Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Na Yɛyɛ Nneɛma Bom

Na Yɛyɛ Nneɛma Bom

Asetram Nsɛm

Na Yɛyɛ Nneɛma Bom

SƐNEA MELBA BARRY KA KYERƐE

Wɔ July 2, 1999 mu no, na me ne me kunu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam kɛse bi ase, sɛnea na yɛtaa yɛ mpɛn pii wɔ mfirihyia 57 a yɛde waree mu no. Ná Lloyd rema ɔkasa a etwa to wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ Hawaii saa Fida no. Mpofirim ara, ɔhwee ase. Ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma n’ani so atetew no nyinaa akyi no, owui. *

HWƐ sɛnea Kristofo anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛɛ me mmoa no boaa me ma migyinaa awerɛhosɛm yi ano! Ná Lloyd ahyɛ wɔn mu pii ne afei afoforo a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran wɔ wɔn asetra mu.

Wɔ ne wu akyi bɛyɛ mfe abien ni no, masusuw mfe a ɛyɛ anigye a yɛboom trae—emu pii wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu wɔ amannɔne, ne afei wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York no ho. Afei nso makae me mmofraase wɔ Sydney, Australia, ne nsɛnnennen a me ne Lloyd hyiae ansa na yɛreware wɔ Wiase Ko II mfiase mu no. Nanso nea edi kan no, momma menka nea ɛyɛe a mebɛyɛɛ Ɔdansefo ne sɛnea mihyiaa Lloyd wɔ 1939 mu tɔnn no ho asɛm nkyerɛ mo.

Nea Ɛyɛe a Mebɛyɛɛ Ɔdansefo

Ná wɔfrɛ m’awofo a wɔwɔ dɔ ne tema no James ne Henrietta Jones. Bere a miwiee sukuu wɔ 1932 mu no, na madi mfe 14 pɛ. Saa bere no na wiase no wɔ Sikasɛm mu Ahokyere mu. Mifii ase yɛɛ adwuma a mede bɛboa abusua a na me nuabeanom nkumaa baanu ka ho no. Wɔ mfe kakraa bi ntam no, minyaa adwuma a na akatua no ye a na mewɔ mmeawa a wɔyɛ adwuma wɔ m’ase.

Saa bere no wɔ 1935 mu no, Maame gyee Bible ho nhoma fii Yehowa Adansefo nkyɛn, na ankyɛ na obegye dii sɛ wahu nokware no. Yɛn a na yɛaka no susuwii sɛ n’adwene na ɛresɛe. Nanso da koro, mihuu nhomawa a wɔato din Where Are the Dead? (Ɛhe na Awufo Wɔ?), na asɛmti no maa me ho dwiriw me. Enti miwiaa me ho kenkan nhomawa no. Ɛno ara ne no! Ntɛm ara na mifii ase ne Maame kɔɔ dapɛn mfinimfini adesua a na wɔfrɛ no Adesua Nhwɛso no. Ná nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mmuae ahorow no mu wɔ nhomawa a wɔato din Model Study—a akyiri yi ɛbɛyɛɛ abiɛsa—no mu.

Bɛyɛ saa bere no wɔ April 1938 mu no, Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ nanmusini a ofi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ no baa nsrahwɛ wɔ Sydney. Ne baguam kasa no ne nea edi kan a mitiei. Ná anka ɛbɛba so wɔ Sydney Town Hall, nanso asɔretiafo yɛe maa wɔamfa hɔ amma yɛn. Mmom no, wɔmaa ɔkasa no wɔ Sydney Sports Ground a na ɛhɔ sõ no. Esiane sɛ asɔretiafo no maa ɛho dawurubɔ no kɔɔ akyiri nti, nnipa bɛyɛ 10,000 na wɔbae, na sɛ wususuw Adansefo 1,300 pɛ a na wɔwɔ Australia saa bere no ho a, na ɛyɛ nwonwa.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, mekɔɔ asɛnka bere a edi kan koraa—a na minnyaa ntetee biara. Bere a yɛn kuw no duu yɛn asɛnka asasesin mu no, nea odi anim no ka kyerɛɛ me sɛ: “Ofie a ɛwɔ hɔ no yɛ wo de.” Ná me ho repopo araa ma bere a ofiewura no puei no, mibisaa no sɛ: “Mesrɛ wo, abɔ ahe?” Ɔkɔɔ dan mu, kɔhwɛɛ nea na abɔ no, na ɔsan bae bɛka kyerɛɛ me. Ɛno ara ne no. Mesan kɔɔ kar no ho.

