Twi
NYAN! No. 2 2017
https://cms-imgp.jw-cdn.org/img/p/g/201704/TW/pt/g_TW_201704_lg.jpg
g17 nɔma 2

NYAN! No. 2 2017

Ɛnnɛ, wohwɛ sini ne TV a, ahonhonsɛm na ahyɛ mu ma. Wubehu mmarima ne mmaa a wodi abayisɛm, ne nnipa a wɔnom nnipa mogya.

Wudwen ho sɛn? Obi betumi de agyigye n’ani kɛkɛ, anaa asiane bi wom?

“Nyan!” yi bɛma yɛahu nea enti a nkurɔfo ani gye ahonhonsɛm ho saa, ne nea ɔhyɛ akyi ankasa.

 

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Adaemone Wɔ Hɔ Ampa?

Yɛka adaemone a, ɛyɛ henanom? Ɛhe na wofi?