Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan bɛn so na ɔwɔ no kasa kyerɛɛ Hawa wɔ Eden turom hɔ ma obuu Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne hu dua ho no so?

Genesis 3:1 ka sɛ: “Na ɔwɔ yɛ anifere kyɛn wuram mmoadoma a [Yehowa, NW] Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Wɔakyerɛ adwene horow pii afa sɛnea ɔwɔ no ne Hawa dii nkitaho no ho. Adwenkyerɛ biako ne sɛ ɔwɔ no nam ahokeka ne nneyɛe so na ɛkasae. Sɛ nhwɛso no, Engiresi sɔfo Joseph Benson kae sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛda adi koraa sɛ ɔnam nsɛnkyerɛnne bi so na ɛkasae. Nokwarem no, ebinom akyerɛ sɛ saa bere no, na ɛno ne ɔkwan a awɔ fa so susuw nsɛm ho na wɔkasa, . . . nanso eyi ho adanse biara nni hɔ.”

Nanso, sɛ ahokeka so kɛkɛ na ɔwɔ no nam kasae a, ɛyɛɛ dɛn na otumi maa Hawa hui sɛ sɛ odi aduaba a wɔabara no a, ɔbɛyɛ sɛ Onyankopɔn, na watumi ahu papa ne bɔne? Bio nso, Hawa nyaa nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa, na obuaa asɛm a ɔwɔ no bisae no. (Genesis 3:2-5) Adwene a ɛne sɛ ɔwɔ no nam sɛnkyerɛnne ne ahokeka nkutoo so na ɛkasae no bɛkyerɛ sɛ Hawa nso nam ahokeka so na obuaa no, bere a Bible nso ka sɛ ɔkasae no.

Bere a ɔsomafo Paulo retwe adwene asi saa asɛm yi so no, ɔbɔɔ mfɛfo Kristofo kɔkɔ sɛ: “Misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene.” Ná asiane a Paulo reka ho asɛm no fi “atoro asomafo, nnaadaa adwumayɛfo” hɔ. Ɛnyɛ ahokeka ne nneyɛe so na saa “asomafo titiriw” no nam daa saa ɔhaw no adi. Ná wɔn kasa nso ka ho—wɔn aniferesɛm a wɔka de daadaa afoforo no.—2 Korintofo 11:3-5, 13.

Ɛwom sɛ wɔnam kasa so na ɛdaadaa Hawa wɔ Eden turom hɔ de, nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ no wɔ kasa nkwaadɔm bi. Ná enhia mma no saa nneɛma no. Bere a Onyankopɔn bɔfo nam afurummere so kasa kyerɛɛ Balaam no, na aboa no nhia ɛnne nkwaadɔm nwonwaso bi a ɛte sɛ nnipa de. (Numeri 22:26-31) Ɛda adi sɛ, bere a ‘aboa a ontumi nkasa yi de onipa nne kasae no,’ na tumi a ɔde rekasa no fi ahonhom atrae.—2 Petro 2:16.

Wɔda honhom abɔde a ɔmaa ɔwɔ no kasa kyerɛɛ Hawa no adi wɔ Bible mu sɛ ‘ɔwɔ dedaw, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan no.’ (Adiyisɛm 12:9) Satan a ‘ɔdan ne ho sɛ hann bɔfo’ no nkyɛn na na nsɛm a wotumi te a Hawa tee na ɔyɛɛ ho biribi no fi.—2 Korintofo 11:14.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

‘Wobɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne’