Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubu Wo Ho Dɛn?

Wubu Wo Ho Dɛn?

Wubu Wo Ho Dɛn?

NA ƆYƐ ɔhantanfo. Bere a onyaa aban dibea a ɛkorɔn no, sɛnea nkurɔfo hoahoaa no kamfoo no no maa ne tirim yɛɛ no dɛ. Nanso, nidi a ɛte saa a ɔpanyin foforo amfa amma no no hyɛɛ no abufuw kɛse. Nea ɛbɛyɛ na wɔatɔ ne so werɛ no, ɔpanyin ɔhantanfo no bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛtɔre nnipa a wɔne nea wayɛ ade atia no no fi abusua biako mu no nyinaa ase afi ahemman no mu. Ahomaso ntraso bɛn ara ni!

Otirisopamfo no ne Haman, a na ɔyɛ Persia hene Ahasweros ahemfie hɔ panyin paa no. Hena na na ɔne no anya asɛm no? Yudani bi a ne din de Mordekai. Ɛwom sɛ na Haman awudi adwene no yɛ nea ɛkɔ akyiri de, nanso ɛkyerɛkyerɛ asiane ne aniberesɛm a ɛwɔ ahantan a obi bɛyɛ no mu. Ɛnyɛ nsɛnnennen nko na n’ahantan su no de baa afoforo so, na mmom ekowiee no baguam animguase mu, na awiei koraa no, wokum no.—Ester 3:1-9; 5:8-14; 6:4-10; 7:1-10.

Nokware Asomfo Betumi Ayɛ Ahantan

Yehowa hwehwɛ sɛ yɛde ‘ahobrɛase ne yɛn Nyankopɔn bɛnantew.’ (Mika 6:8) Ankorankoro bi a wɔammrɛ wɔn ho ase ho nsɛm wɔ Bible mu. Eyi de ɔhaw ahorow ne awerɛhowdi na ɛbaa wɔn so. Saa nhwɛso yi bi a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn ma yɛahu agyimisɛm ne asiane a ɛwɔ adwene a ɛnteɛ mu.

Onyankopɔn diyifo Yona benyaa adwene a ɛnteɛ araa ma bere a Onyankopɔn somaa no sɛ ɔnkɔbɔ Niniwe abɔnefo no kɔkɔ wɔ Yehowa atemmu a ɛreba wɔn so ho no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obeguan. (Yona 1:1-3) Akyiri yi, bere a Yona asɛm a ɔkae no maa Niniwefo sakraa wɔn adwene no, ne bo fuwii. Na n’ankasa dibea sɛ odiyifo no hia no araa ma na Niniwefo mpempem pii no nkwa ho nhia no ahe biara anaasɛ enhia no koraa. (Yona 4:1-3) Sɛ yebu yɛn ho dodo a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebesusuw nnipa foforo ne nneɛma a ɛrekɔ so wɔ baabi a yɛte ho wɔ ɔkwampa so.

Susuw Usia a na ɔyɛ ɔhempa wɔ Yuda no nso ho hwɛ. Bere a obenyaa adwene a ɛnteɛ no, ofii ahantan mu bɔɔ mmɔden sɛ obegye asɔfo nnwuma ayɛ. Onyaa ahantan ne animtiaabu mu a ofi yɛɛ ade no so asotwe denam yare a ɛbɔɔ no, ne Onyankopɔn anim dom a ɔhweree so.—2 Beresosɛm 26:3, 16-21.

Ɛkaa kakra na anka adwene a ɛnteɛ sum Yesu asomafo no afiri. Anuonyam ne tumi a na wɔn ankasa hwehwɛ no gyee wɔn adwene kɛse. Bere a sɔhwɛ a emu yɛ den bere dui no, wogyaw Yesu hɔ guanee. (Mateo 18:1; 20:20-28; 26:56; Marko 9:33, 34; Luka 22:24) Ɛkaa kakra maa ahantan ne ahomaso maa wɔn werɛ fii Yehowa atirimpɔw ne n’apɛdeyɛ.

Nneɛma Bɔne a Ahomaso De Ba

Adwene a ɛnteɛ betumi ama yɛadi yaw, na ebetumi asɛe yɛne afoforo ntam. Sɛ nhwɛso no, ebia na yɛte dan bi mu, na yehu sɛ awarefo bi reka asomsɛm na wɔreserew. Sɛ yɛwɔ ahomaso su a, yebetumi anya adwene a ɛnteɛ sɛ wɔredi yɛn ho fɛw nti na wɔrekasa brɛoo saa no. Yɛn adwene remma yensusuw biribi foforo biara a enti wɔrekasa brɛoo no ho. Onipa foforo bɛn koraa na wobetumi aka ne ho asɛm? Yɛn bo betumi afuw na yɛasi gyinae sɛ yɛrenkasa awarefo no ho bio. Saa kwan yi so no, sɛnea yebu yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no betumi de ntawntawdi aba, na asɛe yɛne yɛn nnamfo, abusuafo, ne afoforo ntam abusuabɔ.

