Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔhonam Mu Nsɔe” Ano A Yebegyina

“Ɔhonam Mu Nsɔe” Ano A Yebegyina

“Ɔhonam Mu Nsɔe” Ano A Yebegyina

“Me dom no dɔɔ wo so.”—2 KORINTOFO 12:9.

1, 2. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yehyia sɔhwɛ ne ɔhaw ahorow? (b) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso bere a yehyia sɔhwɛ no?

“WƆN a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ Satan ka sɛ nea onipa nya fi Onyankopɔn nkyɛn nti na ɔsom no, na n’ani abere denneennen sɛ obebu ne ho bem. Bere bi Yesu bɔɔ n’asomafo anokwafo no kɔkɔ sɛ: “Anka Satan pɛ sɛ onya mo, na ɔpo mo so sɛ aburow.” (Luka 22:31) Ná Yesu nim yiye sɛ Onyankopɔn ma Satan kwan ma ɔfa ɔhaw a ɛyɛ yaw so sɔ yɛn hwɛ. Nokwarem no, ɛno nkyerɛ sɛ ɔhaw biara a yehyia wɔ asetra mu no fi Satan anaa n’adaemone no tẽẽ. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso Satan ani abere sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara a obetumi so ama yɛagyae yɛn mudi mu.

2 Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ɔhaw ahorow a yehyia no yɛ yɛn nwonwa. Biribiara a ɛbɛto yɛn no nyɛ nwonwa anaa ade foforo bi. (1 Petro 4:12) Nokwasɛm ne sɛ, “amanehunu no ara na wɔde ato [yɛn] nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Petro 5:9) Ɛnnɛ, Satan de nhyɛso a ano yɛ den ba Onyankopɔn somfo biara so. Ɔbonsam ani gye ho sɛ obehu sɛ wɔde ɔhaw dodow biara a ɛte sɛ nsɔe bɛba yɛn so. Ɛno nti, ɔde nneɛma nhyehyɛe yi di dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛn ‘honam mu nsɔe’ no bi abɛka ho anaasɛ emu ayɛ den. (2 Korintofo 12:7) Nanso ɛnsɛ sɛ Satan ntua no ma yegyae yɛn mudi mu. Sɛnea Yehowa ‘bɛma ɔkwan a yɛde befi sɔhwɛ mu abɛda ho’ no, saa ara na sɛ yehyia ɔhaw ahorow a ɛte sɛ honam mu nsɔe a, ɔbɛyɛ.—1 Korintofo 10:13.

Sɛnea Yebegyina Nsɔe Ano

3. Mmuae bɛn na Yehowa mae bere a Paulo srɛɛ no sɛ onyi ne honam mu nsɔe no?

3 Ɔsomafo Paulo srɛɛ Onyankopɔn sɛ onyi ne honam mu nsɔe no. “Eyi nti mesrɛɛ Awurade mpɛn abiɛsa sɛ omfi me so.” Dɛn na Yehowa yɛe wɔ Paulo adesrɛ a emu yɛ den yi ho? “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:8, 9) Ma yɛnhwehwɛ mmuae yi mu nhwɛ sɛnea ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ahorow biara a ɛte sɛ nsɔe a ɛyɛ yɛn yaw no mu.

4. Akwan bɛn so na na Paulo anya Yehowa dom so mfaso?

4 Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn hyɛɛ Paulo nkuran sɛ ɔnkyerɛ ɔdom a ɔnam Kristo so anya dedaw no ho anisɔ. Nokwarem no, na wɔahyira Paulo wɔ akwan horow pii so. Ɛwom sɛ ɔsɔre tiaa Yesu akyidifo no denneennen de, nanso Yehowa fi ɔdɔ mu ma onyaa hokwan bɛyɛɛ osuani. (Asomafo no Nnwuma 7:58; 8:3; 9:1-4) Ɛno akyi no, Yehowa maa Paulo dwumadi ne hokwan ahorow a na ɛyɛ anigye. Asuade a yenya fi mu no da adi pefee. Sɛ ɛto nea ɛyɛ den paa mpo a, yɛda so ara wɔ nhyira horow a yebetumi agyina so akyerɛ anisɔ. Ɛnsɛ sɛ sɔhwɛ ahorow no ma yɛn werɛ fi Yehowa papayɛ a ɛdɔɔso no da.—Dwom 31:19.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛɛ Paulo sɛ Onyankopɔn tumi “wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu”? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo nhwɛso no maa Satan yɛɛ ɔtorofo?

