Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Na Meyɛ Mmerɛw De, Nanso Minyaa Ahoɔden

Na Meyɛ Mmerɛw De, Nanso Minyaa Ahoɔden

Asetram Nsɛm

Na Meyɛ Mmerɛw De, Nanso Minyaa Ahoɔden

SƐNEA LEOPOLD ENGLEITNER KA KYERƐE

Nasi Aban no asraafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn SS no panyin baako twee ne tuo de sii me ti ho bisae sɛ: “Wopɛ sɛ wuwu anaa? Merebɛtow tuo no akum wo efisɛ wo so nni mfaso biara.” Mebɔɔ mmɔden sɛ meremma me nne mpopo na mekae sɛ, “Mayɛ krado.” Mehyɛɛ me ho den, kataa m’ani twɛnee sɛ ɔbɛtow tuo no akum me anaa, nanso wanyɛ. Oyii tuo no fii m’asontɔre mu teɛɛm sɛ, “Woasɛe araa ma owu mpo mfata wo!” Ɛyɛɛ dɛn na mebaa tebea a ɛyɛ hu saa mu?

WƆWOO me July 23, 1905 wɔ Aigen-Voglhub kurow a ɛhyɛ Austria mmepɔw Alps mu no mu. Ná me papa yɛ adwuma wɔ baabi a wɔpae nnua, ɛnna na me maame nso yɛ okuafo bi ba. Ná me na meyɛ wɔn babarima panyin. Ná m’awofo yɛ ahiafo, nanso na wɔyɛ nnipa a wɔpɛ adwuma paa. Metraa Bad Ischl a ɛbɛn Salzburg wɔ me mmofraase, na ɔtare ne mmepɔw atenten a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ.

Meyɛ abofra no, na metaa dwen ntɛnkyea a ɛwɔ asetram no ho, na ɛnyɛ sɛ m’abusuafo yɛ ahiafo nko nti, na mmom esiane sɛ wɔwoo me na me mu akoa nso nti. Saa ɔhaw yi maa m’akyi yɛɛ me yaw a na ɛyɛ den ma me sɛ metumi agyina ntenten. Na wɔmma menyɛ apɔw-mu-teɛteɛ wɔ sukuu mu, ɛno nti ɛmaa me mfɛfo sukuufo no dii me ho fɛw.

Bere a Wiase Ko I no baa awiei no, na aka kakra ma madi mfe 14. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛhwehwɛ adwuma ayɛ na matumi atete me ho afi ohia ho. Ná ɔkɔm tumi de me paa bere nyinaa, na na esiane Spania influensa no nti, na me ho tumi yɛ hyehyeehyew paa ma meyɛ mmerɛw. Ná akunkum nnipa pii. Sɛ mekɔhwehwɛ adwuma a, nea na akuafo no dodow no ara ka kyerɛ me ne sɛ, “Yenni adwuma biara a obi a ɔyɛ mmerɛw te sɛ wo betumi ayɛ.” Nanso, okuafo bi a ne yam ye maa me adwuma yɛe.

Onyankopɔn Dɔ Maa M’ani Gyei

Ɛwom sɛ na Maame yɛ Katolekni mapa de, nanso na mentaa nkɔ asɔre. Ade titiriw nti a na ɛte saa ne sɛ na me papa nyɛ katee wɔ nyamesom ho. Me fam de, na ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu a na ahyɛ Roma Katolek Asɔre no mu ma no haw me.

Da bi, wɔ October 1931 mu no, m’adamfo bi ka kyerɛɛ me sɛ minkogya no wɔ nyamesom nhyiam bi a Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, yɛ ase. Minyaa nsɛmmisa a ɛho hia te sɛ nea edidi so yi ho mmuae fii Bible no mu wɔ saa nhyiam no ase: So ahonisom sɔ Onyankopɔn ani? (Exodus 20:4, 5) So hellgya bi wɔ hɔ? (Ɔsɛnkafo 9:5) So wobenyan awufo?—Yohane 5:28, 29.

