abɔfo nam so som Nyankopɔn—ɔsoma wɔn nnipa nkyɛn. Sɛ nhwɛso no, “Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu.” Dɛn ntia? Sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ababaa bi a wɔfrɛ no Maria sɛ ɛmfa ho sɛ ɔyɛ ɔbaabun no, ɔbɛfa afuru na wawo ɔbabarima, na wato ne din Yesu. (Luka 1:26-31) Wɔsomaa ɔbɔfo bi kɔɔ nguanhwɛfo a wɔwɔ sare so nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔawo “Awurade Kristo.” (Luka 2:8-11) Saa ara na Onyankopɔn de nsɛm somaa abɔfo kɔmaa Abraham, Mose, Yesu ne afoforo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no.—Genesis 18:1-5, 10; Exodus 3:1, 2; Luka 22:39-43.

Ɔkwan bɛn so na abɔfo som sɛ Onyankopɔn asomafo nnɛ? Susuw adwuma a Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ n’akyidifo bɛyɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba awiei no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14) Afe biara, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa. Nanso wunim sɛ abɔfo ka adwuma yi ho? Ɔsomafo Yohane kae wɔ anisoadehu bi a onyae mu sɛ: “Mihuu ɔbɔfo foforo . . . a okura daa asɛmpa sɛ anigyesɛm a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adiyisɛm 14:6, 7) Kyerɛwsɛm yi ma yehu adwuma titiriw a abɔfo yɛ ma nnipa nnɛ.

Yehowa Adansefo hu adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔfo di wɔn anim wɔ afie afie asɛnka adwuma a wɔreyɛ no mu. Wɔtaa kɔ nnipa bi a na wɔrebɔ mpae sɛ obi mmɛboa wɔn ma wɔnte Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ase no nkyɛn. Esiane akwankyerɛ a abɔfo no de ma ne adwuma a Adansefo no reyɛ nti, afe biara nnipa mpempem pii bɛsom Yehowa. Ɛmmra sɛ wode wo ho bɛhyɛ nkwagye adwuma a yɛreyɛ wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no mu.

Abɔfo Yɛ Onyankopɔn Abrafo

Ɛwom sɛ wɔmfa nhyɛɛ abɔfo nsa sɛ wommu nnipa atɛn de, nanso Onyankopɔn de wɔn di dwuma wɔ n’atemmu mu. (Yohane 5:22; Hebrifo 12:22, 23) Sɛ́ abrafo no, Onyankopɔn de wɔn dii dwuma tete no wɔ n’atemmu mu. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn de abɔfo dii dwuma de ko tiaa tete Misrifo a na wɔafa Israelfo nkoa no. (Dwom 78:49) Anadwo biako ‘Yehowa bɔfo’ kunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum a wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo wɔ wɔn ankasa nsraban mu.—2 Ahene 19:35.

Daakye nso, Onyankopɔn de abɔfo bedi dwuma wɔ n’atemmu mu. Yesu bɛba a ‘n’abɔfo a wɔwɔ tumi wɔ ogyaframa mu no ka ne ho, na ɔde aweredi bɛba wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wontie asɛmpa no so.’ (2 Tesalonikafo 1:7, 8) Nanso saa atemmu no bɛba wɔn a wontie asɛm a seesei wɔreka wɔ wiase nyinaa a abɔfo taa akyi no so. Na hwee renyɛ wɔn a wɔhwehwɛ Nyankopɔn na wɔde Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ di dwuma no.—Sefania 2:3.

Hwɛ anisɔ ara a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ma abɔfo anokwafo a bere biara wɔyɛ nea Onyankopɔn kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no! Yehowa de wɔn di dwuma ma wɔboa n’asomfo anokwafo a wɔwɔ asase so no na wɔbɔ wɔn ho ban. Eyi kyekye yɛn werɛ kɛse efisɛ ahonhom abɔde a wɔn ho yɛ hu a wɔfrɛ wɔn adaemone wɔ hɔ a wɔpɛ sɛ wɔhaw yɛn.

Adaemone—Wɔyɛ Henanom?

Wɔ bɛyɛ mfirihyia 1,500 akyi fi bere a Satan daadaa Hawa wɔ Eden turo mu no, Onyankopɔn abɔfokuw no hui sɛ ɛte sɛ nea Satan Ɔbonsam atumi atwe nnipa nyinaa afi Onyankopɔn ho gye anokwafo kakraa bi, te sɛ Abel, Henok ne Noa nko. (Genesis 3:1-7; Hebrifo 11:4, 5, 7) Abɔfo binom nso fii ase dii Satan akyi. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ ahonhom a wɔyɛ asoɔdenfo wɔ “Noa nna no mu.” (1 Petro 3:19, 20) Ɔkwan bɛn so na wɔn asoɔden no bɛdaa adi?

