Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wo Nsɛm Tebea Hyɛ Wo So?

So Wo Nsɛm Tebea Hyɛ Wo So?

So Wo Nsɛm Tebea Hyɛ Wo So?

AMANEHUNU ne ɔhaw ahyɛ “mmere a emu yɛ den” yi ma. (2 Timoteo 3:1) Ɔhaw no bi yɛ bere tiaa mu de a ɛkyerɛ sɛ ebefi hɔ bere bi. Ebi di asram bi anaa mfe pii. Esiane eyi nti, nnipa pii te nka sɛnea odwontofo Dawid a osu frɛɛ Yehowa sɛ: “Me koma mu ahohia so, yi me fi m’ahokyere mu” tee nka no ara pɛ.—Dwom 25:17.

So ɔhaw bi abunkam afa wo so? Sɛ saa a, wubetumi anya mmoa ne nkuranhyɛ afi Bible no mu. Momma yensusuw Yehowa asomfo baanu a wodi so yi a wotumi gyinaa nsɛnnennen ano no ho: Yosef ne Dawid. Sɛnea wogyinaa amanehunu ano no mu a yɛbɛhwehwɛ no bɛma yɛanya asuade pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ɔhaw a ɛtete saa ara ano nnɛ.

Ɔhaw a Emu Yɛ Den Too Wɔn

Bere a Yosef dii mfe 17 no, ɔhaw kɛse bi too no wɔ ɔno ara n’abusua mu. Ne nuanom mpanyimfo hui sɛ wɔn agya Yakob “dɔ [Yosef] sen ne nuanom nyinaa.” Ɛno nti, ‘wɔtan no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa.’ (Genesis 37:4) Yebetumi asusuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ tebea no teetee Yosef na ɛmaa ne ho yeraw no no ho. Ɔtan no mu bɛyɛɛ den araa ma awiei koraa no Yosef nuanom no tɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ baabi.—Genesis 37:26-33.

Bere a na Yosef yɛ akoa wɔ Misraim no, na ɛsɛ sɛ omia n’ani ko tia mmɔden a ne wura yere bɔe sɛ ɔne no bebu bra bɔne no. Kwati a Yosef kwatii sɛ ɔne ne wura yere bɛda no hyɛɛ ɔbea no abufuw maa otwaa atoro too Yosef so sɛ anka ɔrebɛtow no mmonnaa. Eyi maa wɔde Yosef “kɔtoo afiase” ma “wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dade [nkɔnsɔnkɔnsɔn] mu.” (Genesis 39:7-20; Dwom 105:17, 18) Sɔhwɛ bɛn ni! Enti, bɛyɛ mfirihyia 13 mu no, Yosef yɛɛ akoa anaa deduani esiane di a afoforo a n’ankasa abusuafo ka ho ne no anni no yiye nti.—Genesis 37:2; 41:46.

Dawid nso hyiaa sɔhwɛ pii bere a na ɔyɛ aberantewaa no. Ɔhene Saul taataa no so sɛ aboa mfe pii maa ɔbɔɔ asesa. Eyi maa Dawid nkwa bɛdaa asiane mu bere nyinaa. Saa bere no, Dawid kɔɔ ɔsɔfo Ahimelek nkyɛn sɛ ɔmma no aduan. (1 Samuel 21:1-7) Bere a Saul tee sɛ Ahimelek aboa Dawid no, ɛnyɛ Ahimelek nko na ɔkae sɛ wonkum no, na mmom ɔhyɛe sɛ wonkum asɔfo a wɔwɔ hɔ ne wɔn abusuafo nyinaa nso. (1 Samuel 22:12-19) So wubetumi de w’adwene abu awerɛhow a ɛbɛyɛ sɛ Dawid dii bere a ɔtee sɛ ne nti na asɛnkɛse a ɛte saa asi no?

Wode susuw amanehunu ne ayayade a ɛtoo Yosef ne Dawid mfe pii no ho hwɛ. Sɛ yesusuw sɛnea wodii wɔn tebea a na ɛyɛ den no ho dwuma a, yebetumi asua pii afi mu. Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a ɛma ɛfata sɛ yesuasua saa mmarima yi ho.