Nea ɛmaa m’ani gyei kɛse ne sɛ, mihui sɛ Onyankopɔn ani nnye ako a nnipa di de kunkum nnipa no ho, ɛmfa ho mpo sɛ wɔka sɛ wɔko wɔ Onyankopɔn din mu no. Mibehui sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ” na ɔwɔ din a wama so, a ɛne Yehowa. (1 Yohane 4:8; Dwom 83:18) M’ani gyei nso sɛ mihui sɛ, ɛdenam Onyankopɔn Ahenni so no, nnipa betumi atra ase daa wɔ anigye mu wɔ paradise asase so. Mesan nso behui sɛ Onyankopɔn apaw nnipa bi a wɔnyɛ pɛ ama wɔanya anidaso a ɛyɛ nwonwa sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu. Ná mayɛ krado sɛ mede me ho nyinaa bɛma saa Ahenni no. Enti wɔ May 1932 mu no, mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ná asu a obi bɛbɔ sɛ Yehowa Dansefo no gye akokoduru, esiane sɛ saa bere no na Katolek som agye ntini paa wɔ Austria, enti na wɔn ani nnye nyamesom kuw foforo biara ho.

Mihyiaa Animtiaabu ne Ɔsɔretia

Bere a migyaee asɔre no kɔ no m’awofo ho dwiriw wɔn, na ntɛm ara na ɔsɔfo no nso gyinaa asɔre no anim ka kyerɛɛ asɔremma no nyinaa. Ná amannifo tow ntasu to fam wɔ m’anim de kyerɛ sɛ wɔn ani nnye me ho. Nanso, na masi me bo sɛ mɛyɛ bere nyinaa somfo, enti mifii akwampae adwuma ase wɔ January 1934 mu.

Esiane sɛ na Nasi amanyɔkuw no renya nkɛntɛnso kɛse wɔ yɛn mantam no mu nti, ɛmaa kurow no mu yɛɛ hu. Bere a na mereyɛ akwampae adwuma no wɔ Styria Bon a ɛwɔ Enns no, na polisifo no taataa me so bere nyinaa, enti na ɛsɛ sɛ meyɛ ‘anifere sɛ ɔwɔ.’ (Mateo 10:16) Efi afe 1934 kosi afe 1938 no, na ɔtaa abɛyɛ m’asetra fã. Ɛwom sɛ na menyɛ adwuma de, nanso wamfa sika a na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn a wɔnyɛ adwuma no amma me, na esiane m’asɛnka adwuma no nti wɔkyeree me too afiase mpɛn pii a manna hɔ ankyɛ na emu anan de medaa mu kyɛe paa.

Hitler Asraafo Bɛtow Hyɛɛ Austria So

Wɔ March 1938 mu no, Hitler asraafo no tow hyɛɛ Austria so. Wɔkyeree nnipa bɛboro 90,000, a wɔyɛ wɔn a wɔanyinyin no bɛyɛ ɔha mu nkyem 2, wɔ nna kakraa bi ntam de wɔn kɔɔ afiase ne nneduaban ahorow mu, bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔsɔre tia Nasi aban no. Ná Yehowa Adansefo no asiesie wɔn ho ama ɔtaa a na ɛreba no wɔ ɔkwan bi so. Wɔ afe 1937 ahohuru bere mu no, anuanom dodow bi a wɔwɔ asafo a midii kan ne wɔn bɔe mu no de baesekre twaa kilomita 350 kwan kɔɔ amanaman ntam nhyiam wɔ Prague. Wɔtee ayayade a wɔde yɛɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ Germany no wɔ nhyiam yi ase. Ɛdaa adi sɛ na afei de adu yɛn nso so sɛ yebehyia ɔtaa.

