NYAN! No. 3 2019 | Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?

Efi tete na Bible aboa nnipa ama asi wɔn yiye. Wubetumi de emu afotusɛm a mfaso wɔ so no abɔ wo bra da biara da ma aboa wo.

Ɛyɛ Nhoma a Akyɛ Paa, Nanso Ɛso Wɔ Mfaso Nnɛ

Ebinom akenkan Bible de emu afotusɛm ayɛ adwuma. Ma yentie nea wɔn mu bi aka.

Sɛnea Yebenya Apɔwmuden

Bible mu afotusɛm ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn apɔwmuden ho hia yɛn paa.

Sɛnea Yebenya Suban Pa

Sɛ yesua sɛ yɛbɛhyɛ yɛn abufuw so a, ɛbɛboa yɛn paa.

Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne afoforo ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea yebetumi ayɛ ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ daa yɛde yɛn adwene si nea yebetumi anya afi wɔn hɔ so.

Sɛnea Yɛbɛtoto Yɛn Sikasɛm Yiye

Sɛn na Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ama woatoto wo sikasɛm yiye?

Sɛnea Yɛne Onyankopɔn Ntam Bɛyɛ Papa

Hwɛ sɛnea Onyankopɔn akwankyerɛ ne Bible mu afotusɛm betumi aboa wo ama wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa.

Nhoma a Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Wɔ Wiase

Akontaabu kyerɛ sɛ, sɛ yɛreka nhoma a nnipa dodow no ara wɔ bi a, ɛno ne Bible. Ɛno ara nso ne nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen nhoma biara.

Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu: Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?

Bible ma yenya afotusɛm a mfaso wɔ so a yɛde bɛbɔ yɛn bra da biara da.