Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Sɛ Wɔhyɛ Wo sɛ Yɛ Adwuma Bi A’

‘Sɛ Wɔhyɛ Wo sɛ Yɛ Adwuma Bi A’

‘Sɛ Wɔhyɛ Wo sɛ Yɛ Adwuma Bi A’

“HEI! Gyae nea wugu so reyɛ no na bra ntɛm ara bɛsoa adesoa yi ma me.” Wususuw sɛ anka afeha a edi kan no mu Yudani a onni adagyew bɛyɛ n’ade dɛn bere a Roma ɔsraani bi ka saa asɛm no kyerɛ no no? Yesu kamfo kyerɛe wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin biako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.” (Mateo 5:41, NW) Ná Yesu atiefo no bɛte saa afotu no ase dɛn? Na ɛsɛ sɛ yɛte ase dɛn nnɛ?

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, ehia sɛ yehu adwuma a wɔhyɛɛ nkurɔfo ma wɔyɛe wɔ tete mmere no mu. Na Yesu bere so Israelfo no nim saa ade no yiye.

Adwuma a Wɔhyɛ Nkurɔfo Ma Wɔyɛ

Adanse kyerɛ sɛ wɔ afeha a ɛto so 18 A.Y.B. mu tɔnn na wofii ase hyɛɛ nkurɔfo ma wɔyɛɛ adwuma (anaa wɔyɛɛ nnwuma a wontua wɔn ka) wɔ aman a ɛbemmɛn Mediterranea no mu. Amammui ho nhoma a efi tete Siria kurow Alalakh mu ka nnipakuw bi a aban no hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa ankorankoro ho asɛm. Wɔ Ugarit a ɛwɔ Siria mpoano no, na wɔhyɛ wɔn a wogye afoforo nsase de yɛ kua no ma wɔyɛ nnwuma a ɛte saa ara gye sɛ ɔhene no yi wɔn fi mu.

Nokwarem no, na wɔtaa hyɛ nnipa a wodi nkogu wɔ akodi mu no ma wɔyɛ nnwuma ahorow. Misrifo hyɛɛ Israelfo ma wotwaa ntayaa maa wɔn sɛ nkoa. Akyiri yi Israelfo hyɛɛ Kanaanfo a na wɔte Bɔhyɛ Asase no so no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa, na Dawid ne Salomo kɔɔ so yɛɛ saa ara.—Exodus 1:13, 14; 2 Samuel 12:31; 1 Ahene 9:20, 21.

Bere a Israelfo no kae sɛ wɔmma wɔn ɔhene no, Samuel kyerɛkyerɛɛ nea ɔhene no wɔ hokwan sɛ ogye fi wɔn hɔ no mu kyerɛɛ wɔn. Ná ɔbɛma ne manfo asom sɛ nteaseɛnam so ahwɛfo ne apɔnkɔsotefo, wɔbɛdɔw n’asase na wɔatwa nnɔbae no, wɔbɛyɛ akode ne nea ɛkeka ho. (1 Samuel 8:4-17) Nanso, bere a wɔresi Yehowa asɔrefie no na wɔhyɛ ahɔho ma wɔyɛ nnwuma sɛ nkoa, “Israelfo no mu de, Salomo amfa obi anyɛ akoa, efisɛ wɔn na wɔyɛ akofofo ne ne gyaasefo ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfo ne n’apɔnkɔsotefo.”—1 Ahene 9:22.

1 Ahene 5:13, 14 no, wɔka Israelfo a wɔfaa wɔn de wɔn sisi adan no ho asɛm sɛ: “Na ɔhene Salomo gyee Israel nyinaa hɔ adwumatow, na ɔtow no si nnipa peduasa. Na ɔsomaa wɔn Lebanon so, nnipa pedu daa ɔsram ma wodii no nnyigye, wodi ɔsram Lebanon, na wodi asram abien ofie.” Nhomanimfo bi ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Israel ne Yuda ahemfo no hyɛɛ nkurɔfo ma wosisii adan maa wɔn na wɔyɛɛ nnwuma afoforo wɔ ahemfo no nsase so a wɔantua wɔn ka.”