Tow a Hitler ne n’asraafo bɛtow hyɛɛ Austria so no maa Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn asafo nhyiam ne asɛnka adwuma no wɔ sum ase. Ɛwom sɛ na yewia yɛn ho de Bible ho nhoma twa Switzerland hye no de ba yɛn man mu de, nanso na ɛnnɔɔso a ɛbɛso obiara so. Enti na mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Vienna no yɛ Bible ho nhoma no bi wɔ sum ase. Ná wɔtaa soma me ma mede nhoma no kɔmema Adansefo no.

Wɔde Me Kɔɔ Nneduaban Bi Mu

Wɔ April 4, 1939 no, Gestapo (Nasi sum ase polisifo) kyeree me ne anuanom Kristofo baasa bere a na yɛredi Kristo wu Nkae no wɔ Bad Ischl. Wɔde yɛn nyinaa traa kar mu kɔɔ Ɔman no polisifo adwumayɛbea ti wɔ Linz. Ná eyi ne da a edi kan a matra kar mu, nanso esiane sɛ na mahaw nti anyɛ me dɛ. Wɔde me kɔɔ Linz no, wɔtotow nsɛmmisa a ɛwowɔ maa me basabasa, nanso mampa me gyidi. Asram anum akyi no, wɔde me kɔɔ ɔtemmufo a ɔhwehwɛ nsɛm mu anim wɔ Upper Austria mantam mu. Wogyaee me ho nhwehwɛmu a na esiane sɛ wɔabɔ me sobo sɛ meyɛ ɔsɛmmɔnedifo nti wɔreyɛ no mpofirim, nanso na me sɔhwɛ no to ntwae. Na anuanom baasa a aka no de, wɔde wɔn koguu nneduaban ahorow mu ma wowui wɔ hɔ. Wodii nokware kosii owu mu.

Wɔmaa medaa polisifo adwumayɛbea hɔ, na wɔ October 5, 1939 no, wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔde me bɛkɔ Buchenwald nneduaban mu wɔ Germany. Ná keteke bi retwɛn yɛn nneduafo no wɔ Linz keteke gyinabea. Ná adan nketenkete a ɛfa nnipa baanu baanu wɔ nnua nnaka no biara a esisi keteke no so no mu. Ná owura a me ne no wɔ dan mu ne kan Upper Austria mantam no soafo, Ɔbenfo Heinrich Gleissner.

Me ne Ɔbenfo Gleissner bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Ná tebea a mewom no ho asɛm hia no paa, na ɛhaw no sɛ bere a na ɔno yɛ ɔsoafo mpo no, Yehowa Adansefo hyiaa ɔhaw pii wɔ aban no nsam wɔ ne mantam mu hɔ. Ɔde awerɛhow ka kyerɛɛ me sɛ: “Owura Engleitner, merentumi nsesa mfomso a aba no de, nanso mepɛ sɛ mepa kyɛw. Ɛyɛ me sɛ yɛn aban no buu atɛnkyea. Sɛ ɛba sɛ wuhia mmoa biara a, m’ani begye ho sɛ mɛyɛ nea metumi biara de aboa wo.” Ɔko no akyi no me ne no san hyiae bio. Ɔboaa me ma migyee sika a wɔde maa wɔn a Nasi nniso no tanee wɔn ani no bi.

“Merebɛtow Tuo Akum Wo”

Miduu Buchenwald nneduaban mu wɔ October 9, 1939. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔka kyerɛɛ ɔwɛmfo a ɔhwɛ nneduaban mu hɔ sɛ Ɔdansefo bi ka nneduafo foforo a wɔde wɔn aba no ho, ma otuu n’ani sii me so. Ɔboroo me basabasa. Afei, bere a ohui sɛ ontumi mma mempa me gyidi no, ɔkae sɛ: “Engleitner, merebɛtow tuo akum wo. Nanso ansa na mɛyɛ saa no, mɛma woakyerɛw krataa akɔma w’awofo ne wɔn adi nkra.” Misusuw awerɛkyekyesɛm a metumi akyerɛw akɔma m’awofo ho, nanso bere biara a me de pɛn besi krataa no so sɛ merekyerɛw no, na wapem m’abatwɔw ama pɛn no asensan krataa no so. Odii me ho fɛw sɛ: “Hwɛ ogyimfo a ɔte sɛɛ! Onnim akyerɛw mpo. Nanso ɛno mma onnyae Bible kenkan, ɛnte saa?”

