Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn na Ɔde Ɔhaw Ba Yɛn So?

So Onyankopɔn na Ɔde Ɔhaw Ba Yɛn So?

So Onyankopɔn na Ɔde Ɔhaw Ba Yɛn So?

BERE a Marion babea a wanyin amemene ho kae no, Marion yɛɛ nea anka yɛn mu pii bɛyɛ. * Ɔbɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa no. Marion ka sɛ, “Menkae bere bi a m’abam bui koraa saa na mannya ɔboafo da.” Akyiri yi ne babea no tebea sɛee koraa, na Marion adwenem fii ase yɛɛ no naa wɔ Onyankopɔn ho. Obisae sɛ: “Adɛn nti na eyi ato me?” Wantumi ante nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ na odwen nnipa ho betumi agyaw no no ase.

Marion asɛm yi yɛ ade a ɛtaa si. Nnipa pii a wɔwɔ wiase ate nka sɛ Onyankopɔn agyaw wɔn bere a wɔwɔ ahohia mu. Bere a wokum Lisa banana no ɔkae sɛ, “Meda so ara nte ‘nea enti ONYANKOPƆN ma nneɛma bɔne ho kwan no ase.’ Menhweree Onyankopɔn mu gyidi koraa de, nanso ɛnte sɛ nea na ɛte kan no.” Saa ara na bere a ɔbea bi babarima a na ɔyɛ akokoaa nyaa akwanhyia bi a ntease nnim no, ɔkae sɛ: “Mannya awerɛkyekye biara amfi Onyankopɔn hɔ wɔ nea esii no ho. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ odwen me ho anaasɛ ɔwɔ ayamhyehye ma me.” Ɔde kaa ho sɛ: “Meremfa nkyɛ Onyankopɔn da.”

Ebinom nso hwɛ nea ɛkɔ so wɔ wiase no mu a, ɛma wɔn bo fuw Onyankopɔn. Wohu aman a ohia ne ɔkɔm aka wɔn paa, wɔn a ɔko ama wɔayɛ aguanfo, mmofra a wontumi nkan wɔn a AIDS akunkum wɔn awofo ma wɔayɛ nyisaa, ne nnipa ɔpepem pii a nyarewa foforo abɔ wɔn. Sɛ saa nsɛm yi ne awerɛhosɛm a ɛtete saa sisi a, nnipa pii bɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔnyɛ ho hwee.

Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔhaw a adesamma hyia no ba. Nea ɛte ne sɛ, nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi ama yɛagye adi sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi ɔhaw a aba adesamma abusua no so no afi hɔ. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bue kɔ asɛm a edi hɔ no so na hu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ankasa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no.