Na adwuma no yɛ den wɔ Salomo ahenni mu. Na ɛyɛ den araa ma bere a Rehabeam hunahunaa wɔn sɛ ɔde nnwuma no bi bɛka ho no, Israel nyinaa tew atua, na wosiw ɔpanyin a wɔpaw no sɛ ɔnhwɛ wɔn a na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma no so no abo. (1 Ahene 12:12-18) Nanso wɔangu adwuma a wɔhyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ no. Rehabeam banana Asa hyɛɛ Yudafo ma wɔkyekyee nkurow a ɛne Geba ne Mispa, na “wɔanyi obiara amfi mu.”—1 Ahene 15:22.

Wɔ Roma Tumidi Ase

Bepɔw so Asɛnka no kyerɛ sɛ na afeha a edi kan no mu Yudafo no nim sɛ wotumi ‘hyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma.’ Asɛm no kyerɛkyerɛ Hela asɛmfua ag·ga·reuʹo a mfiase no na ɛkyerɛ adwuma a Persia asomafo yɛ no mu. Na wɔwɔ tumi sɛ wɔde ɔhyɛ fa mmarima, apɔnkɔ, po so ahyɛn anaa biribiara a wohia de ayɛ ɔman no nnwuma ntɛmntɛm.

Wɔ Yesu bere so no, na Romafo a wɔwɔ nhyehyɛe a ɛte saa ara no na wodi Israel so. Wɔ Apuei fam amansin no mu no, ná wobetumi ahyɛ ɔmanfo no ma wɔayɛ adwuma daa anaa wɔ tebea soronko bi mu de aka tow a wotua daa no ho. Ɛda adi sɛ na wɔn ani nnye nnwuma a ɛte saa no ho. Afei nso, na wɔtaa kyere mmoa ne mfirikafo anaa wogye nkurɔfo nteaseɛnam de ma Ɔmanfo de tu akwan. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Michael Rostovtzeff kyerɛ no, nnwuma so ahwɛfo no “bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ mmara ne nhyehyɛe wɔ [adeyɛ no] ho, efisɛ bere tenten a na wɔkɔ so yɛ no, na ɛda adi sɛ biribi bɔne betumi afi mu aba, nanso ankosi hwee. Atumfo a wɔde nokwaredi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma dwuma a na wɔde nhyehyɛe no di wɔ ɔkwammɔne so ne mu nsisi no agyae no hyɛɛ ho mmara pii . . . Nanso ɛma wɔkɔɔ so hyɛɛ nkurɔfo so.”

Helani nhomanimfo bi kae sɛ: “Na wobetumi ahyɛ obiara ma wasoa asraafo nneɛma de atwa kwantenten bi,” na na “Romafo no betumi ahyɛ obiara ma wayɛ adwuma biara a wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ no.” Ɛno bi na ɛtoo Kireneni Simon a Roma asraafo ‘hyɛɛ no sɛ’ ɔnsoa Yesu asɛndua no.—Mateo 27:32.

Rabifo nhoma ahorow nso ka adeyɛ a na nkurɔfo ani nnye ho yi ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔkyeree rabi bi sɛ ɔnsoa ohuannua nkɔ ahemfie. Na wobetumi agye adwumayɛfo afi wɔn adwumawuranom nsam ma wɔayɛ nnwuma afoforo bere a adwumawuranom no kɔ so tua wɔn ka. Na wobetumi akyere mmoa a wɔsoa nneɛma anaa anantwinini nso. Sɛ wɔsan de wɔn kɔma wɔn wuranom mpo a, ebia na wonni ahoɔden a wobetumi de ayɛ adwuma bio. Wubetumi ahu nea enti a nkurɔfo tee nka sɛ wɔremfa nneɛma a wogye fi wɔn nsam no mma wɔn bio no. Ne saa nti, Yudafo bɛ bi si so dua sɛ: “Angareia te sɛ owu.” Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ: “Anantwinini a wɔde wɔn dɔw asase a wɔkyere wɔn sɛ angareia sen sɛ wɔbɛkyere mmoa a wɔsoa nneɛma no betumi ama akuraa bi adan amamfo.”

Wubetumi ahu sɛ na nkurɔfo ani nnye saa nnwuma no ho, efisɛ na wɔtaa de ahantan ne amimdi na ɛhyɛ wɔn ma wɔyɛ. Esiane sɛ Yudafo no faa Amanaman mu atumfoɔ a wodii wɔn so no ho tan nti, woko tiaa animguase a ɛne hyɛ a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ nnwuma a ɔbrɛ wom no denneennen. Mmara biara nni hɔ a ɛka sɛnea wɔhyɛ ɔman ba bi ma ɔsoa nnesoa ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛda adi sɛ na nnipa pii rempɛ sɛ wɔbɛyɛ aboro nea mmara no hwehwɛ.

