Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn akwankyerɛ na Kyerɛwnsɛm no de ma fa abayɛn ho bere a awofo no mu biako yɛ Yehowa Dansefo na obiako nyɛ bi no?

Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm atitiriw abien de akwankyerɛ a ɛfa abayɛn ho ma Ɔdansefo a ɔyɛ ɔwofo a ɔwɔ ɔhokafo a ɔnyɛ Ɔdansefo no. Biako ni: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) Nea ɛka ho no nso ni: “Efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” (Efesofo 5:23) Nea edi akyiri no mfa ɔyerenom a wɔn kununom yɛ Adansefo nkutoo ho na mmom wɔn a wɔn ahokafo nyɛ Adansefo no nso. (1 Petro 3:1) Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔdansefo a ɔyɛ ɔwofo betumi akari pɛ wɔ saa nnyinasosɛm yi mu wɔ bere a ɔde nkyerɛkyerɛ rema ne mma no?

Sɛ okunu no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔde honhom ne honam fam nneɛma bɛma n’abusua no. (1 Timoteo 5:8) Ɛwom sɛ ɛna a onnye nni no ne mmofra no bɛbɔ bere pii de, nanso ɛsɛ sɛ agya a ɔyɛ Ɔdansefo no de ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ma ne mma wɔ fie na ɔde wɔn kɔ Kristofo nhyiam, beae a wobenya abrabɔ ho nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ pa no.

Na sɛ ne yere a onnye nni no hyɛ ketee sɛ ɔde mmofra no bɛkɔ beae a ɔsom anaasɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ne gyidi nso ɛ? Ebia ɔman no mmara bɛma no ho kwan sɛ ɔnyɛ saa. Sɛ́ mmofra no bɛpɛ sɛ wɔbɛsom wɔ beae a ɛte saa no begyina sɛnea agya no honhom fam nkyerɛkyerɛ tu mpɔn fa no so. Bere a mmofra no renyin no, ɛsɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no mu ntetee a agya no de ma wɔn no boa wɔn ma wodi nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi. Sɛ mmofra no si gyinae gyina nokware no afã a, hwɛ sɛnea okunu a ɔyɛ gyidini no ani begye!

Sɛ ɛna no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako a, ɛsɛ sɛ ɔde obu ma tiyɛ nnyinasosɛm no na bere koro no ara no ɔma mmofra no daa yiyedi ho asɛm hia no. (1 Korintofo 11:3) Mpɛn pii no, ɛrenhaw ɔyere a ɔyɛ Ɔdansefo no hokafo a onnye nni no sɛ ɔde abrabɔ pa ne honhom fam nkyerɛkyerɛ bɛma wɔn mma no, a Yehowa nkurɔfo nhyiam ase a wɔbɛkɔ akonya eyi no ka ho. Ɛna no betumi aboa ne kunu a onnye nni no ma wahu mfaso horow a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ a ɛfata a wɔn mma no nam Yehowa ahyehyɛde no so nya so no. Obetumi de anifere asi fata a abrabɔ pa ho nnyinasosɛm a efi Bible mu a wɔde ma mmofra no fata so dua, bere a wɔte wiase a emu abrabɔ resɛe mu no.

Nanso, ebia okunu a onnye nni no bɛhyɛ ketee sɛ mmofra no mfa wɔn ho nhyɛ ne som mu, a ɔde wɔn kɔ n’asɔre na ɔde ne som mu gyidi rekyerɛkyerɛ wɔn. Anaa okunu betumi asɔre atia ɔsom nyinaa na wahyɛ ketee sɛ ne mma nnnya ɔsom mu ntetee biara. Sɛ abusua no ti no, ɔno na ɔwɔ asɛyɛde titiriw sɛ osi gyinae. *