5 Yehowa dom no dɔɔso wɔ ɔkwan foforo so. Onyankopɔn tumi dɔɔso sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina yɛn sɔhwɛ ahorow ano. (Efesofo 3:20) Yehowa ma Paulo hui sɛ Onyankopɔn “tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Ɔkwan bɛn so? Ofi ɔdɔ mu maa Paulo ahoɔden a na ohia na ama watumi agyina ne sɔhwɛ no ano no. Paulo nso boasetɔ ne ne ho a ɔde too Yehowa so koraa no maa Kristofo nyinaa hui sɛ na Onyankopɔn tumi nam ɔbarima bɔnefo a na ɔyɛ mmerɛw yi so redi nkonim. Afei susuw nkɛntɛnso a ebenya wɔ Ɔbonsam a ɔkyerɛ sɛ sɛ nnipa ho tɔ wɔn wɔ asetram na biribiara nhaw wɔn a ɛnna wɔsom Onyankopɔn so no ho hwɛ. Paulo mudi mu a okurae no bɛyɛɛ sotɔre a ɔbɔɔ otwirifo no!

6 Paulo yi na kan no na ɔboa Satan ma ɔko tia Onyankopɔn, onuɔdenfo a ɔtaa Kristofo, Farisini nsiyɛfo a akyinnye biara nni ho sɛ na odi yiye wɔ asetram esiane sɛ wɔwoo no too abusua pa mu nti no. Afei de na Paulo resom Yehowa ne Kristo sɛ “asomafo no mu akumaa.” (1 Korintofo 15:9) Ne saa nti, na ɔbrɛ ne ho ase hyɛ afeha a edi kan Kristofo sodikuw no tumi ase. Na ɛmfa ho ne honam mu nsɔe no, na ɔde nokwaredi regyina ano. Nanso nea ɛhyɛɛ Satan abufuw kɛse no, asetra mu sɔhwɛ ahorow yi ammrɛ Paulo mmɔdenbɔ ase. Paulo amma n’ani ampa anidaso a ɛne sɛ obenya Kristo ɔsoro Ahenni mu kyɛfa no so da. (2 Timoteo 2:12; 4:18) Na nsɔe biara ntumi mmrɛ ne mmɔdenbɔ ase, ɛmfa ho sɛnea na ano yɛ yaw. Ɛmmra sɛ yɛn mmɔdenbɔ mu bɛkɔ so ayɛ den! Sɛ Yehowa wowaw yɛn ma yegyina yɛn sɔhwɛ ahorow ano a, ɛma yenya hokwan kyerɛ Satan sɛ ɔyɛ ɔtorofo.—Mmebusɛm 27:11.

Yehowa Nsiesiei Ho Hia

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam hyɛ n’asomfo den ɛnnɛ? (b) Dɛn nti na da biara Bible akenkan ne adesua ho hia na ama yɛatumi agyina yɛn honam mu nsɔe ano?

7 Ɛnnɛ Yehowa nam ne honhom kronkron, N’asɛm, ne yɛn Kristofo onuayɛ no so hyɛ Kristofo anokwafo den. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yebetumi adan yɛn adesoa ato Yehowa so wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 55:22) Ebetumi aba sɛ Onyankopɔn renyi ɔtaa a yehyia no mfi yɛn so, nanso ɔma yɛn nyansa a yɛde begyina nea ɛyɛ den paa sɛ yebegyina ano no ano. Afei nso Yehowa betumi ahyɛ yɛn den—na wama yɛn “tumi a ɛboro so”—na aboa yɛn ma yɛagyina.—2 Korintofo 4:7.

8 Ɔkwan bɛn so na yenya mmoa a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ yɛde nsi sua Onyankopɔn Asɛm, efisɛ emu na yebenya awerɛkyekye ankasa a efi ne nkyɛn no. (Dwom 94:19) Yɛkenkan Onyankopɔn asomfo nsɛm a ɛka koma a wɔde srɛɛ ne hɔ mmoa no ho asɛm wɔ Bible no mu. Sɛnea Yehowa dii wɔn adesrɛ no ho dwuma, denam awerɛkyekye nsɛm a ɔde dii dwuma mpɛn pii so no nso yɛ ade a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye. Adesua bɛhyɛ yɛn den na ama “tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” Sɛnea yehia honam fam aduan daa na asiesie yɛn nipadua na ama yɛn ahoɔden no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn asɛm daa. So yɛyɛ eyi? Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yebehu sɛ “tumi a ɛboro so” a yenya no boa yɛn ma yegyina sɛnkyerɛnne kwan so nsɔe biara a ebia ɛhaw yɛn mprempren no ano.

9. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa wɔn a wɔregyina ɔhaw ahorow no ano?

9 Kristofo mpanyimfo a wosuro Nyankopɔn betumi ayɛ sɛ ahohia mu “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea.” Mpanyimfo a wɔpɛ sɛ asɛm a efi honhom mu yi fa wɔn ho no fi komam bisa Yehowa na wama wɔn “asuafo tɛkrɛma,” sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nsɛm a ɛfata a wɔde bebua wɔn a wɔrehu amane no. Mpanyimfo no anom nsɛm betumi ayɛ sɛ osu a ɛtɔ brɛoo dwudwo yɛn koma bere a asetra mu yɛ den ma yɛn no. Sɛ mpanyimfo kasa ‘kyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ’ a, ɛboa wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea a esiane wɔn honam mu nsɔe bi nti, wɔahaw no paa no.—Yesaia 32:2; 50:4; 1 Tesalonikafo 5:14.

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo betumi ahyɛ afoforo a wɔrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den nkuran?

10 Yehowa asomfo nyinaa yɛ ne Kristofo abusua a ayɛ biako no fã. Yiw, “yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako,” na “ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.” (Romafo 12:5; 1 Yohane 4:11) Yɛyɛ dɛn di asɛyɛde yi ho dwuma? Sɛnea 1 Petro 3:8 kyerɛ no, yɛyɛ saa denam ‘hu a yebehuhu ama yɛn ho yɛn ho, adodɔ yɛn ho sɛ anuanom, na yɛama yɛn yam ahyehye yɛn’ ama wɔn a wɔyɛ gyidi fifo nyinaa no so. Ɛdefa wɔn a wɔregyina honam mu nsɔe titiriw bi ano, sɛ ebia wɔyɛ mmofra anaa mpanyin no, yɛn nyinaa betumi asusuw wɔn ho yiye. Ɔkwan bɛn so?

11 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte wɔn amanehunu no ase. Sɛ yɛanna tema adi, anaasɛ yebu yɛn ani gu wɔn so a, yebetumi ama wɔn amanehunu no mu ayɛ den a yennim. Hu a yebehu sɔhwɛ a wohyia no bɛka yɛn ma yɛayɛ ahwɛyiye wɔ nsɛm a yɛka, sɛnea yɛka no, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade ho. Adwempa a yebenya ne nkuranhyɛ a yɛde bɛma wɔn no bɛboa adwudwo nsɔe ano yaw biara a ebia ɛrehaw wɔn no ano. Yɛnam so betumi ayɛ awerɛkyekye ama wɔn.—Kolosefo 4:11.

Sɛnea Ebinom Atumi Agyina Ano

12-14. (a) Dɛn na Kristoni bi yɛe de gyinaa kokoram ano? (b) Ɔkwan bɛn so na saa ɔbea yi honhom fam anuanom mmarima ne mmea boaa no na wɔhyɛɛ no nkuran?

12 Bere a yɛrebɛn nna a edi akyiri yi awiei no, “awoko yaw” no mu kɔ so yɛ den da biara. (Mateo 24:8) Enti, ɛda adi sɛ sɔhwɛ betumi ato obiara wɔ asase so, ne titiriw, Yehowa asomfo anokwafo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no. Sɛ nhwɛso no, susuw Kristoni bi a ɔresom sɛ bere nyinaa somfo nhwɛso no ho hwɛ. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu hui sɛ wanya kokoram ma enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn yi nkwaa a ntasu ne nipadua mu nsu fa mu no. Bere a ɔne ne kunu hui sɛ wanya yare yi no, ntɛm ara na wɔdan kɔɔ Yehowa nkyɛn de bere tenten bɔɔ mpae hwehwɛɛ ne mmoa. Akyiri yi ɔkae sɛ, asomdwoe bi a ɛyɛ nwonwa bɛhyɛɛ wɔn so. Nanso ohyiaa ɔhaw ahorow bere ne bere mu, titiriw nea ɛfa ɔhaw a nnuru a ɔfae no de brɛɛ no ano ho no.