Afei ɔtwee ne tuo de sii me ti ho, na ɔma me gye dii sɛ ɔrebɛtow akum me sɛnea midii kan kae mfiase no. Eyi akyi no opiaa me kɔhyɛɛ afiasedan ketewaa bi a nnipa akyere so wɔ hɔ mu. Migyinaa hɔ anadwo mũ no nyinaa. Nanso na ɛnyɛ ade a anka metumi ada efisɛ na me honam nyinaa yɛ me yaw. “Awerɛkyekye” a nneduafo a me ne wɔn da dan mu de maa me ara ne sɛ, “Mfaso biara nni so sɛ wubewu ama ɔsom tantan bi!” Ná Ɔbenfo Gleissner da afiasedan a ɛtoa me de no so mu. Ɔtee nea esii no, na ɔkae sɛ, “Ɔtaa a wɔtaa Kristofo no asan reyi ne ti tantan no bio!”

Wɔ afe 1940 ahohuru bere mu no, ɛmfa ho mpo sɛ na yɛnyɛ adwuma Kwasida no, wɔhyɛe sɛ nneduafo no nyinaa nkɔ baabi a wɔpae abo nkɔyɛ adwuma wɔ hɔ Kwasida bi. Na eyi yɛ “subammɔne” bi a nneduafo no bi daa no adi ho asotwe. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnsoa abo akɛse bi mfi baabi a wɔpae abo no nkɔ nneduaban mu hɔ. Nneduafo baanu bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔde ɔbo kɛse bi bɛto m’akyi, na esiane emu duru nti anka ade reyɛ atɔ me so. Nanso, anwonwasɛm ne sɛ, Arthur Rödl, (Lagerführer ) nneduaban no sohwɛfo a obiara suro no no begyee me. Bere a ohui sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mɛsoa saa ɔbo no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wuntumi mfa saa ɔbo yi nto w’akyi nkodu nneduaban mu hɔ da! Fa to hɔ ntɛm ara!” M’ani gyei sɛ ɔhyɛɛ me sɛ memfa nto hɔ. Afei Rödl de ne nsa kyerɛɛ ɔbo bi a ɛyɛ ketewa kakra so, na ɔkae sɛ: “Ma ɛno so na fa bra nneduaban mu hɔ. Ɛno mu yɛ hare!” Ɛno akyi no ɔhyɛɛ nea na ɔrehwɛ yɛn so ama yɛayɛ adwuma no sɛ: “Ma Bible Asuafo no nsan nkɔ wɔn adan mu. Wɔayɛ adwuma a ɛsɔ ani nnɛ!”

Ná bere nyinaa ɛyɛ m’anigye sɛ me ne me nuanom Kristofo no bɛbɔ bere a yɛayɛ adwuma awiei da biara da no. Ná yɛwɔ nhyehyɛe a yɛde kyɛ Onyankopɔn asɛm no. Ná onua bi kyerɛw Bible mu nkyekyɛm bi mu asɛm wɔ krataa ketewaa bi so de ma onua foforo na ɔno nso wie a ɔde ama ɔfoforo. Ná yɛawia yɛn ho de Bible nso aba nneduaban mu hɔ. Yɛkyekyɛɛ mu yɛɛ no nhoma nkorɛnkorɛ. Wɔde Hiob nhoma no hyɛɛ me nsa asram abiɛsa. Me de siee me sɔks mu. Hiob kyerɛwtohɔ no boaa me ma migyinaa pintinn.

