Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ASƐM TO WO A, WOBƐYƐ DƐN?

Asɛm To Wo a, Wobɛyɛ Dɛn?

Asɛm To Wo a, Wobɛyɛ Dɛn?

WIASE mu a yɛwɔ yi, asɛm tumi to obiara; asɛm to ahiafo, asɛm to asikafo. Obi deɛ ba anɔpa, obi deɛ ba anadwo.

BIBLE KA SƐ:

“Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, na ɛnyɛ ahoɔdenfo na wodi nkonim ɔko mu, na ɛnyɛ anyansafo na wonya aduan, na ɛnyɛ nhumufo na wonya ahonyade, na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.”Ɔsɛnkafo 9:11.

Asɛm deɛ, ebetumi ato wo, na mmom sɛ ɛto wo a, nea wobɛyɛ wɔ ho ne asɛm no. Fa no sɛ:

  • Atoyerɛnkyɛm asɛe w’agyapade nyinaa.

  • Yarewuo bi abɔ wo.

  • Wo ho nipa bi awu.

Yehowa Adansefo na wotintim saa nhoma yi, na wogye di sɛ, asɛm to wo a, Bible betumi aboa wo ama woagyina. Bio nso ebetumi ama yɛanya anidaso. (Romafo 15:4) Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛma yehu saa.