Nanso adeyɛ yi ho asɛm na Yesu kae no bere a ɔkae sɛ: “Sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wo sɛ monkɔ kwansin biako a, wo ne no nkɔ akwansin abien” no. (Mateo 5:41, NW) Bere a ebinom tee nsɛm yi no, ɛbɛyɛ sɛ wosusuwii sɛ ommu atɛmpa. Na dɛn koraa na ɔkyerɛ?

Sɛnea Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Wɔn Ade

Ne tiaatwa ara ne sɛ na Yesu reka akyerɛ n’atiefo sɛ, sɛ obi a ɔwɔ tumi hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma bi a ɛfata a, ɛsɛ sɛ wofi wɔn pɛ mu yɛ. Enti na ɛsɛ sɛ wɔde ‘Kaesare de ma Kaesare,’ nanso na ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu asɛyɛde a ɛne sɛ wɔde ‘Onyankopɔn de bɛma Onyankopɔn’ no so.—Marko 12:17. *

Afei nso, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase. Na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; nanso tumi a ɛwowɔ hɔ no, Onyankopɔn na wahyɛ ato hɔ. Enti obiara a ɔne tumi no di asi no, ɔne nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ di asi . . . Na sɛ woyɛ bɔne a, suro, na wonkura afoa no kwa; na wɔyɛ Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so.”—Romafo 13:1-4.

Enti Yesu ne Paulo gye toom sɛ ɔhene anaa aban wɔ hokwan sɛ ɔtwe wɔn a wɔnyɛ nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ no aso. Asotwe bɛn sɛɛ? Helani nyansapɛfo Epictetus a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien Y.B. mu no de mmuae biako ma sɛ: “Sɛ asɛm bi si mpofirim na ɔsraani bi fa w’afurum ba a, ma ɔmfa no nkɔ. Nsɔre ntia no, nnwiinwii, anyɛ saa a ɔbɛboro wo na wasan afa afurum no nso.”

Nanso, wɔ tete ne nnɛ nyinaa no, Kristofo te nka sɛ ɛtɔ da bi a wontumi mfa ahonim pa nyɛ nea aban hwehwɛ no. Ɛtɔ mmere bi a, ɔhaw kɛse fi mu ba. Wobu Kristofo binom kumfɔ. Afoforo da afiase mfe pii esiane sɛ wɔpoe sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a wobu no sɛ ɛbɛma wɔayɛ wiase no fã nti. (Yesaia 2:4; Yohane 17:16; 18:36) Kristofo ate nka wɔ mmere foforo nso mu sɛ wobetumi ayɛ nea wɔka sɛ wɔnyɛ no. Sɛ nhwɛso no, Kristofo binom te nka sɛ wobetumi de ahonim pa ayɛ nnwuma a ɛnyɛ sraadi a wɔn mpɔtam hɔfo benya so mfaso wɔ nniso a wɔtow aba paw wɔn ase. Ɛno betumi ahwehwɛ sɛ wɔboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔn a wɔadi dɛm, wɔbɛyɛ odumgyafo, wobesiesie mpoano, wɔbɛyɛ adwuma wɔ ahomegyebea, kwae mu anaa nhomakorabea ne nea ɛkeka ho.

Nokwarem no, tebea no gu ahorow wɔ aman ahorow mu. Enti, nea ɛbɛyɛ na Kristoni biara asi gyinae sɛ ɔbɛyɛ nea wɔhwehwɛ no anaasɛ ɔnyɛ no, ɛsɛ sɛ odi n’ahonim a ɔde Bible atete no akyi.