Awiei koraa no, wɔ March 7, 1941 no, wɔde me kaa nneduafo pii bi a woyii wɔn kɔɔ Niederhagen nneduaban mu ho. Ná me tebea no sɛe ara na ɛresɛe. Da bi, wɔhyɛɛ me ne anuanom baanu sɛ yɛnhyehyɛ nneɛma a wɔde yɛ adwuma ngu nnaka mu. Yewiee ɛno no, yɛne nneduafo binom san kɔɔ yɛn nneduaban mu. SS sraani bi hyɛɛ no nsow sɛ na mereka akyi. Ne bo fuwii araa ma otuu ne nan wɔɔ me denneennen wɔ m’akyi a wammɔ me nkae, ɛmaa mipirae kɛse. Ɛyɛɛ me yaw paa, nanso ɛyaw no nyinaa akyi no, ade kyee no mekɔɔ adwuma.

Wogyaee Me a na M’ani Nna So

Wɔ April afe 1943 mu no, woyii nneduafo a na wɔwɔ Niederhagen nneduaban mu no nyinaa. Ɛno akyi no wɔde me kɔɔ nneduaban bi a wokum nnipa wɔ hɔ mu wɔ Ravensbrück. Afei, wɔ June 1943 mu no, biribi a m’ani nna so sii. Wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mepɛ a wobetumi agyae me ma mafi nneduaban mu hɔ. Saa bere yi de na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ mepa me gyidi ansa na wɔagyae me. Ná ɛsɛ sɛ mepene so sɛ mɛyɛ adwumaden wɔ afuw bi mu ama ɔman no me nkwa nna a aka nyinaa. Na mepɛ sɛ meyɛ ɛno na matumi afi ayayade a na ɛkɔ so wɔ nneduaban no mu mu. Mekɔɔ oduruyɛfo a ɔhwɛ nneduaban mu hɔ kɔyɛɛ me ho nhwehwɛmu a etwa to. Ɛyɛɛ oduruyɛfo no nwonwa sɛ ohuu me. Ɔteɛɛm sɛ: “Ei, wo da so yɛ Yehowa Dansefo!” Mibuae sɛ, “Owura Oduruyɛfo, ɛte saa.” Ɔkae sɛ, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛnde minhu nea enti a ɛsɛ sɛ yegyae wo. Nanso, sɛ yegyae onipa a ɔyɛ mmɔbɔ te sɛ wo ma wukowu a, yɛn ho bɛtɔ yɛn.”

Na ɛnyɛ sɛ Oduruyɛfo no rehaahaa n’ani aka asɛm. Ná m’apɔwmuden asɛe koraa. Ná dwiw awe me honam, na boro a wɔaboro me no ama m’aso baako asiw, ná akuru atutu me ho nyinaa ara ma ahyehyɛ nsu. Wɔ asram 46 mu a wɔde nneɛma kamee me, ɔkɔm a emu yɛ den ne adwumaden akyi no, na m’afɔn aka nnompe. Saa tebea yi mu na na mewɔ na wogyaee me fii Ravensbrück nneduaban mu wɔ July 15 1943.

Wɔmaa keteke de me san kɔɔ me kurom a wɔamma ɔwɛmfo biara anwɛn me, na mede me ho kɔkyerɛe wɔ sum ase polisifo no adwumayɛbea ti wɔ Linz. Sum ase polisini bi de me nkrataa a ɛkyerɛ sɛ wɔagyae me maa me bɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Sɛ w’adwen yɛ wo sɛ yɛregyae wo na woanya kwan akɔ so ayɛ wo sum ase adwuma no a, ɛnde woboa koraa! Sɛ yɛkyere wo sɛ woreka asɛm no bio a, ade ayɛ wo.”

