Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nisuo—Ɛboa Wo Sɛn?

Nisuo—Ɛboa Wo Sɛn?

YƐWO akwadaa biara to hɔ a, osu. Onimdefo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ esu yɛ biribi a nkwadaa de kyerɛ sɛ wohia biribi. Enti sɛ yesu a, ɛkyerɛ sɛ ade ahia yɛn. Ɛnneɛ adɛn nti na sɛ yenyin a yesu, bere a yebetumi akasa?

Nneɛma pii nti na yɛte nisuo. Ebi ne awerɛhow, ahometew, yareɛ anaa adwennwene. Saa nso na anigyeɛ, ahotɔ, ne nkonimdi nso betumi ama yɛasere asu. Sɛ obi su na wugyina nkyɛn a, ebetumi asan wo. María kae sɛ: “Sɛ mihu sɛ obi resu a, sɛ dɛn na ɛyɛɛ no oo, sɛ dɛn na ɛyɛɛ no oo, wubehu ara na me nso meresu.” Ɛtɔ da nso a, sini bi a worehwɛ anaa nhoma bi a worekan betumi ama woasu.

Sɛ dɛn na ɛma yesu oo, sɛ dɛn na ɛma yesu oo, esu yɛ biribi a yɛnam so kyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ yɛte nisuo ketewaa bi koraa a, ɛma obiara hu nea ɛwɔ yɛn komam.” (Adult Crying) Nisuo ma obiara ho yera no. Fa no sɛ obi resu awerɛhow su. Sɛ wuhu a, yɛn mu dodow no ara ntumi nyi yɛn ani efisɛ ɛma yehu sɛ obi rehu amane. Sɛ ɛba saa a, yemia yɛn ani kyekye ne werɛ na yɛboa no.

Animdefo bi gye di sɛ esu boa yɛn ma ahometew ne yaw fi yɛn mu, na sɛ obi taa de nisuo hyɛ ne mu a, ebetumi ama no ayare. Ebinom nso kyerɛ sɛ, sɛnea esu ma yɛn ho tɔ yɛn wɔ nipadua ne adwene mu no, nyansahufo nhwehwɛɛ mu. Nanso nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wuyi mmea 100 a, emu 85 kyerɛ sɛ, sɛ wosu a, wɔn ho tɔ wɔn; mmarima 100 biara nso, emu 73 na wogye toom saa. Noemí ka n’asɛm sɛ: “Ɛtɔ da bi a, me ara mitumi hu sɛ, ɛsɛ sɛ misu. Sɛ misu wie a, migu ahome na mihu sɛ me ho abae me.”

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wuyi mmea 100 a, emu 85 kyerɛ sɛ, sɛ wosu a, wɔn ho tɔ wɔn; mmarima 100 biara nso, emu 73 na wogye toom saa

Nanso ɛnyɛ su nko ara na ɛma yɛn ho bae yɛn. Sɛ wusu na obi yɛ ho biribi a, ɛboa paa, ɛnkanka ne sɛ wakyekye wo werɛ; wuhu sɛ wo ho atɔ wo. Na sɛ wusu  na obiara amfii wo a, w’ani tumi wu na wote nka sɛ obiara mfa w’asɛm nyɛ asɛm.

Yɛreka yi, nneɛma pii wɔ esu ho a yennim. Nanso yenim sɛ esu yɛ biribi a Onyankopɔn de ama yɛn a ɛma nkurɔfo hu nea ɛwɔ yɛn komam.