Wɔn a wobu wɔn ho dodo no betumi abɛyɛ wɔn a wɔde ɔdom akyɛde a wosusuw sɛ wɔwɔ, nnwuma, anaa wɔn agyapade, hoahoa wɔn ho bere nyinaa. Anaasɛ wobetumi atwa afoforo ano wɔ nkɔmmɔbɔ mu, na wɔaka wɔn ankasa ho nsɛm bere nyinaa. Ɔkasa a ɛte saa nkyerɛ nokware dɔ, na ebetumi ahyɛ abufuw yiye. Enti, nnipa a wɔhoahoa wɔn ho taa twe wɔn ho fi afoforo ho.—1 Korintofo 13:4.

Sɛ́ Yehowa Adansefo no, wobetumi adi yɛn ho fɛw na wɔapo yɛn wɔ asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ yɛn ankasa na wɔsɔre tia yɛn, na mmom Yehowa, yɛn asɛm no Fibea no. Nanso, adwene a ɛnteɛ a yebenya wɔ sɛnea yebu yɛn ho ho no, betumi de nsɛm a anibere wom aba. Mfe bi a abɛsen kɔ no, onua bi maa nsɛm a ofiewura bi kae yɛɛ no yaw, na ɔno nso kekaa bi kyerɛɛ no. (Efesofo 4:29) Ɛno akyi no, onua no anyɛ afie afie asɛnka bio. Yiw, ahantan betumi ama yɛn bo afuw wɔ asɛnka mu. Momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛremma ɛmma saa da. Mmom no, momma yemfi ahobrɛase mu nhwehwɛ Yehowa mmoa, na ama yɛakɔ so akyerɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛreyɛ Kristofo som adwuma no ho anisɔ.— 2 Korintofo 4:1, 7; 10:4, 5.

Sɛ yɛwɔ ahomaso su a, ebetumi ama yɛapo afotu a ɛho hia. Mfe bi a atwam wɔ Amerika Mfinimfini fam man bi mu no, abarimaa bi a wadu mpanyin afe so maa Teokrase Ɔsom Sukuu mu ɔkasa bi wɔ Kristofo asafo no mu. Bere a sukuu sohwɛfo no maa no afotu bi a emu yɛ den no, abarimaa a ne bo afuw no tow ne Bible kyenee fam fii Ahenni Asa no so a na n’adwene ne sɛ ɔrensi hɔ bio. Nanso, nna kakraa bi akyi no, ɔbrɛɛ ne ho ase, na ɔne sukuu sohwɛfo no siesiee wɔn ntam, de ahobrɛase gyee n’afotu no toom. Bere kɔɔ so no, saa aberante yi nyin bɛyɛɛ Kristoni a ne ho akokwaw.

Sɛ yɛyɛ ahantan na yebu yɛn ho dodo a, ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Mmebusɛm 16:5 bɔ kɔkɔ sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa, NW] akyide.”

Yɛn Ankasa Ho Adwene a Ɛfata a Yebenya

Ɛda adi pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho dodo. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma nea yɛyɛ anaa yɛka ho hia yɛn. Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ahwɛfo, asafo mu asomfo—nokwarem no, asafo no mufo nyinaa—ma wɔn anim yɛ duru. (1 Timoteo 3:4, 8, 11; Tito 2:2) Enti Kristofo bɛyɛ dɛn atumi anya ahobrɛase ne adwene a ɛfata, abu wɔn ho, na wɔakura mu?

Bible ma yɛn nhwɛso pii fa nnipa bi a wonyaa wɔn ankasa ho adwene a ɛfata na wokuraa mu ho. Yesu Kristo ahobrɛase yɛ nhwɛso a ɛda nsow. Nea ɛbɛyɛ na wayɛ N’agya apɛde na ɔde nkwagye abrɛ adesamma no, Onyankopɔn Ba no fii ne pɛ mu gyaw ne soro dibea a anuonyam wom no too hɔ bɛyɛɛ onipa a ɔba fam wɔ asase so. Ɛmfa ho ɔyaw, ayayade, ne animguase wu no, okuraa ahosodi ne nidi mu. (Mateo 20:28; Filipifo 2:5-8; 1 Petro 2:23, 24) Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi yɛɛ eyi? Ɔde ne ho too Yehowa so koraa, na osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Yesu suaa Onyankopɔn Asɛm denneennen, fii komam bɔɔ mpae, na ɔyeree ne ho wɔ ɔsom adwuma no mu. (Mateo 4:1-10; 26:36-44; Luka 8:1; Yohane 4:34; 8:28; Hebrifo 5:7) Sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi a ebetumi aboa yɛn ma yɛabu yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata so.—1 Petro 2:21.