Nanso mannyae; bere tiaa bi akyi no, na meka Ahenni ho asɛm no kyerɛ afoforo daa. (Mateo 24:14) Wɔ March 1939 mu no, meyɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne denam bɔ a wɔbɔɔ me asu wɔ Dorothy Hutchings a na ne fie di yɛn de so no aguasɛn mu. Esiane sɛ na anuanom mmarima nni hɔ nti, wɔbɔɔ me asu akyi bere tiaa bi pɛ na wɔmaa me asafo mu asɛyɛde a anka Kristofo mmarima nkutoo na wɔyɛ no.

Na yɛyɛ yɛn asafo nhyiam ahorow wɔ afoforo afie, na sɛ ɛtɔ mmere bi a, na yekogye asa tua ho ka ma baguam ɔkasa. Aberante hoɔfɛfo bi a ofi Betel, yɛn baa dwumadibea hɔ, bae bɛmaa ɔkasa wɔ yɛn asafo ketewa no mu. Ná minnim sɛ ba a ɔbaa hɔ no, na okura adwene foforo—sɛ ɔrebɛhwɛ me. Yiw, saa na ɛyɛe a mihyiaa Lloyd.

Mihyia Lloyd Abusua

Bere tiaa bi akyi no, minyaa ɔpɛ sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa. Nanso bere a mede akwampae ho akwammisa (asɛnka adwuma a mede bere nyinaa bɛyɛ) kɔe no, wobisaa me sɛ ebia mɛpɛ sɛ mɛsom wɔ Betel anaa. Enti wɔ September 1939 mu, ɔsram a Wiase Ko II fii ase no, mebɛyɛɛ Betel abusua no muni wɔ Strathfield, kurow bi a ɛbɛn Sydney.

Wɔ December 1939 mu no, mituu kwan kɔɔ nhyiam wɔ New Zealand. Esiane sɛ na Lloyd fi New Zealand nti, na ɔno nso rekɔ hɔ bi. Yɛfaa po so hyɛn koro no ara na ɛma yehuu yɛn ho yiye. Lloyd hwɛ hui sɛ mehyia ne maame, ne papa, ne ne nuabeanom wɔ nhyiam no ase wɔ Wellington ne akyiri yi wɔ wɔn fie wɔ Christchurch.

Yɛn Adwuma no a Wɔbarae

Memeneda, January 18, 1941 mu no, Aban mpanyimfo tuu kar bɛyɛ asia kɔɔ baa dwumadibea hɔ sɛ wɔrekogye afi asafo no nsam. Esiane sɛ na meyɛ adwuma wɔ Betel pon ano nti, me na midii kan huu wɔn. Bɛyɛ nnɔnhwerew 18 a edi ɛno anim no, na wɔayi yɛn asotiw wɔ bara a na wɔrebara yɛn no ho, ma enti ɛkame ayɛ sɛ na yɛayiyi nhoma ne yɛn kyerɛwtohɔ nyinaa afi baa dwumadibea hɔ. Dapɛn a edi hɔ no, wɔde Betel abusua no mufo baanum, a na Lloyd ka ho koguu afiase.