Mfa Afoforo Ho Asɛm Nhyɛ Wo Mu

Nea edi kan no, saa mmarima anokwafo yi amfa afoforo ho nsɛm anhyɛ wɔn mu. Bere a na Yosef da afiase no, na ɛnyɛ den koraa sɛ anka obenya ne nuanom a woyii no mae no ho menasepɔw ma ebi mpo a wasusuw ɔkwan a sɛ ohu wɔn bio a ɔbɛfa so atua wɔn ka no ho. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yosef annya adwemmɔne a ɛte saa? Susuw nea ɔyɛe bere a ne nuanom no baa Misraim sɛ wɔrebɛtɔ aduan a ɛmaa no nyaa hokwan a na anka obetumi atua wɔn ka no ho hwɛ. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: ‘Yosef dan ne ho fii wɔn nkyɛn kosui. Ɛnna Yosef hyɛɛ ne nkoa sɛ wɔmfa aburow nhyehyɛ ne nuanom no nkotoku mama, na wɔnnan wɔn mu biara dwetɛ nhyɛ ne kotoku mu, na wɔmma wɔn akwansoduan.’ (Asante Twi Bible) Akyiri yi, bere a na Yosef regya ne nuanom no kwan ma wɔakɔfa wɔn agya aba Misraim no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo bo nnkofuw mo ho mo ho wɔ ɔkwan so oo!” Yosef nneyɛe ne ne nsɛnkae nyinaa daa no adi sɛ na ɔmmaa afoforo ho abufuw ne menasepɔw nsɛee n’adwene.—Genesis 42:24, 25; 45:24.

Saa ara na Dawid nso amfa Ɔhene Saul ho asɛm anhyɛ ne mu. Dawid nyaa hokwan mpɛn abien a na anka obetumi akum Saul. Nanso, bere a ne nkurɔfo no hyɛɛ no nkuran sɛ onkum Saul no, Dawid kae sɛ: “[Yehowa, NW] mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a [Yehowa, NW] asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea [Yehowa, NW] asra no ne no.” Dawid de asɛm no hyɛɛ Yehowa nsa, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] te ase yi, gye [Yehowa, NW] na ɔbɛka no: sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.” Akyiri yi mpo bere a Saul ne ne ba Yonatan wui no, Dawid twaa agyaadwo dwom wɔ wɔn wu no ho de kyerɛɛ awerɛhow a na ɔredi. Te sɛ Yosef no, Dawid amfa afoforo ho asɛm anhyɛ ne mu.—1 Samuel 24:3-6; 26:7-13; 2 Samuel 1:17-27.

Sɛ obi de asɛm bɔne bi di yɛn ma yehu amane a, so yɛde ne ho asɛm hyɛ yɛn mu? Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ saa. Sɛ yɛma abufuw di yɛn so a, ebia nea ebefi mu aba no bɛyɛ bɔne asen nea onipa no de ayɛ yɛn no mpo. (Efesofo 4:26, 27) Ɛwom sɛ ebia yɛrentumi nyɛ nea afoforo bɛyɛ no ho hwee de, nanso yebetumi ahyɛ yɛn ho so. Sɛ yɛwɔ gyidi sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no Yehowa besiesie tebea no a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn ma yɛde asɛm akyɛ.—Romafo 12:17-19.

Yɛ Bibiri a Wubenya So Mfaso Wɔ Wo Tebea no Mu

Asuade a ɛto so abien ne sɛ, yɛremma tebea no mmunkam mfa yɛn so. Anhwɛ yiye a, yɛn tebea no begye yɛn adwene araa ma yebebu yɛn ani agu nneɛma a yebetumi ayɛ so. Sɛ enya ba saa pɛ a na yɛn tebea no afi ase redi yɛn so. Ná anka eyi betumi ato Yosef. Nanso, ɔpawee sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara wɔ ne tebea no mu. Bere a na Yosef resom sɛ akoa no, ‘onyaa ne wura anim dom, na ɔsom no, na ɔde no sii ne fi so.’ Yosef yɛɛ saa ara nso bere a na ɔda afiase no. Esiane nsi a na Yosef yɛ ne hyira a Yehowa hyiraa no nti, “afiasehwɛfo no de nneduafo a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na biribiara a wɔyɛ wɔ hɔ no, ɔno na ɔyɛ.”—Genesis 39:4, 21-23.

Dawid nso yɛɛ nea obetumi biara wɔ ne tebea no mu bere a na wabɔ asesa no. Dawid kɔtraa Paran sare so no, ɔne ne nkurɔfo no bɔɔ Nabal nguankuw ho ban fii nkurɔfo bi a wɔpɛe sɛ wokyinkyim wɔn nsa gye wɔn nguan no ho. Nabal nguanhwɛfo no biako kae sɛ: “Wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia.” (1 Samuel 25:16) Akyiri yi, bere a Dawid kɔtraa Siklag no, ɔne ne nkurɔfo no kõ faa Israelfo atamfo nkurow a ɛwɔ ɔman no anafo fam no. Eyi maa wɔbɔɔ Yuda hye ho ban.—1 Samuel 27:8; 1 Beresosɛm 12:20-22.

So ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa ansa na yɛatumi ayɛ biribi pa wɔ yɛn tebea no mu? Ɛwom sɛ ne yɛ betumi ayɛ den de, nanso yebetumi ayɛ. Bere a ɔsomafo Paulo resusuw n’asetram nsɛm ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Masua sɛ asetra biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔ me so. . . . Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi.” Ɛyɛɛ dɛn na Paulo nyaa asetra ho adwene a ɛte saa? Ɛyɛ Yehowa a ɔkɔɔ so de ne ho too ne so no ntia. Ogye toom sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:11-13.