Susuw Ɔhene Saul ba Yonatan nhwɛso pa no ho hwɛ. Esiane Yonatan agya asoɔden nti, ɔhweree hokwan a ɔwɔ sɛ obedi Saul ade sɛ ɔhene no. (1 Samuel 15:10-29) So Yonatan bo fuwii wɔ nea ɔhweree no ho? So n’ani beree Dawid, aberante a na ɔrebesi n’ananmu adi ade no? Ɛwom sɛ na Yonatan anyin sen Dawid pii, na ebetumi aba sɛ na ɔwɔ osuahu pii sen no de, nanso ofii ahobrɛase mu penee Yehowa nhyehyɛe so, na ogyinaa Dawid akyi nokware mu. (1 Samuel 23:16-18) Sɛ yɛte Onyankopɔn apɛde ase yiye na yenya ɔpɛ sɛ yebegye atom a, ɛbɛboa yɛn na ‘yɛannwen antra nea ɛsɛ sɛ yedwen.’—Romafo 12:3.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mfaso a ɛwɔ anidahɔ ne ahobrɛase so no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu kae sɛ sɛ n’asuafo no kɔ ayeforohyia ase a, wɔnnkɔtra “mpanyin trabea,” efisɛ obi a n’anim yɛ nyam sen wɔn betumi aba ase, na wɔn ani betumi awu denam trabea a ɛba fam a wɔbɛma wɔakɔtra no so. Bere a Yesu rema asuade no mu ada hɔ yiye no, ɔde kaa ho sɛ: “Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” (Luka 14:7-11) Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebetie Yesu afotu no na ‘yɛanya ahobrɛase adwene.’—Kolosefo 3:12; 1 Korintofo 1:31.

Adwene a Ɛfata so Nhyira

Sɛ Yehowa asomfo wɔ anidahɔ ne ahobrɛase su a, ɛma wonya anigye wɔ wɔn som adwuma mu. Sɛ mpanyimfo no fi ahobrɛase mu ‘yɛ nguan no brɛbrɛ’ a, wobetumi abɛn wɔn kɛse. (Asomafo no Nnwuma 20:28, 29, NW) Sɛ ɛba saa a, asafo no mufo nyinaa nya abotɔyam bere a wɔne wɔn rekasa, na wɔrehwehwɛ wɔn hɔ mmoa no. Asafo no nam saayɛ so betumi ayɛ biako wɔ ɔdɔ mu, na wɔanya wɔn ho mu ahotoso.

Sɛ yɛammu yɛn ho dodo a, ɛma yetumi nya nnamfo pa. Anidahɔ ne ahobrɛase remma yennya akansi honhom na yɛmmɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔanim asen afoforo wɔ nnwuma ne honam fam nneɛma mu. Saa su pa yi bɛboa yɛn ma yɛasusuw afoforo ho kɛse, na ama yɛatumi akyekye wɔn a wohia mmoa no werɛ, na yɛaboa wɔn. (Filipifo 2:3, 4) Sɛ ɔdɔ ne ayamye ka nkurɔfo koma a, wɔtaa yɛ wɔn ade yiye. Na so ɛnyɛ abusuabɔ a pɛsɛmenkominya nnim saa na ɛma wonya adamfofa a emu yɛ den? Hwɛ nhyira ara a ɛwɔ ahobrɛase so!—Romafo 12:10.

Sɛ yɛammu yɛn ho dodo nso a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegye yɛn mfomso atom bere a yɛafom obi no. (Mateo 5:23, 24) Eyi ma yenya abusuabɔ pa, na ɛma yɛne afoforo siesie yɛn ntam, na yenya obu ma yɛn ho yɛn ho. Sɛ wɔn a wɔyɛ ahwɛfo, te sɛ Kristofo mpanyimfo, wɔ ahobrɛase, na wɔma wɔn ani da hɔ a, wobetumi ayɛ nneɛma pa pii ama afoforo. (Mmebusɛm 3:27; Mateo 11:29) Ɛbɛyɛ mmerɛw ama ɔhobrɛasefo nso sɛ ɔde bɔne a afoforo yɛ tia no befiri wɔn. (Mateo 6:12-15) Ɔrenyɛ ade ntra so wɔ nneɛma nketenkete a osusuw sɛ afoforo yɛ tia no ho, na ɔde ne ho bɛto Yehowa so ma wasiesie nneɛma a wontumi mfa ɔkwan foforo biara so nsiesie no.—Dwom 37:5; Mmebusɛm 3:5, 6.

Nhyira kɛse a yebetumi anya denam yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ na yɛremmu yɛn ho dodo so no ne Yehowa anim dom. “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Ɛmmra sɛ yɛremmu yɛn ho dodo da. Mmom no, momma yemfi ahobrɛase mu nhu yɛn gyinabea wɔ Yehowa nhyehyɛe mu. Nhyira kɛse wɔ hɔ ma wɔn a wodu n’ahwehwɛde a ɛne sɛ wɔne ‘Onyankopɔn bɛnantew ahobrɛase mu’ no ho no.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Yonatan fii ahobrɛase mu gyinaa Dawid akyi