Ná minim sɛ ade a na anuanom a wɔwɔ afiase hɔ hia sen biara ne honhom fam aduan. Nea ɛbɛyɛ na maboa Lloyd no, misii gyinae sɛ mɛkyerɛw no “ɔdɔ nhoma.” Mifii ase sɛnea wofi krataa a ɛte saa ase no, na afei mekyerɛw Ɔwɛn-Aban mu nsɛm nyinaa guu mu na mede baa awiei sɛ, ɛyɛ ne dɔfo. Asram anan ne fã akyi no, woyii Lloyd.

Aware ne Ɔsom Adwuma a Yɛtoa So

Wɔ 1940 mu no, Lloyd maame baa Australia, na Lloyd ka kyerɛɛ no sɛ yɛresusuw aware ho. Ɔkasa tiae esiane sɛ na nneɛma nhyehyɛe awiei abɛn nti. (Mateo 24:3-14) Afei nso ɔka kyerɛɛ ne nnamfonom, nanso na bere nyinaa wɔnhyɛ no aware ho nkuran. Awiei koraa, da koro bi wɔ February 1942 mu no, Lloyd faa me dinn—yɛne adansefo baanan a na wɔabɔ wɔn ano sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara—kɔɔ baabi a wɔyɛ aware ho nkrataa no, na yɛwaree. Saa bere no na nhyehyɛe biara nni hɔ mma Yehowa Adansefo sɛ wobehyira aware so.

Ɛwom sɛ wɔamma yɛankɔ so ansom wɔ Betel sɛ awarefo de, nanso wobisaa yɛn sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔyɛ akwampaefo atitiriw anaa. Yɛde anigye gyee dwumadi wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Wagga Wagga ase. Saa bere no nyinaa na wɔda so ara abara yɛn asɛnka adwuma no, enti na ɛsɛ sɛ yɛdan yɛn nnosoa to Yehowa so ankasa.—Dwom 55:22.

Yɛde sakre a nnipa baanu tumi tra so kɔɔ nkuraase, na yehyiaa nnipa a wɔn anim tew, ne wɔn kasae kɔɔ akyiri. Wɔn mu dodow no ara ne yɛn anyɛ Bible adesua. Nanso sotɔɔ wura bi kyerɛɛ adwuma a na yɛreyɛ no ho anisɔ araa ma dapɛn biara, na ɔma yɛn nnuaba ne mfunne. Bere a yedii asram asia wɔ Wagga Wagga no, wɔsan too nsa frɛɛ yɛn kɔɔ Betel.

Ná Betel abusua no atu afi Strathfield adwumayɛbea hɔ wɔ May 1942 mu kɔ ankorankoro afie mu. Nea ɛbɛyɛ na wonhu wɔn akyi kwan no, sɛ wodi dapɛn kakra wɔ baabi a, na wɔatu kɔ baabi foforo. Bere a me ne Lloyd san kɔɔ Betel wɔ August mu no, yɛkɔkaa wɔn ho wɔ mmeae yi mu biako. Sɛ ade kye a, na yɛyɛ adwuma wɔ mmeae a wotintim nhoma wɔ sum ase no mu biako. Awiei koraa wɔ June 1943 mu no, wotwaa bara a na wɔabara yɛn adwuma no mu.

Ahoboa Ma Amannɔne Som Adwuma

Wɔ April 1947 mu no, wɔmaa yɛn akwammisa nkrataa a edi kan a yɛde bɛkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, a na ɛwɔ South Lansing, New York, U.S.A. no. Ansa na ɛno bɛba so no, wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnkɔsra asafo ahorow a ɛwɔ Australia no mfa nhyɛ wɔn den honhom fam. Asram kakraa bi akyi no, yɛn nsa kaa krataa a ɛreto nsa afrɛ yɛn akɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no. Ná yɛwɔ adapɛn abiɛsa a yɛde bɛtoto nneɛma na yɛahyehyɛ yɛn nneɛma. Yɛne yɛn abusua ne yɛn nnamfonom dii nkra wɔ December 1947 mu na yɛne afoforo 15 a wofi Australia a na wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ adesuakuw koro no ara bi na esii mu a na yɛrekɔ New York.