Nea Wɔhwehwɛ a Yɛbɛyɛ Ma Aboro So

Nnyinasosɛm a Yesu kyerɛkyerɛe sɛ yemfi yɛn pɛ mu nyɛ nneɛma a ɛfata no nkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ nea aban hwehwɛ nkutoo na mmom nea nnipa ntam abusuabɔ hwehwɛ sɛ yɛyɛ da biara nso. Sɛ nhwɛso no, ebia obi a ɔwɔ wo so tumi bɛka sɛ yɛ biribi a worempɛ sɛ woyɛ nanso emmu Onyankopɔn mmara so. Wobɛyɛ w’ade dɛn? Ebia wobɛte nka sɛ ɔpɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden yɛ nneɛma a ntease nnim ma enti wo bo befuw. Eyi betumi de ɔtan aba mo ntam. Nanso, sɛ wode abufuw yɛ a, ɛremma wo koma ntɔ wo yam. Dɛn na ɛfata sɛ woyɛ? Yɛ nea Yesu kamfo kyerɛe no—yɛ boro nea ɔhwehwɛ no. Nyɛ nea ɔka sɛ yɛ no nkutoo na mmom yɛ nea ɛsen saa mpo. Fi wo pɛ mu yɛ. Sɛ wode adwene a ɛte saa yɛ a, ɛremma wonte nka sɛ ɔredi wo amim, na mmom wo ara wutumi fi wo pɛ mu yɛ nea wo pɛ.

Nhoma kyerɛwfo bi kae sɛ: “Nea afoforo hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nkutoo na nnipa pii yɛ wɔ wɔn asetra mu. Wɔ wɔn fam no, asetra nyɛ anigye, bere biara na wɔabrɛ. Afoforo yɛ boro nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ no na wofi wɔn pɛ mu boa afoforo.” Nokwarem no, tebea pii hwehwɛ sɛ obi yɛ nea wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ no nkutoo—anaa ɔbɛyɛ aboro saa. Ebia obi ani begye ho sɛ ɔbɛka sɛ wɔmma ɔnyɛ nea ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ nkutoo bere a wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ biribi no. Anaasɛ obenya osuahu a mfaso wɔ so sen biara bere a ofi ne pɛ mu yɛ boro nea wɔhyɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyi mu nea ɛwɔ he na woyɛ? Sɛ wubu nea woyɛ no sɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ na ɛnyɛ nnwuma kɛkɛ anaa nea ɛsɛ sɛ woyɛ a, wubetumi anya anigye kɛse na woasow aba pii.

Na sɛ woyɛ obi a wowɔ tumi nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ ɛnkyerɛ ɔdɔ na saa ara na Kristosom nhwehwɛ sɛ wode wo tumi bɛhyɛ afoforo ma wɔayɛ nneɛma a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ no. Yesu kae sɛ: “Wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi.” Nanso Kristofo nyɛ saa. (Mateo 20:25, 26) Ɛwom sɛ kateeyɛ betumi ama wɔayɛ nea wopɛ de, nanso sɛ wɔde obu ne animtew yɛ nea ɛfata a woka sɛ wɔnyɛ no a, hwɛ abusuabɔ pa a ɛbɛtra mo nyinaa ntam! Yiw, krado a woayɛ sɛ wobɛyɛ aboro nea wɔhwehwɛ no betumi ama w’asetra atu mpɔn kɛse.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Sɛ wopɛ nea ‘Kaesare de a wɔde bɛma Kaesare ne Onyankopɔn de a wɔde bɛma Onyankopɔn’ kyerɛ ma Kristofo ho nkyerɛkyerɛ mu nyinaa a, hwɛ May 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 15-20.

[Adaka wɔ kratafa 25]

NKURƆFO A WƆHYƐƐ WƆN MA WƆYƐƐ NEA WƆHWEHWƐ WƆ TETE

Mmara a wɔyɛ de siw nneɛma a wɔyɛ tra so no ma yehu sɛnea ebinom hyɛɛ afoforo ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ maa wɔn. Wɔ 118 A.Y.B. mu no, Misraim Ptolemy Euergetes II hyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ n’aban mpanyimfo “hyɛ ɔman no muni biara ma ɔyɛ adwuma ma ankorankoro bi, anaa wogye wɔn anantwi (aggareuein) de di wɔn ankasa atirimpɔw bi ho dwuma.” Afei nso: “Ɛnsɛ sɛ obiara gyina biribiara so gye . . . ahyɛmma bi de yɛ n’ankasa biribi.” Romafo amrado Vergilius Capito gye toom wɔ asɛm bi a wɔkyerɛwee wɔ 49 Y.B. mu a ɛwɔ Great Oasis, Misraim Asɔredan Kɛse no mu no mu sɛ na asraafo no afa akwammɔne so agye afoforo nneɛma, na ɔhyɛe sɛ “ɛnsɛ sɛ obiara gye . . . biribiara, gye sɛ makyerɛw tumi krataa ama no.”

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Wɔhyɛɛ Simon a ofi Kirene ma ɔyɛɛ adwuma

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Adansefo pii de mfe pii ada afiase wɔ Kristosom a wɔannyae no ho