Afei de mebaa fie! Ná me maame nsesaa biribiara wɔ me dan mu fi da a edi kan a wɔkyeree me wɔ April 4, 1939 no. Ná me Bible mpo a na mabue mu no da so da pon ketewaa a esi me mpa nkyɛn no so saa ara! Mibuu nkotodwe fii komam bɔɔ mpae daa Yehowa ase.

Ankyɛ na wɔmaa me adwuma wɔ afuw bi a ɛwɔ bepɔw so mu. Ná okuafo no yɛ m’adamfo fi me mmofraase. Ɔmaa me akatua kakra mpo ɛmfa ho sɛ na wɔnhyɛɛ no sɛ ontua me ka no. Ansa na ɔko no refi ase no, m’adamfo yi maa me kwan ma mede Bible ho nhoma bi siee ne fie. M’ani gyei sɛ mitumi suaa saa nhoma kakra yi yiye san yɛɛ den bio wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Me nsa kaa m’ahiade nyinaa, na na masi me bo sɛ mɛyɛ adwuma wɔ afuw no mu kosi sɛ ɔko no bɛba awiei.

Mikohintaw Wɔ Mmepɔw Mu

Nanso, ahofadi a minyae no ankyɛ koraa. Wɔ August mfinimfini wɔ afe 1943 mu no, wɔhyɛe sɛ menkɔ oduruyɛfo bi a ɔyɛ sraani hɔ na ɔnyɛ m’apɔwmuden mu nhwehwɛmu. Odii kan kae sɛ esiane me mu a akoa no nti merentumi nkɔ sraadi. Nanso, ne nnawɔtwe akyi no saa oduruyɛfo yi ara san sesaa n’adwene kyerɛwee sɛ: “Ɔwɔ ahoɔden a obetumi adi ako wɔ akono.” Asraafo no anhu baabi a na mewɔ, nanso wɔ April 17, 1945 no, aka kakraa bi ma ɔko no aba awiei no, asraafo no huu me. Wɔkyeree me sɛ menkɔ akono.

Minyaa ntade ne aduan kakra ne Bible, na mekɔhwehwɛɛ baabi hintawee wɔ mmepɔw a na ɛbɛn hɔ no mu. Mfiase no na mitumi da abɔnten, nanso awɔw no ano yɛɛ den paa ma sukyerɛma tɔe paa. Me ho nyinaa fɔwee. Mebɔɔ mmɔden koduu dan bi a na ɛwɔ bepɔw a na ne tenten bɛyɛ mita 1,200 mu. Ná me ho popo nti mesɔɔ gya wɔ baabi a wɔsɔ gya no, na mitumi too gya maa me ho yɛɛ me hyew maa me ntade nso woe. Esiane sɛ na mabrɛ nti, mefaa mu dae wɔ benkyi bi a na esi ogya n’anim so. Ankyɛ koraa na ɛyaw a emu yɛ den nyanee me mpofirim. Ná ogya no asɔ me ntade mu! Medannan me ho wɔ fam hɔ de dum gya no. M’akyi nyinaa yɛɛ akuru.

Miwiawiaa me ho san kɔɔ afuw no a na ɛwɔ bepɔw no so no mu, a na anka wobetumi akyere me, nanso mikoduu hɔ no na okuafo no yere no suro araa ma ɔsan maa mekɔe. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔrehwehwɛ me akyere me. Enti mekɔɔ m’awofo hɔ. Mfiase no na m’awofo mpo mpɛ sɛ wogye me, nanso akyiri yi no wɔmaa me daa baabi a wɔde mmoa aduan gu, na Maame miamiaa m’akuru no maa me. Nanso, nnanu akyi no, na m’awofo suro araa ma mibehui sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mesan kohintaw mmepɔw no mu bio.