13 Nea ɛbɛboa onuawa yi ma watumi agyina ne tebea no ano no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obesua nea obetumi biara afa kokoram ho. Obisabisaa ne nnuruyɛfo ɛho nsɛm. Onyaa sɛnea ankorankoro bi afi nkate mu agyina yare yi ano ho nsɛm fii Ɔwɛn-Aban ne Nyan!, ne Kristofo nhoma horow mu. Afei ɔkenkan Bible mu nsɛntitiriw bi a ɛkyerɛ tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔwowaw ne nkurɔfo bere a wohyia ɔhaw, ne nsɛm foforo a mfaso wɔ so nso.

14 Asɛm bi a ɛka sɛnea wogyina abasamtu ano faa nsɛm yi kae: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa.” (Mmebusɛm 18:1) Enti asɛm no de afotu yi mae sɛ: ‘Ntew wo ho mfi afoforo ho.” * Onuawa no ka sɛ: “Nnipa pii ka kyerɛɛ me sɛ na wɔbɔ mpae ma me; afoforo nso frɛɛ me wɔ telefon so. Na mpanyimfo baanu frɛ me daa bisa sɛnea me ho te. Minyaa nhwiren ne nkrataa a wɔde ma tiri nkwa pii. Ebinom mpo noaa nnuan. Afei nnipa pii tuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛfa me akɔ ayaresabea.

15-17. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristoni bi tumi gyinaa ɔhaw a akwanhyia bi ma ohyiae no ano? (b) Mmoa bɛn na wɔn a wɔwɔ asafo no mu no de mae?

15 Yehowa somfo bi a wasom akyɛ a ɔwɔ New Mexico, U.S.A., nyaa kar akwanhyia abien. Opiraa ne kɔn ne ne mmati, na ɛmaa ɔkwaha a na wagyina ano mfirihyia 25 no bɛyɛɛ kɛse. Ɔka sɛ: “Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛma me ti so, na na mintumi nkura biribiara a emu duru boro kilogram 2. Nanso komam a mifi bɔɔ Yehowa mpae no awowaw me paa. Saa ara na Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a yɛasua no nso aboa me. Emu biako kaa Mika 6:8 ho asɛm, na mehyɛɛ no nsow sɛ, sɛ́ obi bɛda ahobrɛase adi no kyerɛ sɛ obehu faako a n’ahoɔden kodu. Eyi boaa me ma metee ase sɛ ɛmfa ho me tebea no, ɛnsɛ sɛ mema m’abam bu, ɛwom mpo sɛ bere a mede yɛ asɛnka adwuma no sua sen sɛnea anka mepɛ sɛ meyɛ no. Adwempa a obi de bɛsom no no ara na ehia.”

16 Ɔka nso sɛ: “Bere nyinaa mpanyimfo no kamfo me wɔ mmɔden a mebɔ wɔ nhyiam ahorow ne asɛnka a mekɔ ho. Mmofra yɛ me atuu de kyerɛ me ho anigye. Akwampaefo no nyaa me ho adagyew pii, na mpɛn pii sɛ me yare mu yɛ den a, wɔsakra wɔn nhyehyɛe. Sɛ wim tebea nye a, wofi ayamye mu fa me kɔ sankɔhwɛ ahorow anaa wɔma mekɔtra wɔn Bible adesua mu. Na esiane sɛ na mintumi nkura bag a mede nhoma hyem nti, sɛ me ne adawurubɔfo foforo kɔ asɛnka a, wɔde me nhoma hyɛ wɔn bag mu.

17 Hyɛ sɛnea asafo mu mpanyimfo ne mfɛfo gyidifo boaa anuanom mmea baanu yi ma wogyinaa dɛmdi a ɛte sɛ nsɔe yi ano no nsow. Wofi ayamye mu de mmoa a mfaso wɔ so a ebetumi adi wɔn honhom fam, honam fam, ne nkate fam ahiade pɔtẽẽ ho dwuma mae. So ɛno nhyɛ wo nkuran sɛ wobɛboa anuanom mmarima ne mmea foforo a wohyia ɔhaw ahorow no? Mo a moyɛ mmofra no nso betumi aboa wɔn a wɔwɔ mo asafo mu a wɔne honam mu nsɔe redi asi no.—Mmebusɛm 20:29.

