Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 2 2017 | Ahonhonsɛm—Hena na Ɔhyɛ Akyi?

Ɛnnɛ, wohwɛ sini ne TV a, ahonhonsɛm na ahyɛ mu ma. Wubehu mmarima ne mmaa a wodi abayisɛm, ne nnipa a wɔnom nnipa mogya.

Wudwen ho sɛn? Obi betumi de agyigye n’ani kɛkɛ, anaa asiane bi wom?

“Nyan!” yi bɛma yɛahu nea enti a nkurɔfo ani gye ahonhonsɛm ho saa, ne nea ɔhyɛ akyi ankasa.

 

ASƐM A ƐDA SO

Ahonhonsɛm—W’ani Gye Ho?

Nnipa a wɔnom nnipa mogya, nnipa a wɔdan mpataku, nsamanfo, abayisɛm, ahonhommɔne a wɔkɔhyɛ nnipa mu—weinom ne ahonhonsɛm kakra a nkurɔfo ani gye ho no bi. Adɛn nti na nkurɔfo atu adi akyi saa?

ASƐM A ƐDA SO

Dɛn na Bible Ka Fa Ahonhonsɛmdi Ho?

Ɛwom sɛ nkurɔfo gye ahonhonsɛm ne asumansɛm ho kyim deɛ, nanso Bible kasa tia paa. Dɛn paa na Bible ka fa asɛm no ho, na dɛn ntia?

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Wowa Tumi Tu Kosi Baabi Pɛpɛɛpɛ

Dɛn na ɛwɔ wowa ho a nyansahufo pɛ sɛ wɔyɛ bi wɔ robɔt a etumi tu mu?

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Bere a Obi Maame Anaa ne Papa Awu

Sɛ obi maame anaa ne papa wu a, ɛyɛ ahometew paa. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ama wɔatumi agyina yaw a wɔbɛfa mu no ano?

Mmofra a Wɔredi Awerɛhow

Sɛn na Bible aboa mmabun mmiɛnsa ama wɔagyina wɔn busuani bi wu ano?

NSASE NE NNIPA

Spain Nsrahwɛ

Spain yɛ ɔman a ɛso nneɛma gu ahorow. Wokɔ hɔ a, wubehu sɛ asase no ne nnipa no nyinaa gu ahorow. Wiase nyinaa, Spain paa na yenya ngo a efi ngodua mu sen ɔman foforo biara.

BIBLE NO ADWENE

Krɔɔs

Nnipa pii bu krɔɔs sɛ ɛyɛ Kristofo ahyɛnsode. Yesu wuu wɔ Krɔɔs so anaa? Yesu asuafo no, na wɔde krɔɔs di dwuma wɔ wɔn som mu?

Wopɛ sɛ Wote Bible Ase?

Sɛ wopɛ sɛ wote Bible ase a, ɛnde hwɛ nea wuhia ne nea wunhia.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Adaemone Wɔ Hɔ Ampa?

Yɛka adaemone a, ɛyɛ henanom? Ɛhe na wofi?