Wɔ May 5, 1945 no, metee dede bi. Mihuu Aman a wɔko tia Germany no wimhyɛn sɛ ɛreba fam. Ɛno ma mihui saa bere no sɛ wɔatu Hitler aban no agu! Ná Yehowa honhom ahyɛ me den ama matumi agyina sɔhwɛ a emu yɛ den ano. Mihuu nokwasɛm a asɛm a ɛwɔ Dwom 55:22 a na akyekye me werɛ kɛse wɔ me sɔhwɛ no mfiase no yɛ. Ná mede ‘m’adesoa ato Yehowa so,’ na ɛmfa ho sɛ na meyɛ mmerɛw wɔ nipadua mu no, ɔwowaw me bere a na menam “esum kabii bon no mu.”—Dwom 23:4.

Yehowa Tumi “Wie Pɛyɛ Wɔ Mmerɛwyɛ Mu”

Ɔko no akyi no, mede no nkakrankakra san sii me dedaw mu. Mfiase no midii paa wɔ m’adamfo okuafo no afuw a ɛwɔ bepɔw no so no mu. Ɛyɛ bere a United States asraafo no de wɔn ho gyee mu wɔ April 1946 mu no na wogyaee me sɛ ɛnyɛ nhyɛ sɛ mɛkɔ so ayɛ adwumaden wɔ afuw mu me nkwa nna a aka nyinaa.

Ɔko no baa awiei no, anuanom Kristofo a wɔwɔ Bad Ischl ne mantam a ɛbɛn hɔ no fii ase yɛ asafo nhyiam daa. Wɔde ahoɔden foforo san fii asɛnka adwuma no ase. Minyaa adwuma sɛ ɔwɛmfo wɔ adwinnan bi mu yɛɛ no anadwo, na ɛno maa mitumi toaa akwampae adwuma no so. Bere bi akyi no, mekɔtraa St. Wolfgang mpɔtam hɔ, na mewaree Theresia Kurz wɔ afe 1949 mu. Ná ɔwɔ ɔbabea fi n’aware a edi kan mu. Yeboom trae mfe 32 kosii sɛ me yere a medɔ no no wui wɔ afe 1981 mu. Mehwɛɛ no bɛboro mfe ason.

Theresia wui no, mesan fii akwampae adwuma no ase, na ɛboaa me ma mitumi dii awerɛhow kɛse a na ahyɛ me so no so. Mprempren meyɛ ɔkwampaefo ne ɔpanyin wɔ m’asafo mu wɔ Bad Ischl. Esiane sɛ maka abubuafo akongua mu nti, me de Bible ho nhoma ma nkurɔfo na meka Ahenni anidaso no ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ Bad Ischl agodibea anaasɛ m’ankasa me dan anim. Bible mu nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran a me ne afoforo bɔ no ma m’ani gye yiye.

Sɛ misusuw mfe a abɛsen kɔ no ho a, metumi aka sɛ tebea a ɛyɛ hu a mefaa mu no anhyɛ me abufuw. Nokwarem no, esiane sɔhwɛ a mihyiae no nti, ɛtɔ mmere bi a na mete nka sɛ mahaw. Nanso, abusuabɔ pa a me ne Yehowa wɔ no boaa me ma mitumi dii mmere a emu yɛ den saa no so. Me nso mihuu nokwasɛm a afotu a Awurade de maa Paulo no yɛ. Ɔkae sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Seesei a aka kakraa bi ma madi mfe 100 no, me ne ɔsomafo Paulo betumi ayɛ adwene sɛ: “Mmerɛwyɛ, ahohora, ohia, ɔtaa, ne ahokyere a Kristo nti mihyia no yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.”—2 Korintofo 12:9, 10.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Sum ase polisifo no kyeree me, April 1939

Sum ase polisifo no sobo a wɔbɔe no ho krataa, May 1939

[Asɛm Fibea]

Mfonini abien no nyinaa: Privatarchiv; B. Rammerstorfer

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Minyaa hintabea wɔ saa mmepɔw yi mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]

Foto Hofer, Bad Ischl, Austria