Wɔ Noa nna no mu no, abɔfo bi a yennim wɔn dodow tew atua na wofii Onyankopɔn soro abusua no mu baa asase so bɛfaa nipadua. Dɛn ntia? Na wɔanya ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ. Eyi ma wɔwoo mma a wɔyɛ abran a wɔfrɛ wɔn Nefilim. Bio nso, “bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” Nanso Yehowa Nyankopɔn amma adesamma abɔnefo yi ankɔ so antra hɔ. Ɔde Nsuyiri baa wiase nyinaa bɛsɛe nnipa abɔnefo nyinaa ne Nefilim no. Onyankopɔn asomfo anokwafo nkutoo ne nnipa a wɔkoraa wɔn nkwa so.—Genesis 6:1-7, 17; 7:23.

Abɔfo atuatewfo no ansɛe wɔ Nsuyiri a ɛbaa saa bere no mu. Wɔsakraa wɔn honam nipadua no faa honhom nipadua, na wɔkɔɔ ahonhom atrae. Efi saa bere no, wɔfrɛ wɔn adaemone. Wɔkyerɛe sɛ wɔwɔ Satan Ɔbonsam a ɔne “adaemone panyin” no afã. (Mateo 12:24-27) Sɛnea wɔn panyin te no, saa ara na adaemone no nso pɛ sɛ nnipa som wɔn.

Adaemone ho yɛ hu, nanso ɛnsɛ sɛ yesuro wɔn. Wɔn tumi no wɔ anohyeto. Bere a abɔfo asoɔdenfo no san kɔɔ soro no, Onyankopɔn amma wɔn kwan ma wɔankɔka Onyankopɔn abɔfokuw anokwafo no ho. Mmom no Onyankopɔn ne wɔn ntam tetewee na wɔannya honhom mu akwankyerɛ biara bio, na wonni anidaso papa bi daakye. Nokwarem no, wɔaka wɔn ahyɛ honhom fam sum kabii a wɔfrɛ no Tartarus mu. (2 Petro 2:4) Yehowa de wɔn ato “daa mpokyerɛ” mu wɔ honhom fam sum kabii mu. Afei nso, seesei wontumi nnan nnipa bio.—Yuda 6.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

So adaemone da so ara wɔ nnipa so tumi? Yiw, wɔnam “nnɛɛdɛe” a wɔn panyin Satan Ɔbonsam de di dwuma no ara so. (Efesofo 6:11, 12) Nanso sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu bɔ yɛn bra a, yebetumi ako atia adaemone. Bio nso, abɔfo a wɔwɔ tumi kɛse yi bɔ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no ho ban.

Hwɛ hia a ehia sɛ wuhu nea Onyankopɔn hwehwɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no na wode nea wusua no bɔ wo bra! Wubetumi asua Bible nkyerɛkyerɛ pii denam hu a wubehu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa krataa a wobɛkyerɛw akɔma wɔn a wontintim nsɛmma nhoma yi no so. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besua Bible no wɔ bere a ɛyɛ ma wo mu a wuntua hwee.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Bible no ka abɔfo ho asɛm sɛ mmarima a wɔanyin. Bere biara a wobeyi wɔn ho akyerɛ nnipa no, na wɔyɛ mmarima.

[Adaka wɔ kratafa 6]

SƐNEA WƆAHYEHYƐ ABƆFO

Yehowa ahyehyɛ abɔfokuw a wɔdɔɔso no wɔ saa kwan yi so:

Ɔbɔfo a ɔwɔ tumi kɛse paa ne ɔbɔfo panyin Mikael, anaa Yesu Kristo. (1 Tesalonikafo 4:16; Yuda 9) Serafim, kerubim ne abɔfo afoforo nyinaa hyɛ n’ase.

Serafim no wɔ gyinabea a ɛkorɔn paa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu. Wɔn na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua no ho. Wɔn adwuma bi ne sɛ wɔka Onyankopɔn kronkronyɛ na wɔhwɛ ma ne nkurɔfo ho tew wɔ honhom fam.—Yesaia 6:1-3, 6, 7.

Kerubim no wɔ Onyankopɔn ahengua ho na wɔka Yehowa kɛseyɛ kyerɛ.—Dwom 80:1; 99:1; Hesekiel 10:1, 2.

Abɔfo afoforo no yɛ Yehowa ananmusifo, na wɔyɛ n’apɛde.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Abɔfo yii Lot ne ne mmabaa no kɔɔ baabi a ahobammɔ wɔ

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bere a ɔsomafo Yohane yɛe sɛ ɔresom ɔbɔfo no, ɔka kyerɛ no sɛ: “Nyɛ saa!”

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Abɔfo yɛ Onyankopɔn abrafo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So worenya asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no so mfaso?