Asram kakraa a yedii wɔ Gilead no twaam ntɛmntɛm, na wɔmaa yɛn asɛmpatrɛw dwumadi wɔ Japan. Esiane sɛ egyee bere ansa na yɛn nsa reka nkrataa a yɛde bɛkɔ Japan nti, wɔsan maa Lloyd dwumadi sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo. Asafo ahorow a wɔde maa yɛn sɛ yɛnkɔsra wɔn no fi Los Angeles kurow mu kosi Mexico hye so. Ná yenni kar, enti na Adansefo no fi ɔdɔ mu fa kar ma yɛn dapɛn biara fi asafo biako mu kɔ foforo mu. Mprempren baabi a na ɛbom yɛ saa mansin kɛse no abɛyɛ Engiresi kasa ne Spania kasa amantam, a ɔmantam biara wɔ amansin bɛyɛ du!

Yɛn ani baa yɛn ho so no, na ɛyɛ October 1949, na na yɛte asraafo akohyɛn a afei de wɔde fa wɔn a wɔnyɛ asraafo mu rekɔ Japan. Ná wɔagyaw hyɛn no fã bi ama mmarima, ne ɔfã foforo ama mmea ne mmofra. Aka da koro pɛ ma yɛadu Yokohama no, ahum tu hyiaa yɛn. Ɛda adi sɛ ɛmaa wim tewee, efisɛ ade kyee a owia puei, October 31 no, yehuu sɛnea Bepɔw Fuji yɛ fɛ fa no nyinaa. Akwaaba kɛse a yɛde ba yɛn dwumadi foforo mu bɛn ara ni!

Adwuma a Yɛne Japanfo Yɛe

Bere a yɛbɛnee hyɛn gyinabea hɔ no, yehuu nnipa a wɔn ti nhwi yɛ tuntum ɔhaha pii. Bere a yɛtee wɔn nan ase nnyigyei no, yɛkae sɛ ‘Nkurɔfo yi ho wɔ dede papa!’ Na obiara hyɛ nkuronnua a na egyigye wɔ dua nsɛmso no so. Bere a yɛdaa Yokohama ma ade kyee no, yɛfaa keteke kɔɔ yɛn asɛmpatrɛw dwumadi mu wɔ Kobe. Yeduu hɔ no, na Don Haslett, a yɛne no kɔɔ Gilead a na wadi yɛn anim kan asram kakra wɔ Japan no agye asɛmpatrɛwfo fie a yebetua ho ka. Ná ɛyɛ fie a wɔasi no te sɛ Atɔe famfo de, a ɛyɛ abansoro dan a ɛtoa so abien—a na hwee nsi mu!

Nea ɛbɛyɛ na yɛanya biribi a yɛbɛda so no, yetwaa sare atenten a na ɛwɔ fie no ho no de sɛw fam. Saa na yefii yɛn asɛmpatrɛw asetra no ase, a na yenni hwee sɛ yɛn nneɛma a ɛwɔ yɛn bag mu nko. Yɛpɛɛ kolpɔt nketewa bi a wɔfrɛ no hibachi, a yɛde bɛnoa aduan, na yɛde ato gya. Anadwo bi, Lloyd hui sɛ yɛn ayɔnkofo a yɛne wɔn yɛ asɛmpatrɛw adwuma no, Percy ne Ilma Iszlaub, atotɔ mum. Otumi maa wɔn ani so tetew wɔn denam mfɛnsere no a obuebuei maa mframa pa a ano yɛ nwini baa mu no so. Me nso da bi a na mereyɛ aduan wɔ kolpɔt so no, metɔɔ mum. Nneɛma bi wɔ hɔ a egyee bere kakra ansa na yɛrehu n’ani so!