Bere a ɔyere a ɔyɛ gyidini a wahyira ne ho so sɛ Kristoni de obu ma ne kunu tiyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔkae asomafo Petro ne Yohane su a wɔdaa no adi no, wɔkae sɛ: “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Asomafo no Nnwuma 4:19, 20) Esiane sɛ mmofra no honhom fam yiyedi ho asɛm hia ɛna a ɔyɛ Ɔdansefo no nti, ɔbɛhwehwɛ hokwan ahorow de abrabɔ pa ho akwankyerɛ ama wɔn. Ɔwɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ ɔkyerɛkyerɛ afoforo wɔ nea onim sɛ ɛyɛ nokware ho, na ɛnsɛ sɛ oyi ne mma fi mu. (Mmebusɛm 1:8; Mateo 28:19, 20) Ɔkwan bɛn so na ɛna a ɔyɛ Ɔdansefo no bedi saa nsɛnnennen yi ho dwuma?

Fa Onyankopɔn mu gyidi ho asɛm sɛ nhwɛso. Ebetumi aba sɛ ɔyere a ɔyɛ Ɔdansefo rentumi ne ne mma nyɛ Bible adesua a wɔahyehyɛ esiane okunu no anohyeto ahorow nti. So ɛsɛ sɛ eyi ma ɔkwati sɛ ɔbɛka Yehowa ho asɛm biara akyerɛ ne mma no? Dabi. Ne nsɛm ne nnwuma bɛda ne gyidi a ɔwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ no mu no adi ɔkwan biara so. Akyinnye biara nni ho sɛ ne mma no bebisabisa no ho nsɛm. Ɛsɛ sɛ ɔde ɔsom hokwan a ɔwɔ no di dwuma de ka Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a ɔwɔ no kyerɛ afoforo a ne mma ka ho. Sɛ mpo ɔrentumi ne ne mma no nyɛ Bible adesua anaa ɔmfa wɔn nkɔ asafo nhyiam bere biara a, obetumi de Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ adua wɔn mu.—Deuteronomium 6:7.

Ɛdefa abusuabɔ a ɛwɔ Ɔdansefo ne ne hokafo a onnye nni ntam ho no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na okunu a onnye nni no ho atew ɔyere no mu, na ɔyere a onnye nni no ho atew okunu no mu; anyɛ saa de a, na mo mma ho wɔ fi, na afei de, wɔn ho atew.” (1 Korintofo 7:14) Yehowa bu aware abusuabɔ no sɛ ɛyɛ kronkron esiane ɔhokafo a ɔyɛ gyidini no nti, na Yehowa bu mmofra no sɛ wɔyɛ kronkron wɔ n’ani so. Ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Ɔdansefo no bɔ mmɔden biara a obetumi boa ne mma ma wɔte nokware no ase, na ogyaw nea ebefi mu aba awiei koraa no ma Yehowa.

Wɔ bere a mmofra no mfe rekɔ anim no, ɛsɛ sɛ wogyina nsɛm a wɔanya afi wɔn awofo hɔ no so si gyinae wɔ ɔfã a wobegyina ho. Wobetumi asi gyinae ayɛ wɔn ade ma ɛne Yesu nsɛm ahyia sɛ: “Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me.” (Mateo 10:37) Wɔhyɛ wɔn nso sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu.” (Efesofo 6:1) Mmerante ne mmabaa pii asi gyinae sɛ ‘wobetie Onyankopɔn sɛ sodifo’ mmom sen ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo, ɛmfa ho ahokyere a saa ɔwofo no de ba wɔn so biara. Hwɛ akatua ara a ɛbɛyɛ ama ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo no sɛ obehu sɛ mmofra no apaw sɛ wɔbɛsom Yehowa ɛmfa ho ɔsɔretia no!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Nea ɛka ɔyere no som ho kwan a ɔwɔ ho ne hokwan a ɔwɔ sɛ ɔkɔ Kristofo nhyiam. Mmere bi wɔ hɔ a na okunu bi mpɛ sɛ ɔhwɛ mmofra nkumaa no wɔ saa mmere no mu, ma enti na ɛsɛ sɛ ɛna a ɔwɔ ɔdɔ no de wɔn kɔ asafo nhyiam horow no.