Twɛn Yehowa

Ade a ɛto so abiɛsa a yebetumi asua ne sɛ, sɛ anka yɛbɛfa ɔkwan a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia so adi yɛn tebea no ho dwuma no, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn Yehowa mmom. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi.” (Yakobo 1:4) Ɛsɛ sɛ yɛma boasetɔ ‘wie n’adwumayɛ’ denam sɔhwɛ no a yebegyina mu a akosi ase a yɛremfa ɔkwan biara a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia so ntwa so pen no so. Ɛno bɛma yɛn gyidi a wɔasɔ ahwɛ no ayɛ den na ama yɛahu sɛnea yɛn gyidi no te ankasa. Ná Yosef ne Dawid wɔ boasetɔ a ɛte saa. Wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ade bi a ebetumi ama Yehowa bo afuw wɔn wɔ wɔn tebea no ho. Mmom no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa. Wɔtwɛnee Yehowa. Yehowa nso de wɔn baanu no nyinaa dii dwuma de gyee ne nkurɔfo, na ɔsan maa wɔn baanu no nyinaa bɛyɛɛ akannifo wɔ ne nkurɔfo so. Hwɛ nhyira kɛse ara a wonyae!—Genesis 41:39-41; 45:5; 2 Samuel 5:4, 5.

Tebea bi betumi ato yɛn nso a sɛ yɛanhwɛ yiye a yɛbɛte nka sɛ yɛmfa ɔkwan bi a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia so nni ho dwuma. Sɛ nhwɛso, so woahaw esiane aware mu hokafo a ɔfata a wunnyae nti? Sɛ saa a, kwati sɛ wobɛyɛ asoɔden abu w’ani agu Yehowa mmara a ɛka sɛ ware “Awurade mu nko” no so. (1 Korintofo 7:39) So worehyia nsɛnnennen wɔ w’aware mu? Sɛ́ anka wubenya wiase no su a ɛhyɛ ntetewmu ne awaregyae ho nkuran no, ɛne wo hokafo no nhwehwɛ ɔkwan a mobɛfa so adi mo tebea dennen no ho dwuma. (Malaki 2:16; Efesofo 5:21-33) So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛhwɛ w’abusua esiane ohia nti? Yehowa a yɛbɛtwɛn no no nso kyerɛ sɛ yɛremfa ɔkwammɔne biara so mpɛ sika. (Dwom 37:25; Hebrifo 13:18) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho yɛ nea yebetumi biara wɔ yɛn tebea no mu na ama Yehowa anya biribi agyina so ahyira yɛn. Bere a yɛreyɛ saa no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa ma wasiesie biribiara pɛpɛɛpɛ.—Mika 7:7.

Yehowa Bɛboa Wo

Sɛ yesusuw ɔkwan a wodii nnipa a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu te sɛ Yosef ne Dawid huammɔ ne sɛnea wodii tebea a emu yɛ den ho dwuma no ho a, ɛso betumi aba yɛn mfaso paa. Ɛwom sɛ wɔka wɔn tebea no ho asɛm wɔ Bible no afã kakraa bi de, nanso wɔn sɔhwɛ no dii mfe pii. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔtete saa no tumi gyee wɔn tebea no toom? Ɔkwan bɛn na wɔfaa so kuraa wɔn anigye mu? Su bɛn na na ɛsɛ sɛ wonya?’

Ɛbɛyɛ papa nso sɛ yebesusuw boasetɔ a Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ da no adi no ho. (1 Petro 5:9) Afe biara, nkurɔfo pii asetram nsɛm pue wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma no mu. So wokenkan dwennwen nokware Kristofo a wɔtete saa no nhwɛso no ho? Afei nso, yɛwɔ nkurɔfo a wɔde nokwaredi gyina tebea a emu yɛ yaw ano wɔ yɛn asafo ahorow mu. So wotaa ne wɔn bɔ wɔ asafo nhyiam ase sua biribi fi wɔn hɔ?—Hebrifo 10:24, 25.

Sɛ amanehunu a emu yɛn den to wo a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa dwen wo ho na ɔbɛboa wo. (1 Petro 5:6-10) Bɔ mmɔden biara sɛ woremma wo tebea no nhyɛ wo so. Di Yosef, Dawid, ne afoforo nhwɛso akyi denam fa a woremfa afoforo ho asɛm nhyɛ wo mu, mmɔden a wobɛbɔ ayɛ bibiri a mfaso wɔ so wɔ wo tebea no mu, ne twɛn a wobɛtwɛn Yehowa ma wasiesie tebea no yiye no so. Fa mpaebɔ ne Onyankopɔn som adwuma mu a wode wo ho bɛhyɛ so bɛn no. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wubetumi anya anigye bere mpo a worehu amane no.—Dwom 34:8.

[Mfonini wɔ kratafa 20, 21]

Yosef yɛɛ nea obetumi biara wɔ ne tebea no mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dawid twɛn maa Yehowa siesiee ne tebea no