Onyaa Akyɛde No
Onyaa Akyɛde No
KIYOE a ɔkɔ ntoaso sukuu no kyerɛw brɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Japan no sɛ: “Eyi nyinaa ho aseda yɛ mo de.” Dɛn na ɔde ho aseda rema sɛɛ yi? Kiyoe nyaa akyɛde a ɛso sen biara nnansa yi wɔ ɔman no nsɛnkyerɛw ho akansi bi a Japan Traffic Safety Association yɛe bi mu. Nea ɛka akyɛde a ɛsom bo yi ho ne Sweden a wɔde no bɛkɔ.
Kiyoe kyerɛw de kyerɛɛ n’anisɔ wɔ nhoma pa ahorow pii a Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no atintim a ɔte nka kɛse sɛ ɛno na ɛboaa no ma odii nkonim no ho. Wɔ akansi yi akyi no, wagyina ne sukuu no anan mu wɔ ɔkasa ne nsɛnkyerɛw ho akansi pii mu. Ose: “Wɔ akansi yi pii mu no, wɔde asɛmti bi ma na sukuufo no yɛ asɛm no ho nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea. Nanso mede, ɛho nhia sɛ mehaw me ho saa. Minya nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ nhomakorabea a ɛwɔ fie no mu!” Ɔtoa so sɛ: “Sɛnea asɛmti no te biara, sɛ́ ɛyɛ ɔhaw a ɛfa onyin, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, amanaman ntam nkitahodi, anaa nkɔanim a obi ankasa benya ho no, ɛho nsɛm a emu dɔ taa yɛ nea ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma no mu.”
Nanso, ɛnyɛ nhoma ahorow no nkutoo na ɛboaa Kiyoe. Ose ntetee a onyae denam Yehowa Adansefo ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe ahorow no so no boaa no maa n’akenkan ne akyerɛw nyaa nkɔso, na eyi na ɛma ɔbɔɔ mmɔden kɛse wɔ akansi no mu no. Ogye tom sɛ: “Bere bi, na mepɛ sɛ minya sukuupɔn mu nhomasua ankasa. Nanso ɛhe na metumi anya ntetee a ɛte sɛɛ a manya yi?” Mprempren n’ani da so sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ adwuma de aboa afoforo ma wɔanya ntetee a wanya no mu mfaso. Bere a Kiyoe ani gye sɛ wanya nsɛnkyerɛw mu akyɛde no, ɔde ne koma asi nkwa akyɛde a obenya no so.—Fa toto Filipifo 3:14 ho