Ná kasa no a yebesua yɛ yɛn asɛnhia paa, na yɛde nnɔnhwerew 11 suaa kasa no da biara ɔsram biako. Ɛno akyi no, yefii asɛnka ase a na yɛakyerɛw asɛm biako anaa abien bi a yɛbɛhwɛ so aka de afi ase. Bere a edi kan koraa a mekɔɔ asɛnka no, mihyiaa ɔbea hoɔfɛfo bi, Miyo Takagi, a ogyee me fɛw so. Sɛ mekɔyɛ sankɔhwɛ ahorow a, na yɛde Japan ne Engiresi nsɛm asekyerɛ nhoma di dwuma brɛ kosi sɛ yebetumi ayɛ Bible adesua a etu mpɔn. Wɔ 1999 mu bere a mekɔɔ baa dwumadibea ntrɛwmu a na wɔrehyira so wɔ Japan ase no, mihuu Miyo, ne adɔfo afoforo a me ne wɔn suaa ade no bio. Mfe aduonum atwam, nanso wɔda so ara yɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi, reyɛ nea wobetumi nyinaa de asom Yehowa.

Nnipa bɛyɛ 180 baa Kristo wu Nkaedi no ase wɔ April 1, 1950 mu wɔ Kobe. Ade kyee no, yɛn ho dwiriw yɛn bere a nnipa 35 bae sɛ wɔbɛkɔ asɛnka no. Ɔsɛmpatrɛwfo biara faa afoforo yi mu baasa anaa baanan kaa ne ho kɔɔ asɛnka. Afiewuranom ne me ankasa—ɔnanani a ɔnte kasa no papa—na mmom wɔne Japanfo a wɔbaa Nkaedi no ase a na wɔka me ho no na ɛkasae. Nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so ara, nanso na mente nea wɔreka no. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ wɔn a na wɔyɛ foforo yi mu bi nimdeɛ kɔɔ anim na wɔakɔ so wɔ asɛnka adwuma no mu de abesi nnɛ.

Hokwan ne Dwumadi Ahorow Pii

Yɛtoaa yɛn asɛmpatrɛw adwuma no so wɔ Kobe kosii 1952, na saa bere no wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Tokyo, na wɔde baa dwumadibea no so hwɛ hyɛɛ Lloyd nsa wɔ hɔ. Bere kɔɔ so no, ne dwumadi ahorow no de no kɔɔ Japan nyinaa ne aman horow so. Akyiri yi a na ɔrekɔ Tokyo no, Nathan H. Knorr a ofi wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: “So wunim baabi a wo kunu bɛkɔ akɔsom sɛ dantaban sohwɛfo? Australia ne New Zealand.” Ɔtoaa so sɛ: “Sɛ wutua w’akwantu ho ka a, wubetumi akɔ bi.” Anigyesɛm bɛn ni! Anyɛ yiye koraa no, yefii fie mfe akron ni.

Ntɛm ara na yefii nkrataakyerɛw ase. Me maame boaa me ma minyaa tekiti. Ná me ne Lloyd nni adagyew koraa wɔ yɛn dwumadi ahorow mu, na na yenni sika a yɛde bɛkɔ akɔsra yɛn abusuafo. Enti na eyi yɛ me mpaebɔ ho mmuae. Sɛnea wubetumi asusuw ho no, Maame ani gyei yiye sɛ ohuu me. Ɔkae sɛ, “Wiɛ, merebesie sika a wode bɛba bio wɔ mfe abiɛsa ntam.” Yɛtetew mu a na ɛno wɔ yɛn adwenem, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, owui wɔ afe a edi hɔ July mu. Hwɛ sɛnea mehwɛ kwan sɛ mehyia no bio wɔ nhyehyɛe foforo no mu!

