Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Muntwa Mmra Mmɛboa Yɛn’

‘Muntwa Mmra Mmɛboa Yɛn’

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

‘Muntwa Mmra Mmɛboa Yɛn’

WƆ JULY 2000 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Adansefo a wɔka German kasa a wɔwɔ Austria, Germany, ne Switzerland sɛ wɔnkɔ Bolivia. Dɛn ntia? Efisɛ na asɔre bi a wɔfrɛ no Mennonite mufo a wɔyɛ akuafo a wɔatew wɔn ho akɔbɔ wɔn akuraa wɔ baabi a efi Bolivia kurow Santa Cruz rekɔ hɔ tenten yɛ kilomita 300 a wɔka German kasa no rekyerɛ Bible no ho anigye.

Adansefo bɛyɛ 140 na wogyee saa ɔfrɛ yi so. Ebinom kodii adapɛn kakraa bi, na afoforo nso kodii afe anaa nea ɛboro saa. Eyi a wɔyɛe no te sɛ nea afeha a edi kan no mu asɛmpatrɛwfo bi a wogyee ɔfrɛ a edi so yi so yɛe no ara: ‘Muntwa mmra Makedonia mmɛboa yɛn.’—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10.

Saa asasesin no mu adwumayɛ te dɛn? Asafo mu panyin bi a ɔwɔ asafo bi a ɛwɔ hɔ mu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ wote kar mu a, wode nnɔnhwerew awotwe na ebetwa mfuturukwan no akodu mmeae 43 a Mennonitefo no tete no mu biako. Sɛ worekɔ mmeae a ɛhɔ woware paa no de a, wubedi nnanan wɔ kwan so na woada ntamadan mu. Nanso ɛnyɛ ɔbrɛgu efisɛ na nkurɔfo no ntee asɛmpa no bi da.”

Mfiase no, Mennonitefo no pii antie ahɔho no. Nanso mmɔden a Adansefo no kɔɔ so bɔe no ama nkurɔfo no abenya anigye wɔ asɛmpa no ho. Sɛ nhwɛso no, okuafo bi kae sɛ bɛyɛ afe ni na ofii ase kenkan Nyan! nsɛmma nhoma no. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Minim sɛ kurom hafo no pii nnye nea moka no nni, nanso mede migye di sɛ moka nokware.” Owura bi nso kae wɔ akuraa foforo ase sɛ: “M’afipamfo no binom ka sɛ moyɛ atoro adiyifo. Ebinom nso ka sɛ moka nokware. Mepɛ sɛ m’ankasa mihu nokwasɛm a ɛwom.”

Saa bere yi, wɔate German asafo bi wɔ Bolivia a emu adawurubɔfo dodow yɛ 35. Saa adawurubɔfo no mu 14 yɛ bere nyinaa asɛmpakafo. Mennonitefo 14 na ebesi saa bere yi wɔabɛyɛ Ahenni adawurubɔfo, na 9 foforo nso kɔ asafo nhyiam daa. Ɔpanyin bi a ne mfe akɔ anim a wɔbɔɔ no asu nnansa yi ara kae sɛ: “Yehu paa sɛ Yehowa nsa wom bi. Wama anuanom mmarima ne mmea a wɔka German kasa a wɔn ho akokwaw abɛboa yɛn. Yɛda no ase paa.” Saa barima no babea a wadi mfe 17 a ɔno nso abɔ asu de kaa ho sɛ: “Sɛ wohwɛ nsi a anuanom mmerante ne mmabaa a wɔaba ha no de yɛ adwuma no a, ɛma wote nka sɛ yɛ wɔn adwuma no bi. Wɔn mu dodow no ara yɛ daa akwampaefo a wɔde wɔn bere ne wɔn sika reyɛ adwuma aboa afoforo. Ɛma mete nka sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nea wɔreyɛ no bi.”

Nokwarem no, wɔn a ‘wotwa’ kɔboae no renya anigye ne akomatɔyam ankasa.