18. Nkuranhyɛ bɛn na yebetumi anya afi asetram nsɛm a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu no?

18 Wɔatintim Adansefo a wɔagyina ɔhaw ahorow ano na wɔda so ara yɛ saa no asetram nsɛm ne wɔn suahu ahorow wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu. Bere a wokenkan nsɛm a ɛtete saa daa no, wubehu sɛ yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wiase nyinaa agyina sikasɛm mu ahokyere, asiane ahorow a ama wɔahwere wɔn adɔfo, ne ɔko bere a emu yɛ hu ano. Nyarewa ama afoforo nso ntumi nyɛ hwee. Nnipa pii ntumi nyɛ asetra mu nneɛma nketenkete a wɔn a wɔwɔ akwahosan pa bu wɔn ani gu so no. Wɔn nyarewa no sɔ wɔn hwɛ paa, ne titiriw bere a wontumi nnya Kristofo dwumadi mu kyɛfa sɛnea anka wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ no. Hwɛ sɛnea wɔn ani sɔ mmoa a wɔn nuanom mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra, de ma wɔn no!

Boasetɔ De Anigye Ba

19. Ɛyɛɛ dɛn na Paulo tumi dii ahurusi ɛmfa ho mmerɛwyɛ ne sɔhwɛ ahorow a na ɛte sɛ nsɔe a ohyiae no?

19 Paulo ani gyei sɛ ohuu sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no den no. Ɔkae sɛ: “Mede fɛw pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtra me so. Kristo nti m’ani ka mmerɛwyɛ mu, ahohora mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:9, 10) Esiane osuahu a Paulo ankasa nyae nti, na obetumi de ahotoso aka sɛ: “Ɛnyɛ sɛ ohia nti na meka eyi; efisɛ me de, masua sɛ asetra biara a mewɔ mu no, mepene ma ɛdɔɔ me so. Minim ahobrɛase, na minim taamudi nso. Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi; mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.”—Filipifo 4:11-13.

20, 21. (a) Dɛn nti na yebetumi anya anigye wɔ “nneɛma a wonhu” a yebesusuw ho no ho? (b) Dɛn ne “nneɛma a wonhu” a wohwɛ kwan sɛ wubehu wɔ asase so Paradise mu no?

20 Ne saa nti, sɛ yɛma obiara hu sɛ Yehowa nam yɛn mmerɛwyɛ so ma ne tumi wie pɛyɛ a, yɛnam sɛnkyerɛnne kwan so honam mu nsɔe biara a yebegyina ano so benya anigye kɛse. Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Yɛmpa abaw, efisɛ yɛn mu nnipa no dan foforo daa daa. Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ma yɛn a yɛnhwɛ nneɛma a wohu; efisɛ nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.’—2 Korintofo 4:16-18.

21 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu dodow no ara wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so Paradise so na wɔanya nhyira horow a ɔde ahyɛ bɔ no. Yebetumi abu bɔhyɛ ahorow a ɛte saa sɛ ade a “wonhu” nnɛ. Nanso yɛde yɛn ani behu bere a saa nhyira horow no bɛbam no nnansa yi ara, yiw, na yɛanya mu anigye daa. Saa nhyira no mu biako ne ahotɔ a yebenya afi ɔhaw biara a ɛte sɛ honam mu nsɔe a ɛrenhaw yɛn bio no! Onyankopɔn Ba no ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma’ na ‘watu nea ɔwɔ owu tumi no ase.’—1 Yohane 3:8; Hebrifo 2:14.

22. Ahotoso ne awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

22 Enti, ɛmfa ho honam mu nsɔe biara a ɛwowɔ yɛn nnɛ no, momma yɛnkɔ so nnyina ano. Te sɛ Paulo no, yɛnam Yehowa a ofi ayamye mu ma yɛn tumi no so benya ahoɔden ayɛ saa. Bere a yɛte asase so Paradise mu no, yebehyira Yehowa, yɛn Nyankopɔn no da biara wɔ anwonwade a wayɛ ama yɛn no ho.—Dwom 103:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ asɛm “Bible no Adwene: Sɛnea Yebegyina Abasamtu Ano,” wɔ Nyan! a ɛbae, May 8, 2000, no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na Ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nokware Kristofo agyae wɔn mudi mu, na ɔkwan bɛn so?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa tumi “wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu”?

• Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ne afo- foro betumi ahyɛ wɔn a ɔhaw ahorow ma wohu amane no nkuran?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Paulo bɔɔ Onyankopɔn mpae mprɛnsa sɛ onyi ne honam mu nsɔe no