Ɛde besi 1960 no, na asɛmpatrɛw adwuma nkutoo na meyɛ, nanso afei minyaa krataa a na ɛrekyerɛ me sɛ: “Nhyehyɛe no ne sɛ, efi saa bere yi wo na wobɛhoro Betel abusua no nyinaa ntade atow so.” Saa bere no nnipa bɛyɛ dumien pɛ na na ɛwɔ abusua no nyinaa mu, enti mitumi yɛɛ adwuma yi kaa m’asɛmpatrɛw adwuma no ho.

Wɔ 1962 mu no, wobubuu yɛn fie a na wɔasi no sɛ Japanfo fie no, na afe a edi hɔ no, wosii Betel fie foforo a na ɛyɛ abansoro dan a ɛtoa so asia wɔ asase no so. Wɔmaa me dwumadi sɛ menhwɛ mmoa Betel anuanom mmerante a wɔaba foforo no mma wonni wɔn dan mu ni nsiesie hɔ yiye. Sɛnea Japanfo amammerɛ te no, na wɔnkyerɛ mmerante no sɛnea wɔyɛ ofie nnwuma biara. Ade a na wɔtwe adwene si so ara ne sukuukɔ, na na wɔn maamenom yɛ biribiara ma wɔn. Ankyɛ na wobehui sɛ menyɛ wɔn maame. Bere kɔɔ so no, wɔn mu pii nyaa nkɔso dii asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru ho dwuma wɔ ahyehyɛde no mu.

Ahohuru bere bi a na wim yɛ hyew no, Bible suani bi baa yɛn dwumadibea hɔ nsrahwɛ, na ohuu me sɛ meretwiw aguare. Ɔkae sɛ, “Mesrɛ wo, ka kyerɛ nea ɔhwɛ ha no sɛ mɛpɛ sɛ metua sika ma abaawa bi abɛyɛ adwuma yi ama mo.” Mekyerɛkyerɛɛ no mu sɛ, ɛwom sɛ m’ani sɔ ne nsusuwii pa no de, nanso mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ adwuma biara a wɔde bɛma me wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu.

Saa bere yi mu no, me ne Lloyd nsa kaa krataa a ɛreto nsa afrɛ yɛn ma yɛakɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 39! Hwɛ hokwan ara a na ɛyɛ sɛ wɔ 1964 mu a na madi mfe 46 no, na merekɔ sukuu bio! Wɔyɛɛ saa adesua no ho nhyehyɛe maa wɔn a na wɔresom wɔ baa dwumadibea ahorow no titiriw na ama wɔatumi adi wɔn asɛyɛde ho dwuma. Asram du adesua no akyi no, wɔsan maa yɛn dwumadi bio wɔ Japan. Ebeduu saa bere yi na yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo bɛboro 3,000 wɔ saa man no mu.

Yenyaa nkɔanim ara ma eduu 1972 no na Adansefo bɛboro 14,000 na wɔwɔ hɔ, na wosii baa dwumadibea abansoro dan foforo a ɛtoa so anum wɔ Numazu, Tokyo anafo fam. Sɛ yegyina yɛn dan no so a, na yehu sɛnea Bepɔw Fuji yɛ fɛ no yiye. Ɔsram biara yɛde yɛn nhoma tintim afiri foforo no tintim nsɛmma nhoma ɔpepem pii wɔ Japanfo kasa mu. Nanso na nsakrae foforo nam kwan so reba ama yɛn.

Wɔ 1974 awiei mu no, Lloyd nsa kaa krataa fii Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ wɔ Brooklyn sɛ ɔmmɛsom wɔ Sodikuw no mu. Mfitiase no, misusuw sɛ: ‘Bere no anya aso. Esiane sɛ na Lloyd wɔ ɔsoro anidaso na mewɔ asase so anidaso nti, ɛrenkyɛ na yɛatetew mu. Ebia Lloyd begyaw me hɔ akɔ Brooklyn.’ Nanso mesakraa me nsusuwii ntɛm ara, na mifi me pɛ mu ne Lloyd tu kɔe wɔ March 1975 mu.

Nhyira Horow a Yenya Wɔ Adwumayɛbea Ti Hɔ

Bere a na Lloyd wɔ Brooklyn mpo no, na ne koma da so ara wɔ Japan, na bere nyinaa na ɔka osuahu ahorow a yenyae wɔ hɔ no ho asɛm. Nanso afei de na yɛanya hokwan sɛ yɛbɛtrɛw yɛn fekubɔ mu. Wɔde Lloyd dii dwuma yiye wɔ dantaban nsrahwɛ adwuma no mu wɔ ne mfe 24 a edi akyiri no mu, na ɛno ma otutuu akwan kɔɔ wiase nyinaa. Midii n’akyi wɔ wiase nyinaa akwantu no mu mpɛn pii.

Yɛn Kristofo anuanom a yɛkɔsraa wɔn wɔ aman afoforo mu no boaa me ma mihuu tebea horow a wɔn mu pii wom de yɛ adwuma. M’ani rempa Entellia, abeawa bi a na wadi mfe du a mihyiaa no wɔ Afrika atifi fam no anim da. Ná ɔdɔ Onyankopɔn din, na na ɔnantew dɔnhwerew biako ne fã kɔ Kristofo nhyiam san ba. Ɛmfa ho ɔtaa a ano yɛ den a Entellia abusuafo de baa no so no, ohyiraa ne ho so maa Yehowa. Bere a yɛkɔsraa n’asafo no, na kanea a ano nyɛ den biako pɛ na ɛsɛn ɔkasafo no atifi—a sɛ ɛnyɛ ɛno a, anka nhyiambea hɔ nyinaa bɛyɛ sum. Wɔ saa sum no nyinaa mu no, na ɛyɛ ahodwiriw sɛ wobɛte sɛ anuanom mmarima ne mmea no to dwom a ɛyɛ dɛ.

Yɛn asetram ade titiriw sii wɔ December 1998 mu bere a na me ne Lloyd ka nhyiamfo a wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ no Cuba no ho no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyee sɛnea anuanom no ani gyei sɛ wonyaa ebinom fii Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ ma wɔbɛsraa wɔn no ho! Sɛ mekae sɛnea mihyiaa adɔfo a wɔde nsi reyi Yehowa ayɛ no a, ɛma m’ani gye yiye.

Mewɔ Abotɔyam Wɔ Onyankopɔn Nkurɔfo Mu

Ɛwom sɛ mifi Australia de, nanso baabiara a Yehowa ahyehyɛde no de me bɛkɔ no, minya nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no ho dɔ. Saa na na ɛte wɔ Japan, na mprempren saa na ayɛ wɔ United States bɛboro mfirihyia 25 a madi wɔ ha no. Bere a mehweree me kunu no, na ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mɛsan akɔ Australia, na mmom sɛ mɛtra Brooklyn, baabi a Yehowa ama me dwumadi no.

Mprempren mewɔ me mfe 80 mu. Wɔ mfirihyia 61 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma mu akyi no, meda so ara wɔ ɔpɛ sɛ mɛsom Yehowa wɔ baabiara a ɔpɛ. Wahwɛ me so yiye ankasa. M’ani sɔ bɛboro mfirihyia 57 a me ne me dɔfo a na ɔdɔ Yehowa de trae no. Mewɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn, na minim sɛ Ne werɛ remfi yɛn adwuma ne ɔdɔ mmɔden a yɛabɔ wɔ ne din ho no.—Hebrifo 6:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae October 1, 1999, nkratafa 16 ne 17.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne maame wɔ 1956 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Lloyd ne Japanfo adawurubɔfo kuw bi wɔ 1950 mfiase mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Me ne me Bible suani a odi kan wɔ Japan, Miyo Takagi, wɔ 1950 mfiase ne 1999 mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me ne Lloyd rekyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ Japan